Joseph Albert Quarm

Ɛfi Wikipedia
Hon. Prof.
Joseph Albert Quarm
Member of Parliament for Manso Nkwanta Constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Joseph Albert Quarm

7 May 1975 (1975-05-07) (age 48)
Manso Nsiana, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaLand Advocate, Research Scientist and Mining Consultant

Joseph Albert Quarm a nnipa pii no ara frɛ no Prof. Quarm yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu mmarahyɛbadwani a ɔgyina Manso-Nkwanta Mansin ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) tekiti so.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Quarm wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so nson, afe Apem, Ahankron Aduɔson-num(1975) wɔ Manso Nsiana beaeɛ a ɔfiri wɔ Ghana Ashanti Mantam mu no. Ɔwɔ BSc, MPhil ne PhD abɔdin krataa wɔ Abɔdeɛ a Nkwa Wom Nyansahu mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛwɔ Kumasi, (KNUST) no mu.[1][2]

Adwumayɛ[sesa]

Quarm yɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Vicande Sukuu no mu firi afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron-nsia (1996) de kɔsi afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron-nwɔtwe(1998). Ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ (Central Gold African Ghana Limited )sɛ obi a ɔhwɛ nkrɔfoɔ atenaeɛ ho nsɛm so (Environmental Officer) wɔ Mfeɛ Mpem Mmienu ne Nson(2007). Ɔsan nso yɛɛ Prof Quarm Publications Limited baanodani firi afe Apem Ahankron ne Aduɔkron-nsia(1995) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016 )ne baanodani nso wɔ (Prof Quarm Health Complex firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmienu (2012 ) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016). Ɔsan nso dii dwuma sɛ Ɔbenfoɔ Quarm Bɔɔlbɔ Kuo no kwankyerɛfoɔ ne Ɔbenfoɔ Quarm Construction Limited kwankyerɛfoɔ panin.[1][2]Ɔyɛ asase ho ɔbenfoɔ, asase ho ɔkamfofoɔ, nhwehwɛmu , nyansahufoɔ ne ɔfotufoɔ a ɔhwɛ fagudeɛ so.

Wɔ Kitawonsa da a ɛtɔ so nson, mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020 ) mu no, Suapɔn abadwakuo a ɛwɔ Kwame Nkrumah Suapɔn no mu no paw no sɛ Kwame Nkrumah Suapɔn(KNUST) Fapem no Titenani foforo a ɔde mfeɛ 2 bɛyɛ adwuma. [3] .

Adɔyɛ[sesa]

Wɔ Yawda, Ɔpɛnimaa da a ɛdi kan wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020 ) mu no, Ghana Ɔmanpanyin, H. E. Nana Addo Darkwa Akufo-Addo hyɛɛ adwuma sɛ wɔnyɛ Prof. Quarm ayaresabea a ɛbɛfa mpa ɔha wɔ Manso Nsiana wɔ Amanseɛ Atɔeɛ Mansini a ɛwɔ Ashanti mantam mu no mu. [4]

Wɔde nwomasua nneɛma a ne boɔ yɛ cidi Mpem Ahanan (¢400,000) maa Otumfour Osei Tutu II Foundation sɛ wɔmfa mma nwomasua pa nkɔ anim wɔ Prof. Quarm Publications so wɔ Ayɛwohomumɔ, mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu-Mmienu (2022). [5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Quarm yɛ ɔsono kokroko Amanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) no mu ni. Ɔyɛ kane mmarahyɛbadwani ma Manso Nkwanta abatoɔ mpɛsoa no wɔ Ashanti Mantam mu.[2][6][7] Wɔ Ayɛwohomumɔ , mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-num(2015) . Ɔdii nkonim wɔ NPP primaries mu tiaa Grace Addo a na ɔyɛ Manso Nkwanta Abatoɔ mpɛsoa no Mmarahyɛbadwani saa berɛ no. Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016) Ghana amansan abatoɔ mu no, Quarm dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu a ɔnyaa mma Mpem Aduasa-mmienu, ɔha ne Aduanan (32,140) na ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem Aduɔwɔtwe mmeɛnsa ne akyiri pɔ aduonu-nsia (83.26% ) wɔ mma a wɔtoo no nyinaa mu, berɛ a Kyiniiɛ amanyɔkuo( National Democratic Congress-NDC) mmarahyɛbadwa mu ɔpɛfoɔ Alex Kwame Bonsu nyaa mma no mu Mpemnum, Ahanum ne Mmeɛnsa (5,503 ) a na ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem Du-nan ne akyiri pɔ aduonu-nsia ( 14.26%) wɔ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu.[8]

