Kofi Brako

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Kofi Brako
Member of the Ghana Parliament
for Tema Central Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoNew
Ne ho asɛm
Awo bereSeptember 11, 1959 (1959-09-11) (age 64)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

kofi BrakoGhana amanyɔni na ɔyɛ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mmarahyɛbadwani a ɔgyina Tema Mfimfini Abatoɔ mpɛsoa no anan mu wɔ Nkran punpuni mantam no mu wɔ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) tekiti so.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Brako wɔ Ɛbɔ da a ɛtɔ so du-baako , afe Apem, Ahankron ne Aduonum-nkron(1959). Ɔfiri Akyem Bieni a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. Ɔnyaa ne Diploma wɔ (Freight Forwarding )mu wɔ (Zurich,Switzerland ), mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmeɛnsa (2013) mu.

Adwumayɛ[sesa]

Ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu no, na Brako yɛ (Teamwork Freight Services ) a ɛwɔ Tema no panyin.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Brako kɔɔ mmarahyɛbadwafieɔbɛnem da a ɛtɔ so nson, mfeɛ Mpem Mmienu nedu- mmeɛnsa. Ɔgyinaa Tema Mfimfini abatoɔ mpɛsoa no ananmu wɔ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP)tekiti so. Wɔ mma Mpem Aduanan-baako, Ahanum ne Aduɔwɔtwe-baako (41,581 ) a ɛbaeɛ wɔ abatoɔ no mu no , onyaa Mpem Aduonu-nwɔtwe, Aha-mmeɛnsa ne Aduasa-nan (28,334) a ɛno gyina hɔ ma mma no mu ɔha nkyekyem aduosia-nwɔtwe ne akyiri pɔ aduasa-baako(68.31%%) de dii nkonim wɔ nkondwa no so. Wɔsan paw no wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016 )mu sɛ ɔnkɔ so ntena mmarahyɛbadwa no mu mfeɛ nnan (4) bio.[3][4][5]

Wɔ mmarahyɛbadwa mu no, wasom wɔ abadwakuo ahodoɔ mu. Ebi ne; Akwan ne Kar Abadwakuo, Bɔbeasu ne Mmofra Abadwakuo ne Mmabun, Agumadi ne Amammerɛ Boayikuw.[6]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Brako aware a ɔwɔ mma baanan. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ(The Church Of Jesus Christ Of Latter Day Saint ) mu ni.[7]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  6. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  7. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03