Kofi Attor

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Kofi Attor
Member of Parliament for Ho Central Constituency
Bere
7 January 1993 – 6 January 2005
OdikanfoVicent Kofi Darkey-Mensah
AnanmusiniCapt (rtd.) George Kofi Nfodjoh
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Kofi Attor About this soundpronounciation of "Kofi Attor" Ghana amanyɔni ( wɔwoo no wɔ Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ afe apem aha nkono ne aduonum nan mu) ɛna ɔsan nso ka mmarahyɛbedwafie a ɛtɔso mmienu ne mmiɛnsa ho wɔ Ghana Adehyeman ɛtɔso nan ho maa Fraw mfimfini a ɛwɔ Fraw Mantam mu.

Nwomasua[sesa]

Ɔkɔ gyee nteteɛ wɔ institute of social studies a ɔnyaa ne M.A abodin krataa. Ɔsan towaa so wɔ Hague a ɛwɔ Netherlands na ɔwiee suapɔn wɔ Ghana sukuupɔn mu a ɔnyaa ne B.A wɔ amanyɔsɛm mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Attor yɛ National democratic Congress ba. Wɔtoo aba yii no kaa mmarahyɛbedwafie a edi kan ho wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔso nan ho wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔso nson mu afei Ɔdii nkunim wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ mu wɔ afe apem aha nkono ne aduokron mmienu mu.[1]

Ɔtoo ba maa no sɛ mmarahyɛbedwani ma Ho central abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ adehyeman ɛtɔso nan.[1]

Abatoɔ[sesa]

Wɔ afe apem aha nkonoo ne aduokono abatoɔ mu no, Ɔnyaa mma no mu mpem aduanan nkono, aha nokono ne aduokono nkono de firii mpem aduonum nnwɔtwe , ahanu ne aduowɔtwe mmienu a ɔkɔ too aba no mu a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduoson nan akyiripɔ du a ɛbroo Geoffrey Quarshie Dzomekun nyaa mpem mmienu, aha nkono ne edu nan, John N.KAkorli nyaa apem aha mmiɛnsa ne aduanan mmienu, Alex Osikr a ɔnyaa ah nsia ne aduasa nan ɛne Ofori Owusu a ɔnyaa aha mmiɛnsa ne aduokono mmiɛnsa no so.[2]

Wɔtoo ba maa no sɛ mmarahyɛbedwani ma Ho Central abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔmfie mpem mmienu abatoɔ mu.[1] Ɔdii nkunim wɔ abatoɔ no mu.[3] Na ne mpɛsoa no ka mmarahybedwa akonnwa du nson no de firi nkonnwa du nkono no mu a National Democratic Congress dii nkunim wɔ Fraw Mantam mu.[4]

National Democratic Congress amanyɔkuo no nyaa nkonnwa no mu aduokono mmienu wɔ mmarahyɛbedwafie de fii nkonnwa aha mmienu mu wɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan mu.[4] Ɔde mma no mu mpem aduasa nson, ɔha ne aduasa baako a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduonwɔtwe mmiɛnsa akyiripɔ aduasa.[3]

Ɔdii nkunim wɔ John N.K Akorli ma NPP, Eli Kotoku Eliikem ma CPP, Cousin Doamekpor ma NRP, Mathias Sinbad Adom ma UGM, Alfa Anas Hamidu ma PNC ne Stephen B.Ashun nkontɛkorɔ.[5]

Yeinom gyina hɔ ma mpem mmiɛnsa, ɔha nwɔtwe needu mmienu, mpem mmienu, ɔha mmienu ne aduonu mmienu, apem, ne aduanan nwɔtwe, aha mmienu ne aduasa nwɔtwe,ɔha ne edu ne hwee a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛ mu nwɔtwe ne akiripɔ aduosia, num ne akyiripɔ hwee, mmienu ne akyiripɔ aduasa, hwee ne akyiripɔ aduonum, hwee ne akyiripɔ aduonu ne hwee ne akyiripɔ hwee.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Na Ɔyɛ Nyamesomni

Biaeɛ a menyaa nsɛm no[sesa]