Kofi Ahenkorah Marfo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Kofi Ahenkorah Marfo
Member of Parliament
for Achiase Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Kofi Ahenkorah Marfo

26 April 1968 (1968-04-26) (age 55)
Akim Bieni, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaManaging Director
CommitteesPrivileges Committee; Roads and Transport Committee

Kofi Ahenkorah MarfoGhana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Achiase (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa) a ɛwɔ Apueɛ Mantam no ananmu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[1][2] Mprempren ɔyɛ Metro Mass Transit Limited Boayikuw no Titenani (Board Chairman).[3][4][5]

Ne mmofraase abrabɔ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Marfo wɔ 26 Oforisuo 1968 na ɔfiri Akim Bieni wɔ Apueeɛ mantam mu. Ɔwiee ne Junior Secondary School Certificate wɔ afe 1981 mu na ne GCE O level wɔ afe 1986. Akyiri yi onyaa ne Proficiency Certificate wɔ amanneɛbɔ dan adwumayɛbea (custom house agency) mu wɔ afe 2000 mu ne ne Executive certificate wɔ afe 2013. Ɔsan nyaa ne Executive Masters wɔ afe 2014 mu.[1]

Adwuma[sesa]

Marfo yɛ KAM-G Services Limited ne KAMPHA Logistics Limited no sohwɛfoɔ (Managing Director).[6]

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Marfo yɛ NPP muni na mprempren ɔyɛ MP ma Achiase Constituency wɔ Apueeɛ mantam mu . Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu a ɔnyaa abatoɔ 14,796 a ɛyɛɛ 61.16% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛbadwa mu ɔkannifoɔ Kwasi Akyem Apea-Kubi nyaa abatoɔ 9,154 a ɛyɛɛ 37.84% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ne GUM mmarahyɛbadwa kandifoɔ Christiana Yeboah nyaa abatoɔ 243 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 1%.[7][8][9]

Boayikuo[sesa]

Marfo yɛ Hokwan boayikuo no muni na ɔsan yɛ Akwan ne Kar Boayikuo no muni.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Marfo yɛ Kristoni.[6]

Adɔyɛ[sesa]

Marfo de nwi dryers 16, bus foforo mmienu (2), mfiri foforo 70 a wɔde pam ade ne sika a ɛyɛ Ghana cedis 10,000 mae sɛ sika a wɔde bɛma asuafo 20 a wɔwɔ tertiary level wɔ Achiase.[10]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-17.
  2. "Final results of Ghana election 2020: Presidential Election Ghana Results update from Electoral Commission of Ghana Headquarters - BBC Pidgin". BBC News Pidgin. Retrieved 2022-08-17.
  3. "Metro Mass Gets New Board – Metro Mass Transit" (in American English). Archived from the original on 2022-05-18. Retrieved 2022-08-17.
  4. Online, Peace FM. "Bring Your Expertise To Bear To Turn Around Metro Mass Transit – Transport Minister Charges Board". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 2022-08-17.
  5. admin (2021-09-20). "Use your expertise to turn around fortunes of MMTL-Minister". Ghanaian Times (in American English). Retrieved 2022-08-17.
  6. 6.0 6.1 "Marfo, Kofi Ahenkorah". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-17.
  7. FM, Peace. "Achiase Constituency Results - Election 2020". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2022-08-17.
  8. FM, Peace. "2020 Election - Achiase Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2022-08-17.
  9. "Achiase Summary - 2020 Elections". www.modernghana.com. Retrieved 2022-08-17.
  10. "Achiase MP Donates 70 Sewing Machines And Cash To Boost Lives Of His Constituents". AHENKAN FM 93.3 AKYEM ABOABO-GH (in American English). Archived from the original on 2022-08-15. Retrieved 2022-08-17.