Kwabena Sarfo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kwabena Sarfo (wɔwoo no 29 Ɔpɛpɔn 1947) yɛ Ghana ɔmanyɔni.[1] Ɔgyina Offinso South amansin ananmu sɛ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ashanti Mantam mu no muni.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Sarfo wɔ Offinso kurotia bi a ɛwɔ Ashanti mantam mu . Ɔyɛ Kwame Nkrumah Sukuupɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma So no ade .[2] Onyaa Bachelor of Science abodin krataa wɔ Nhyehyɛe mu wɔ sukuupɔn no mu.[2]

Adwuma[sesa]

Sarfo yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ n’adwuma mu.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Sarfo sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua no berɛ a wɔkaa sɛ ɔdii nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatoɔ no mu na ɔkaa ntam wɔ 7 Ɔbɛnem 2001. Bere a owiee ne dibea a edi kan no, Ɔno na wɔsan paw no bere a wowiee afe 2004 Ghana Amansan Abatow no wɔ New Patriotic Party (NPP) tekiti so. Ɔsan fii n’adwuma ase wɔ January 2005 mu. Ná ɔyɛ mmrahyɛbaguani a ɔwɔ Offinso South mantam mu.[4]

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Sarfo sɛ mmrahyɛbaguani wɔ Offinso South mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so . Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 19,694 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 37,946 mu.[5] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 51.9% yɛ pɛ.[5] Wɔpaw no sen Adusei-Poku Daniel a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu, Asamoah Serwaa Baabara a ofi Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no mu, Desmond Osei Kwame a ofi Convention People's Party mu, Nsiah-Boateng Faibil a ofi Every Ghanaian Living Everywhere kuw no mu ne Joseph Akwasi-Kumah a ɔyɛ ahofadi ɔkannifo.[5] Eyinom nyaa abatow 202, 11,637, 148, 95 ne 6,170 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[5] Eyinom ne 0.5%, 30.7%, 0.4%, 0.3% ne 16.3% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[5]

Ankorankoro asetra[sesa]

Sarfo yɛ Kristoni.[6]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 481.
  2. 2.0 2.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 481.
  3. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 481.
  4. Ghana Parliamentary Register 2004-2008. Accra: The office of the parliament. 2004.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 128.
  6. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 481.