Wɔ Ayɛwohomumɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020 ) mu wɔ New Patriotic Party (NPP) mmarahyɛbadwa primaries mu no, ɔhweree party tekiti a ɔde bɛkɔ so atena mmarahyɛbadwa akondws no so sɛ Mmarahyɛbadwani no wɔ amansan abatoɔ a na ɛreba wɔ Ɔpɛnimaa , mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020) no mu. Ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a ɔdi tumi saa berɛ no wɔ Manso Nkwanta Abatoɔ mpɛsoa no so. [9]

Galamsey Nsɛmsɛm[sesa]

Berɛ a Ɔmampanyin Nana Addo Darkwa Akufo-Addo hyɛeɛ ma wɔde tabono too (galamsey)so sɛ mmara mma ho kwan no, wɔ ɔman no mu nyinaa, Quarm yɛɛ n'afa mu deɛ de boa maa aban nhyehyɛeɛ tii pi de kyerɛɛ hia a ɛhia sɛ wɔbɔ nsuo ne nsase a wɔtumi dua so nnɔbaeɛ no ho ban ɛmfa ho sɛ Ɔmanpanin no adeyɛ no kaa nnipa a wɔte Amanseɛ Atɔeɛ a ɛwɔ Manso Nkwanta Mansin a ɛwɔ Ashanti mantam mu. [10]Ɔsan sii so dua sɛ, ɔhweree primaries ɛsiane ne ko a ɔko tiaa galamsey a mmara mma ho kwan wɔ ne mansin mu nti.[9]

Wɔ krataa a ekura nkratafa 36 a kane soafoɔ a na ɔhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, nyansahu ne mfididwuma so twerɛeɛ a ɛfa nneɛma nketewa a wotu fi fam a mmara mma ho kwan wɔ Ghana a wɔsan frɛ no galamsey ho no, wɔbɔɔ Quarm din sɛ ɔne aban mpanimfoɔ afoforo de wɔn ho hyɛ nneɛma nketewa a mmara mma ho kwan mu.[11][12] Ɔmanpanyin adwumayɛbea no wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu akyerɛ sɛ, krataa a nkratafa 36 no ayɛ ma na nsɛm a wɔte ahyɛ mu ma na wɔamfa adanseɛ biara amma a ɛkyerɛ sɛ nsɛm a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ.[13] Enti, wontumi nhwehwɛ saa nsɛm ne nsɛm a wɔte yi mu.

Agya Owusu bɔɔ Quarm somboɔ sɛ ɔtɔn tumi krataa a wɔde tu fam agudeɛ maa no a akyire yi ɛdaa adi sɛ ɛyɛ mmara so bu ɛsiane sɛ beaeɛ a wotu fam agudeɛ no bɛn asubɔnten bi nti. Asraafo mpanimfoɔ kɔto hyɛɛ Agya Owusu beaeɛ so hyee ne nnwinnadeɛ ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ tumi krataa a wɔde tu fam agudeɛ.[14] Asanti Mantam (Ghana National Association of Small Scale Miners ) nso bɔɔ no somboɔ sɛ wagye beaeɛ bi a wɔde asi hɔ ama mpɔtam hɔ atom adwuma bi ɛnam ne nkɛntɛnsoɔ a ɔde dii dwuma sɛ (Minerals Commission) no abadwakuo no mu ni.[15] Wɔ Oforisuo 21, Mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu-mmeɛnsa(2023) wɔ nsɛmbisa mu wɔ JoyFM’s Midday news mu no, Quarm bɔɔ nsɛm a wɔkaeɛ sɛ ɔwɔ mining concessions wɔ ne din mu no guiɛ . Ɔkyerɛɛ sɛ wɔregu ne din ho fi.[16][17][18]

Wɔ Ayɛwohomumɔ,mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu-mmeɛnsa( 2023) mu no, Quarm de Ɔbenfo Frimpong-Boateng kɔɔ asɛnnibea sɛ ɔbɔɔ ne din ase hwehwɛɛ sɛ wɔmma no kwan a ɛbɛma wakɔka nsɛm foforoɔ afa ne somboɔ adoɔ no ho.

