Kwabena Adusa Okerchiri

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Kwabena Adusa Okerchiri
MP ɛwɔ Nkawkaw
Bere
7 January 1996 – 6 January 2008
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufuor
OdikanfoJ.K Abankwa
AnanmusiniSeth Adjei Baah
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, Accra
N'adwumaLawyer

Kwabena Adusa OkerchiriGhana amanyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔte New Patriotic Party(NPP) akonnwa so ma Nkwakwa mpɛsoa a ɛwɔ Apueeɛ mantam mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwafie. Ɔtenaa mpɛsoa no akonnwa so ne mprensa soɔ wɔ mmarahyɛbadwafie firi Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu kɔsi mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan firi afe apem ahankron ne aduosia nsia (1966) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) mu.[1] Adjei Baah na ɛbetuu no.[2]

Ne mmofraberem[sesa]

Wɔwoo Kwabena wɔ afe apem ahankron ne aduosia (1960) mu na ɔfiri Apueeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ University of Ghana a ɛwɔ Ghana.

N'adwuma[sesa]

Kwabena Adusa yɛ adwuma sɛ mmaranimni.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔpɛnimma bosome wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996) Ghana abatoɔ mu na Adusa a ɔgyina maa New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo wɔ Nkwakwa mpɛsoa a ɛwɔ Apueeɛ mantam mu wɔ Ghana nyaa ne abatoɔ nkunimdie a adi kan. Ɔnyaa mma mpem dunwɔtwe, ahanu ne aduoson nkron(18,279) firii mma dodoɔ a na ɛyɛ mpem aduasa-nan, ne aduowɔtwe nsia(34,086) mu a na ne mma no gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan baako ne akyirepɔ aduanan(41.40%) berɛ a ne akansifoɔ Williams Bimpong Asante a ɔgyina maa National Democratic Congress(NDC) amanyɔkuo no nyaa mma mpem dubaako, ahanan ne aduosia(11,460) na Ebenezer Kese Antwi a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo no nso nyaa mma mpem nan, ahansia ne aduasa nan(4,634), El-Abdul-Hameed Sachibu a ɔgyina maa PNC amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanan ne aduonum nkron (459) na Kofi Frimpong nso a ɔyɛ DPP kuoba nso nyaa mma ahanu ne aduonum nan(254).[3]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Okerchiri yɛ Kristoni.[4]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. Nkawkaw NPP Retains Okerchiri (in English), retrieved 2022-08-21
  2. "List of MPs elected in the 2008 Ghanaian parliamentary election", Wikipedia (in English), 2020-07-11, retrieved 2022-08-21
  3. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Nkawkaw Constituency, retrieved 2022-08-21
  4. https://ghanamps.com/mp/dagmanyi-mpambi-george/