Kofi Amankwa-Manu

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Kofi Amankwa-Manu
Member of Parliament for
Atwima-Kwanwoma Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere11 April 1969
Atwima Foase
Ne man Ghanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaResearch Assistant
CommitteesGender and Children Committee; Food, Agriculture and Cocoa Affairs Committee

Kofi Amankwa-ManuGhana amanyɔni a ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party - NPP) no muni.[1][2] Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Atwima-Kwanwoma Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[3]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Amankwa-Manu wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ so dubaako (11) afe 1969 na ofiri Atwima Foase a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Onyaa ne O-Level adansedie krataa (GCE Ordinary Level) wɔ afe 1989 mu ne ne O-Level adansedie krataa (GCE Advanced level) wɔ afe 1991. Ɔsan nyaa ne BSc abodin krataa wɔ Sikakorabea ne Sikasɛm (BSc in Banking and Finance) mu wɔ afe 2012 ne ne LLB wɔ afe 2015.[4]

Adwuma[sesa]

Amankwa-Manu yɛɛ adwuma wɔ ɔmanpanyin adwumayɛbea sɛ Nkɛntɛnso Nhwehwɛmu Dwumadibea no Titenani (Head of Impact Assessment Unit) wɔ ɔmanpanin Nana Akufo-Addo bere a edi kan (first term) sɛ Ghana ɔmampanyin no mu.[1] Na ɔyɛ nhwehwɛmu boafo (research assistant) wɔ Fonaa Asoɛe (Fonaa Institute). Ɔsan nso yɛ Waltons Limited adwumakuw no panyin (Chief Executive Officer - CEO).[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ansa na afe 2020 abatoɔ no reba no, Amankwa-Manu hyɛɛ akansi a ɛfa mmarahyɛ badwa no mu wɔ NPP primaries mu wɔ Atwima-Kwanwoma Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu.[5][6][7][8]bosome Ayɛwohomumɔ afe 2020 mu no odii nkonim wɔ primaries a wɔyɛ maa Atwima-Kwanwoma Atwima-Kwanwoma Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no mu bere a odii mmarahyɛbadwani a ɔwɔ hɔ mprempren Kojo Appiah Kubi a na wayɛ mmarahyɛbadwani mprɛnsa na wakɔ mmarahyɛbadwa mu fi bosome Ɔpɛpɔn afe 2009 no so nkonim akyi.[9][10] Odii nkonim denam amba 415 a onyaeɛ bere a deɛ ɔdi tumi no nyaa abatoɔ 69.[11]

Wɔpaw Amankwa-Manu sɛ mmarahyɛbadwani maa Atwima-Kwanwoma Mmrahyɛbadwam mpɛsoa wɔ afe 2020 bosome Ɔpɛnimma mmarahyɛbadwa abatow mu. Wɔpaee mu kae sɛ w'adi nkonim wɔ mmarahyɛ badwa abatow no mu bere a onyaa amba 78,209 a egyina hɔ ma 83.78% tiaa nea ɔbɛn no paa a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) kandifo Grace Agyemang Asamoah[5] a ne mu no nyaa amba 14,730 a egyina hɔ ma 15.78%.[12]

Boayikuw ahorow[sesa]

Amankwa-Manu yɛ Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuw no muni (member of the Gender and Children Committee) na ɔsan yɛ Aduan, Kuadwuma ne Kokoo Nsɛm Boayikuw no muni (member of the Food, Agriculture and Cocoa Affairs Committee).[4]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Amankwa-Manuyɛ Kristoni.[4]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 "'I'll provide meaningful devt if...'". Ghanaian Times (in English). 2020-02-29. Retrieved 2021-01-06.
  2. Nartey, Laud (2020-09-11). "Adopt modern agric practices – NPP PC". 3NEWS (in American English). Archived from the original on 2020-12-23. Retrieved 2021-01-06.
  3. FM, Peace. "Atwima Kwanwoma Constituency Results – Election 2020". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2021-01-06.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-04-15.
  5. 5.0 5.1 "Parliamentary Aspirants Pledge Peace In Polls". The Chronicle Online (in American English). 2020-12-03. Archived from the original on 2020-12-03. Retrieved 2021-01-06.
  6. Quaye, Samuel. "NPP must rally grassroots support for victory in 2020 – Aspirant". www.gna.org.gh (in English). Archived from the original on 2022-08-05. Retrieved 2021-01-06.
  7. "NPP primaries: Deputy Speaker, Majority Leader, 12 others go unopposed". MyJoyOnline.com (in American English). Retrieved 2021-01-06.
  8. "NPP Primaries; Atwima Kwanwoma Is A Constituency To Watch". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-01-06.
  9. "List of 'fallen' MPs after NPP parliamentary primaries". Citinewsroom – Comprehensive News in Ghana (in American English). 2020-06-20. Retrieved 2021-01-06.
  10. FM, Peace. "2020 Election – Atwima Kwanwoma Constituency Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2021-01-06.
  11. "#NPPDecides: 10 incumbent MPs in Ashanti Region lose primaries". Citinewsroom – Comprehensive News in Ghana (in American English). 2020-06-21. Retrieved 2021-01-06.
  12. FM, Peace. "Atwima Kwanwoma Constituency Results – Election 2020". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2021-01-06.