Achiase (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wɔtee Achiase(About this soundpronunciation of"Achiase")  mpɛsoa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu aberɛ a wɔreto Ɔpɛnimaa aba no. Robert Kwasi Amoah(kyerɛkyerɛni) a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party ne Dr. Kwasi Akyem Apea-Kubi(ɔhwɛ mma awodeɛ mu) a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɛpere mmarahyɛbedwan akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu a Robert Kwasi Amoah na ɔdii nkunim. Wɔnya mpɛsoa no wɔ berɛ wɔtee wɔn ho firii Akim Swedru mpɛsoa, a ɛbɛyɛ Achiase mpɛsoa ne Akim Swedru mpɛsoa. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ mu no, Robert Kwasi Amoah a na ɔte akonnwa no so no sane tenaa so biom wɔ mmarahyɛbedwafie berɛ a ɔne S.Y Kwakye(Ɔhwɛ sikasɛm mu) pere akonnwa no.[1] ɛrekɔ Mfeɛ mpem mmienu ne aduonu abatoɔ nom no, Mr Robert Amoah hweree akwanya a ɔde bɛpere mmarahyɛbedwafoɔ akonnwa wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party aporɔbɔ de maa Kofi Ahenkorah Marfo(Ɛnkane ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mpɛsoa titinanii). Me Marfo dii nkunim wɔ abatoɔ nom de bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii a ɔmaa Dr Kwasi Akyem Apea-Kubi dii ntwo a ɛyɛ ne mperɛ nan so nie( 2000, 2008,2012,2020) a wɔsusu sɛ ɛwɔ sɛ ɔdi nkunim.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)