Kwaku Agyenim Boateng

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwaku Agyenim-Boateng
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageKwaku Agyenim-Boateng Sesa
given nameKwaku Sesa
family nameBoateng Sesa
date of birth1 Obubuo 1972 Sesa
place of birthJinijini Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Bono Sesa
occupationAmanyɔni, lawyer Sesa
position heldMember of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atKwame Nkrumah University of Science and Technology, Anglia Ruskin University, University of London, Ghana Institute of Management and Public Administration Sesa
work locationBono Region Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election, 2008 Ghanaian general election, 2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Kwaku Agyenim-Boateng (wɔwoo no 1 Obubuo 1972) yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Berekum West mantam ananmu wɔ Brong-Ahafo Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1][2]

Nhomasua[sesa]

Ɔnyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ Nhyehyɛeɛ mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma mu wɔ afe 1997. Ɔkɔɔ ne Masters of Science wɔ Ɔmanfoɔ Nhyehyɛeɛ ne Adwumayɛ mu wɔ London Suapɔn mu wɔ afe 2008.[1] Ɔsan nso wɔ Post Graduate Certificate wɔ Mmara mu wɔ Anglia Ruskin Suapɔn mu, wɔ UK 2004 ne LLB (GIMPA) wɔ afe 2014 mu.[1]

Mfitiaseɛ nkwa[sesa]

Wɔwoo Boateng wɔ 1 Obubuo 1972, wɔ Jinijini kuro mu wɔ Bono Ɔmantam, afei Brong Ahafo Mantam.

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Boateng yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP)[3] no muni.Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmra Mmarahyɛbadwa no mu wɔ Ɔpɛpɔn 2009 mu wɔ berɛ a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔdi nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatoɔ no mu. Afei wɔsan paw no sɛ Mmarahyɛbadwa a ɛto so 6 ne 7. Odii n’asɔretiafoɔ no so nkonim wɔ abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 56.33% wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no akyi. Ɔsan dii nkonim wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu a ɔnyaa abatoɔ 11,245 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 47% berɛ a NDC mmarahyɛbadwani Dickson Kyere-Duah nyaa abatoɔ 10,296 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 43% na Independent kandifoɔ bi Derrick Obeng Mensah nyaa abatoɔ 2,395 10% wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[4] Na ɔyɛ kan Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Keteke Nkɔsoɔ so.[5]

Boayikuo[sesa]

Ɔyɛ Adwumayɛ, Asetena mu Yiedie ne Ɔman Nnwuma Boayikuo no muni na ɔsan yɛ Ohia a Wɔbɛtew Ho Nhyehyɛeɛ Boayikuo no mu ni.[6]

Adwuma[sesa]

Boateng yɛɛ adwuma sɛ nkɔsoɔ nhyehyɛeɛ ne Mmara dwumadie ho Ɔfotufoɔ firi1998 kɔsi afe 2008.[6]

N'abrabɔ[sesa]

Boateng yɛ Kristoni.[6]

Adɔeɛ[sesa]

Wɔ Ɔpɛpɔn 2020 mu no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ awoɔ dan na ɔde aduruyɛ nneɛma maeɛ ma Nkyekyemamu Akwahosan Asoɛe a ɛwɔ Berekum Atɔeɛ Mantam mu. Ɔsan nso de ayaresabea mpa, afiri a wɔde kari nneɛma, adwumayɛbea nkongua, television ne nea ɛkeka ho maa Amankwokwa Community-based Health Planning and Services.[7]

Ngyinasoɔ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 MPs (in American English), retrieved 2023-06-11
  2. NPP clears 26 for Bono Region parliamentary primaries - MyJoyOnline.com (in American English), 2020-03-11, retrieved 2023-06-11
  3. NPP Polling Stations Registration: Berekum West members accuse executives of registering their favorites - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-10-12, retrieved 2023-06-11
  4. Peace FM, 2020 Election - Berekum West Constituency Results, retrieved 2023-06-11
  5. Kojo Akoto Boateng (2017-11-17), Residents along Tema-Akosombo rail line will be ‘protected’ – Gov’t (in American English), retrieved 2023-06-11
  6. 6.0 6.1 6.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-11
  7. Berekum West MP commissions maternity ward for Nkyekyemamu community (in English), 2020-01-22, retrieved 2023-06-11