Jonathan Nii Tackie Komey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Jonathan Nii Tackie-Komme
Member of the Ghana Parliament
for Odododiodoo constituency
Bere
2005 – Dec 2008
OdikanfoSamuel Nii Ayi Mankattah
AnanmusiniEdwin Nii Lante Vanderpuye
Bere
Jan 2009 – Jan 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere23 May 1953
Accra
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (Ghana)
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration

Jonathan Nii Tackie-Komme yɛ Ghana ɔkyerɛkyerɛfo, ɔman somfo ne ɔmanyɛfo. Ɔyɛ Odododiodoo mansini no Mmarahyɛ Badwani a ɔtwaa mu nkyɛeɛ. Wɔnam abatoɔ foforɔ a wɔyɛeɛ wɔ Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so aduasa wɔ afe 2005 so na wɔyii no sɛ MP. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ afe 2005 mu denam akansifoɔ foforɔ num a ɔdii nkonim no so.[1][2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Hon. Wɔwoo Tackie-Komme ɔdehyeɛ a wɔwoo no too Ga adehyeɛ abusua mu. Ná ne papa yɛ kane Hene (ɔpanyin a ɔsene obiara) wɔ Gafoɔ a wɔwɔ Accra no so. Ɔkɔɔ Accra Sempe Sukuu ne akyiri yi Kinbu Senior Technical School (kane no na ɛyɛ Aban Mmarimaa Sukuu) baabi a ɔwiee sukuu no a na ɔwɔ Mfinimfini Sukuu Gyee adansedi krataa. Ɔkɔɔ ɔman adwuma mu wɔ ɛno akyi pɛɛ. Wɔ afe 1970 ne 1974 ntam no mu, na ɔyɛ sukuu kyerɛkyerɛfoɔ. Ɔde ne ho bɔɔ Greater Accra Regional House of Chiefs sɛ ɔman somfoɔ wɔ afe 1974 ne 1985 ntam hɔ na ɔkɔɔ soro ntɛmntɛm koduu Ɔkyerɛfoɔ Boafoɔ dibea. Efiri afe 2003 kɔsi afe 2005 no, na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwani wɔ Accra Metropolitan Assembly ma Kinka Abatoɔ Mpesua no so, na ɛfiri afe 2005 kɔsi afe 2012 no, wɔyii no sɛ Mmarahyɛbadwani ma Odododiodioo Mansini no.

Wɔ adwumayɛ mu no, Hon Tackie-Komme yɛ Institute of Directors-Ghana no mu ni a ɔnyaa adansedie krataa ne diploma wɔ Corporate Governance mu. Ɔsan nso wɔ Executive Masters wɔ Aban ne Akannifoɔ mu (EMGL) a ɛfiri Ghana Asoɛeɛ a ɛhwɛ adwumayɛ ne ɔmanfoɔ so.

Mfeɛ a ɔde tenaa Mmarahyɛbadwam no mu[sesa]

Hon. Tackie-Komme dii mfeɛ nson wɔ mmarahyɛbadwa mu firi afe 2005 kɔsi afe 2012 a ɔboaa kabimamenkabi ne mmara nnisoɔ wɔ Ghana. Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwam abadwakuo a Ɛhwɛ Aban Awerɛhyem So no dwamtenani abadiakyiri, na na ɔyɛ afoforo nan mu ni: abadwakuo a Ɛhwɛ Adwadie, Nnwuma ne Nsrahwɛ So; abadwakuo a Ɛhwɛ Akwan ne akwantusɛm so; abadwakuo a Ɛhwɛ Subsidiary ne Mmarahyɛ So; ne abadwakuo a Ɛhwɛ Asomfoɔ a Wɔkura Mfasoɔ Dwumadibea no. Sɛ́ mmarahyɛ badwani no, ɔgyinaa Ghana ananmu wɔ amanaman ntam nhyiam ahodoɔ ase.

kutawonsa bosome no mu wɔ afe 2012 mu no, ɔde ne ho hyɛɛ mmarahyɛ badwam abadwakuo bi a ɛhwɛ Aban Awerɛhyem nsakrae nhyehyɛeɛ so ne Uganda Mmarahyɛ badwa a ɛwɔ Uganda no mu. Wɔ ɔsanaa bosome no mu ne ɛbɔ bosome no mu wɔ afe, 2010 ntam no, ɔyɛɛ mmarahyɛ badwa adesua akwantuo bi a ɛfa Akwan ne akwantusɛm ho abrabɔ ho wɔ United Kingdom, Netherlands ne Germany no fa.

Ahinime bosome no mu wɔ afe 2009 mu no, ɔde ne ho hyɛɛ mmarahyɛ badwam adesua akwantuo bi mu wɔ Tariff Advisory Board wɔ Washington, D.C., United States. Saa afe no ara mu wɔ Oforisuo bosome no mu no, ɔde ne ho hyɛɛ adwumayɛbea ahodoɔ pii a ɛfa opira ano aduru ho a Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn, Washington Sukuupɔn (Seattle, U.S.A.) ne Harborview Injury Prevention & Research Center hyehyɛe mu.

