Joseph Darko Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Joseph Darko Mensah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJoseph Sesa
date of birth22 Ogyefuo 1942 Sesa
date of death16 Kotonimma 2011 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, engineer Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast, Kwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Joseph Darko-Mensah (Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ aduonu mmienu mu wɔ afe apem ahankron ne aduanan mmienu (1942) de kɔpem kɔtɔnimaa da a ɛtɔ so du nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (2011) mu no ɔdii dwuma sɛ Ghana amanyɔni ne mmaranimni a ɔyɛ ɛkuoba ma mmarahyɛbɛdwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.Ɔgyinaa mu maa Okaikwei North mpɛsua a ɛwɔ Nkran pumpuni Mantam mu de maa Osono Amanyɔkuo NPP mu.

Amanyɔsɛm nnwuma[sesa]

Ɔyɛ mmarahyɛbadwam kuoba[sesa]

Darko Mensah hyɛɛ ne dwumadie ase sɛ mmarahyɛbɛdwani wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997) ne mfeɛ mpem mmienu ne baako (2011) mu wɔ berɛ a ɔdii nkonim wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996) ne mfeɛ mpem mmienu (2000) wɔ mmarahyɛbɛdwa abatoɔ mu no ɔnyaa mma dodoɔ a na ɛyɛ 33,067 wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ghana ne mma 36,511 wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) abatoɔ mu wɔ berɛ a ɔgyinaa mu maa Ɔsono Amanyɔkuo (NPP).[1]Ɔdanee akwonnwa no maa Madam Elizabeth K.Tawiah Sackey wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu wɔ berɛ a Ghana too aba no.

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia mmarahyɛbɛdwam abatoɔ (1996 parliamentary elections).[sesa]

Wɔtoo aba maa Darko Mensah sɛ mmarahyɛbɛdwani de ma Okaikwei North abatoɔ mpɛsua so wɔ Nkran Pumpuni mantam mu wɔ Ghana,Ɔbɛyɛɛ ɛkuoba wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ Kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.[2][3]Ɔdii nkonim a mma a Ɔnyae nyinaa yɛ 34,641 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa num ne akyiripɔ aduonu (35.20%) de kyɛɛn nakansifoɔ a deɛ ɔdi kan ne Philip Kwame Agbeyome a ɔgyinaa mu maa National Democratic Congress Amanyɔkuo a ɔnyaa mma no mu 33,067 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa mmiɛnsa ne akyiripɔ aduonum (33.50%),Kwaku Oteng Anane nso a ɔgyina maa Convention peoples Party Amanyɔkuo no nso nyaa mma no mu 5,697 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu num ne akyiripɔ aduowɔtwe (5.80%),Abdullah Nii Armah nso a ɔgyinaa mu maa People's National Convention Amanyɔkuo no nso nyaa mma no mu 3,193 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu mmiɛnsa ne akyiripɔ aduonu (3.20%) ne Mohammed Saleh Sinare a ɔgyinaa mu maa National Convention Party Amanyɔkuo no nso nyaa mma no mu 474 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ aduonum (0.50%).

Mfeɛ mpem mmienu mmarahyɛbɛdwa abatoɔ (2000 Parliamentary Elections)[sesa]

Ɔsan nyaa Okaikwei mmarahyɛbɛdwam akonwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu mu (2000) wɔ Ghana mmarahyɛbɛdwa abatoɔ no mu. Ɔnyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum num ne akyiripɔ aduonum (55.50%) firii mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu.Darko- Mensah ne afoforɔ na ɛperee akonwa no ɛbi firi National Democratic Congress Amanyɔkuo mu a Owurayere Mawuenyenga Sally Okauleyna gyinaa mu maa NDC amanyɔkuo no,ɛbi nso firi People's National Convention (PNC) a ɛyɛ Awuraa Alhajia Salamatu Ali-Lawal gyinaa mu maa saa amanyɔkuo no,ɛbi nso ne National Reform Party (NRP) amanyɔkuo a Owura Barikisu Shardow Shahad gyinaa amanyɔkuo no anan mu ne Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo a Owura Reindorf Nii Kwao Mettle gyina maa saa amanyɔkuo yi. Mma a wɔtoeɛ no nyinaa yɛ 65,742. Owura Darko-Mensah nyaa mma no mu 35,611 de kyɛɛn Owurayere Okailey,mma a ɔde twee Owurayere Okailey mu no yɛ 12,045. Owurayere Okailey nyaa mma no 24,466 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nson ne akyiripɔ aduonu (37.20%).Amanyɔkuo nkae no ne wɔn mma wɔnyae no na ɛdidisoɔ yi ; PNC amanyɔkuo  nyaa mma no mu 2,268, NRP amanyɔkuo nyaa mma no mu 1,328 ɛna CPP amanyɔkuo nso nyaa mma no mu 1,169.[4]

Bere a ɔde amnyɔsɛm baa awieɛ[sesa]

Joseph Darko-Mensah gyae amanyɔsɛm na ɔhyɛɛ ne mmara dwumadie ase wɔ berɛ a Ɔsono Kokuroko amanyɔkuo (NPP) yii no firii amanyɔkuo no mu a na wɔn nnyinasoɔ ne sɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no wɔgyedi sɛ Owura Joseph Darko anni nokware amma amanyɔkuo no.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/greateraccra/
  2. http://www.ghanareview.com/parlia/GreaterAccra.html
  3. https://www.modernghana.com/news/64543/mp-escapes-attack.html
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/greateraccra/
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/NPP-Sacks-Former-MP-78572