Nidie.[sesa]

Wɔ Oforisuo 2022 mu no, West Africa International Press Limited de Heroes of Distinction Award hyɛɛ Quarm anuonyam.[19]

Nsɛmnsɛm[sesa]

Wɔ afe 2016 mu no, Quarm kaa wɔ ne nwoma ‘Natural Science for Primary Schools – Pupil’s Book 1,’ mu sɛ wɔde onipa ti soa nnesoa. Kofi Bentil, IMANI Ghana Ɔmampanyin Abadiakyiri ne wɔn a wɔde social media di dwuma a ɔkae sɛ wonyi nhoma ahorow no mfi mfitiase sukuu ahorow mu no kasa tiaa no.[20] Nnomasua Dwumadibea no yii asɛm bi adi kyerɛɛ sukuu ahorow a ɛwɔ Ghana sɛ ɛnsɛ sɛ wɔboa nhoma no.[21]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Quarm yɛ Kristoni.[1]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Joseph Albert Quarm, Biography, retrieved 2023-10-02
  2. 2.0 2.1 2.2 Quarm, Joseph Albert (in American English), retrieved 2023-10-02
  3. Peace FM Online, Hon. Joseph Albert Quarm Appointed As Chairman Of KNUST Foundation, retrieved 2023-10-03
  4. Akufo-Addo commissions 100-bed specialised Prof. Quarm Hospital (in English), 2020-12-05, retrieved 2023-10-03
  5. Prof Quarm Publications donates educational materials to support Otumfour Foundation - MyJoyOnline.com (in American English), 2022-06-24, retrieved 2023-10-03
  6. Amansie West NPP Primaries: Aspirant pledges to provide sustainable jobs for constituents - MyJoyOnline.com (in American English), 2020-02-28, retrieved 2023-10-03
  7. Gertrude Okyere (2021-04-26), I’m ready to help end 'galamsey' – Former MP - Adomonline (in American English), retrieved 2023-10-03
  8. Peace FM, 2016 Election - Manso Nkwanta Constituency Results, retrieved 2023-10-03
  9. 9.0 9.1 Peace FM Online, NPP Primaries: SHOCKING Results, Incumbent MPs Humbled; Dropped By Delegates Like Flies, retrieved 2023-10-03
  10. Peace FM Online, I Am Not Against Mining In Amansie West, But . . . - Albert Quarm Tells Constituents, retrieved 2023-10-03
  11. All the big names listed as galamsey ‘culprits’ in Prof. Frimpong’s report (in English), 2023-04-21, retrieved 2023-10-03
  12. Lord Commey, Nii Teiko, ex-NPP MP, NDC MP cited in Frimpong Boateng’s galamsey report (in English), 2023-04-20, retrieved 2023-10-03
  13. Allegations contained in Prof Boateng's report are at best hearsay - Government - MyJoyOnline.com (in American English), 2023-04-22, retrieved 2023-10-03
  14. Former Nkwanta MP sold me the concession – Man whose mining equipment were burnt (in English), 2023-04-25, retrieved 2023-10-03
  15. Prof. Quarm cannot run away from galamsey report - GNASSM Ashanti spills more secrets (in English), 2023-04-24, retrieved 2023-10-03
  16. 'I don't even have a single concession, he's only tarnishing my image' – Former Manso Nkwanta MP (in English), 2023-04-23, retrieved 2023-10-03
  17. Prof Boateng must back allegations against me with evidence – Albert Quarm - MyJoyOnline.com (in American English), 2023-04-22, retrieved 2023-10-03
  18. ‘He who alleges must prove’ - NPP Bigwig challenges Frimpong Boateng over ‘galamsey’ report (in English), 2023-04-21, retrieved 2023-10-03
  19. Mohammed Awal (2022-03-28), West Africa Int’l Press Ltd. honours GUTA president, others (in British English), retrieved 2023-10-03
  20. Godwin Akweiteh Allotey (2016-04-01), Prof. Quarm defends textbook depicting the head as ‘load carrier’ (in American English), retrieved 2023-10-03
  21. Abu Mubarik (2016-04-05), ‘Prof’.Quam defends text book depicting the head as load carrier (in English), retrieved 2023-10-03