Sɛ yɛde ne mmarahyɛ badwa nnwuma to nkyɛn a, ɔde nwomasua, akwahosan, adwadie, asetena, ICT ne nnwuma mu nkɔsoɔ pii baa ne nkurɔfoɔ nkyɛn. Ussher Polyclinic, te sɛ ayaresabea afoforo a ɛsom mansini no nyaa nnwuma mu nkɔsoɔ bere a wɔtrɛɛ baabi a wɔgye mmaa ayarefoɔ toɔ no mu na wɔkyekyɛɛ nnwinnadeɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ: mmubuafoɔ nkonnwa, ayaresabea mpa, drip stands, generator ne poly tanks ne afoforɔ. Wɔyɛɛ ayarehwɛfoɔ ahomegyeɛ dan no nso foforɔ koraa.

Mfitiaseɛ ne ntoasoɔ sukuu a ɛwɔ mpɔtam hɔ nyinaa nyaa wɔn kyɛfa a ɛfata wɔ nwoma, agodie ho nneɛma, adesua pon ne kɔmputa dan mu nneɛma a wɔde si hɔ. Wɔsane yɛɛ James Town Polisifoɔ adwumayɛbea a ɛwɔ Motor Transport and Traffic Unit (MTTU) no nso foforɔ.[3] Wɔboaa Ahyehyɛdeɛ ahodoɔ a ɛnyɛ Aban deɛ, ahyehyɛdeɛ ahodoɔ a wɔahyɛ da ayɛ ne asetena mu akuo ahodoɔ ma wɔadu ɔmanfoɔ botae ahodoɔ ho. Wɔde ne kyɛfa a ɔwɔ wɔ District Assemblies Common Fund, Ghana Education Trust Fund(GETFund) ne Heavily Indebted Poor Countries (HIPC) sikakorabea no na ɛbɔɔ nkɔsoɔ no ho ban. Ɔdii nkoguo wɔ ne mmɔdenbɔ sɛ ɔbɛgyina mansin no ananmu wɔ afe 2012 NDC primaries no mu maa Edwin Nii Lante Vanderpuye tuu no adeɛ so.[4]

Ghana manfoɔ Wimhyɛn Asoɛeɛ[sesa]

Wɔ afe 2009 mu no, HE John Atta Mills (kane Ghana manpanyin) yii Hon. Tackie-Komme kɔɔ Ghana Civil Aviation Authority badwakuo mu baabi a ɔsom kɔsii afe 2014 mfitiaseɛ berɛ a wɔguu adwumakuo no mu. Ɔhyehyɛɛ ananmusifo a wɔkɔɔ amanaman ntam dwumadie ahodoɔ mu wɔ Amanaman Ntam Ɔmanfo Wimhyɛn Ahyehyɛdeɛ no adwumayɛbea ti wɔ Montreal, Quebec, Canada. Wɔ Obubuo bosome no mu wɔ afe, 2010 mu no, ɔdii ananmusifo anim kɔɔ Wiase Akwantu dwadie a wɔyɛe wɔ London, United Kingdom no ase.

Ghana Ahyɛmma ne Ahyɛmma Tumi Fekuo[sesa]

Hon Tackie-Komme wɔ agodie ho anigyeɛ a ɛmu yɛ den. Ɔyɛ Ghana Rowing and Canoeing Association no titenani a atwam ntɛm ara. Ɔboaa ma wɔhyɛɛ canoeing ho nkuran wɔ Ghana. Saa berɛ yi mu no, Ghana de ne ho hyɛɛ ne amanaman ntam canoeing akansie a ɛdi kan koraa mu: West African Canoe Kayak Championship a wɔyɛɛ no Cote d’Ivoire wɔ Ahinimie bosome no mu wɔ afe, 2009. N’akannifoɔ nso maa Ɔman Agodie Badwa (NSC) a ɛwɔ Accra no gyee Canoes aduonu nsia (26) ne ahyɛmma aduasa (30) sɛ ntoboa a efi Amanaman Ntam Ahyɛmma Fekuo (ICF), a n’adwumayɛbea ti wɔ Switzerland, de hyɛ agodie no ho nkuran na wɔama anya nkɔso wɔ ɔman no mu. Ná ɔka Ghana aban ananmusifoɔ a wɔkɔɔ 2012 Summer Olympics wɔ London no ho.[5]

Abadwakuo ne Asoɛe ahodoɔ[sesa]

1. Adwumakuo no mu ni, Accra Kar akwan sohwɛ (Accra Kuropɔn Nhyiamu), (2012 kɔsi nnɛ).

2. Badwakuo no mu ni, Ghana Ɔmanfoɔ Wimhyɛn Aban, (2009 kɔsi 2014) .

3. Ɔman Agodi e Dwumadibea no Titenani, Ahyɛmma ne Ahyɛmma Atuo Fekuw, (2008 kosi 2014) .

4. Adwumakuo no mu ni, Ga-Mashie Nkɔsoɔ Dwumadibea, (2000 kɔsi nnɛ) .

5. Dwamtenani, Amrado badwa (Holy Trinity Snr. High Sch.), (2003 kosi 2005) .

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliamentary Results Odododiodoo (Greater Accra Region), retrieved 2023-10-03
  2. NDC Wins Odododiodio (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. MP commended for social service to community (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Defeated Nii Tackie Kommey says he will not go independent | Politics, 2012-02-07, archived from the original on 2012-02-07, retrieved 2023-10-03
  5. yl23455永利(中国)官方网站, archived from the original on 2014-08-19, retrieved 2023-10-03