Kojo Yankah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Kojo Acquah Yankah
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Agona East
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
AnanmusiniKwaku Adu Yeboah
Ɛdɔm keseɛ4,731 (19.2%)
Ashanti Regional Minister
Bere
1998 – 4 November 1999
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
AnanmusiniSamuel Nuamah-Donkoh
Ne ho asɛm
Awo bere16 August 1945 (1945-08-16) (age 78)
Agona Duakwa, Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniSusan Roseline Esi Thompson (deceased)
Ekua Essandoh (deceased)
MmaEsi Yankah

Dr. Abena Yankah

Maame Yankah
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana

Kojo Acquah Yankah About this soundpronounciation of "Kojo Acquah Yankah" Ghana amanyɔni a na ɔka mmarahyɛbedwakuo a ɛdi kan wɔ Ghana berɛ a wɔde kabimamenkabi amamuo redi dwuma no a na ɔgyina hɔ ma Agona East abatoɔ mpɛsoa so a ɔnam Kyiniɛ amanyɔkuo NDC so na ɛkɔɔ mmarahyɛbadwam.[1]

Abrabɔ ahyɛase ne sukuu kɔ[sesa]

Yɛwoo Kojo wɔ kitawonsa bosome no da a ɛtɔ so du num wɔ afe apem ahankron aduonum nnan.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔhyɛɛ n'amanyɔsɛm nnwuma ase wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu berɛ a ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbedwam tetenanii ma kyimiɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" na ɔgyina hɔ ma ne mpɛsoa a ɛwɔ mfimfini mantam wɔ Ghana wɔ berɛ a ɔhyɛɛ afe apem ahankron ne aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ ase. Ɔdii nse tenaa akonnwa so wɔ mmarahyɛbedwa a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghanaɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson, afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa wɔ berɛ a yɛdaa no adi sɛ ɔno na adi nkunim wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu Ghana abatoɔ a yɛtoo no ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu. Berɛ a ɔsom mfeɛ nan wɔ n'aban mu wieeɛ no, ɔsane nyaa akonnwa no biom wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia abatoɔ no mu ma no sane tenaa akonnwa no so ne mprenusoɔ so a ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa,ahasa ne aduasa nsia firii mma dodoɔ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyirepɔn aduanan wɔ ne sɔretiafoɔ Yeboah Alex Duodo so a ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo "New patriotic party" kuoba ɔnyaa mma mpem nnwɔtwe, ahasia ne num a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduo nnwɔtwe mma firii mma dodoɔ a wɔtoo no mu, Kwaku James Mensah a ɔyɛ ekuoba wɔ"National Convention party" nyaa mma apem, ahannwɔtwe ne aduanan mmiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu nsia wɔ mma no nyinaa mu, Kofi Owusu a ɔyɛ ekuoba wɔ akokɔ amanyɔkuo"Convention people's party" nyaa mma ahaban ne aduoson a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔn aduasa wɔ mma dodoɔ a wɔtoo yɛ, Martin Kobina Nkum a ɔyɛ ekuoba wɔ ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" nyaa mma ahasa ne aduowɔtwe nkron a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔn aduasa wɔ mma dodoɔ wɔtoo yɛ no mu ɛna Kojo A. Yankah ɔyɛ ekuoba wɔ ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" annya mma no bi. Yɛtoo ne so aba biom wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron ne aduokron nson.[2]

Beaɛ A Me Nyaa Mmoa Firiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Ghana Parliamentary Register 1992-1996 Session". Ghana Parliamentary Register 1992-1996 Session.
  2. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Agona East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-21.