James Klutse Avedzi

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon
Klutse Avedzi
Member of the Ghana Parliament
for Ketu North
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Klutse Avedzi

14 July 1964 (1964-07-14) (age 59)
Xipe
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
CommitteesPublic Accounts Committee, Business Committee, Trade, Industry and Tourism Committee, Committee of Selection Committee

James Klutse AvedziGhana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Ketu Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Volta Mantam mu wɔ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) tekiti so.[1][2][3][4]

Ne mmofraase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo James Klutse Avedzi wɔKitawonsa bosome da a ɛtɔ so dunan (14) afe 1964 mu.[5] Ofiri Xipe a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Liverpool Suapɔn (University of Liverpool) mu na ɔwiee sukuu no nyaa master’s abodin krataa wɔ Sikasɛm ne Akontaabuo (master's degree in Finance and Accounting) mu wɔ afe 2016. Ɔkɔɔ so yɛɛ oduruyɛfoɔ abodin krataa wɔ Amanaman Ntam ne Amanyɔsɛm Sikasɛm mu wɔ Adwumayɛ mu (doctorate in International and Political Finance in Business) wɔ Costa Rica Suapɔn (University of Costa Rica) mu.[1] Ɔsan nso nyaa ne ICA-G firi Asoɛe a Ɛhwɛ Akontaabufo a Wɔagye Din So (Institute of Chartered Accountant) a ɛwɔ Ghana ne ne MCIT nso firi Ghana Chartered Asoɛe a Ɛhwɛ Towtua So (Ghana Chartered Institute of Taxation). Na ɔwɔ ne FCFIA nso firi Chartered Asoɛe a Ɛhwɛ Sikasɛm ne Sikasɛm mu Nhwehwɛmu So (Chartered Institute of Financial and Investment Analysis) a ɛwɔ Ghana.[5]

Adwuma[sesa]

James Klutse Avedzi yɛɛ adwuma sɛ akontabuofoɔ titire wɔ Controller ne Akontaabufo Generals Dwumadibea wɔ Nkran (Accra) firi afe 1995 ansa na ɔrehwehwɛ amammui dibea wɔ afe 2004 mu.[5] Ɔyɛ kan Sikasɛm Boayikuo ( Finance Committee) no Titenani (Chairman) wɔ Ghana mmarahyɛ badwa mu.[6] Na ɔsan yɛ mmarahyɛ badwa no Ɔmanfo Akontaabu Boayikuw (Public Accounts Committee of parliament) no Titenani (Chairman).[7] Ɔsan nso yɛ Minority Kannifoɔ Abadiakyiri (Deputy Minority Leader) ma NDC wɔ mmarahyɛ badwa mu.[3][8]

Amanyɔsɛm mu adwuma[sesa]

James yɛ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress - NDC) muni, Ɔsi akan na odii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu maa Ketu Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no wɔ afe 2005 mu.[1] Efi saa bere no wagyina Ketu Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so anum (5th), nsia (6th) ne nson (7th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) no mu.[9]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

James aware na ɔwɔ mma baanan (4). Ɔyɛ Kristoni a ɔsom wɔ Global Evangelical Asɔre mu[10] Ne yere wuiɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛɛtɔ so aduasa (30) afe 2020 bere a na ne ho nyɛ no den bere bi wɔ Ketu Anafoɔ Mansin Ayaresabea (Ketu South District Hospital).[7][11]

Nneɛma a wɔatumi ayɛ[sesa]

Ɔyɛɛ akwan na ɔmaa sukuufo a wɔwɔ ne mmarahyɛbadwam mpɛsoa mu no sika a wɔde bɛboa wɔn sukuu kɔ mu. Ɔsisii sukuu ahorow na ɔmaa mpɔtam hɔfo a na wɔwɔ nsu ho haw no nsu. Sɛɛ mmarahyɛbadwani no, ɔde nkuraa bɛyɛ ɔha aduonum (150) bataa ɔman no nhama ho (national grid).[6]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Ghana MPs – List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-03-11.
  2. "PAC to subpoena, cause arrest of un-cooperating witnesses". MyJoyOnline.com (in American English). 2020-01-15. Retrieved 2020-08-02.
  3. 3.0 3.1 "Haruna Iddrisu named minority leader, Avedzi made deputy". Citi 97.3 FM – Relevant Radio. Always (in American English). 2017-01-05. Retrieved 2020-08-02.
  4. "Haruna Iddrisu apt for Minority leader position – Avoka". Citi 97.3 FM – Relevant Radio. Always (in American English). 2017-01-04. Retrieved 2020-08-02.
  5. 5.0 5.1 5.2 UKGCC (2018-07-11). "HON. JAMES KLUTSE AVEDZI". UK-Ghana Chamber of Commerce (in American English). Archived from the original on 2019-04-27. Retrieved 2020-08-02.
  6. 6.0 6.1 "Give me another chance — James Klutse Avedzi". Graphic Online (in British English). Retrieved 2020-08-02.
  7. 7.0 7.1 Starrfmonline (2020-01-31). "PAC Chair Avedzi loses wife". Starr Fm (in American English). Retrieved 2020-08-02.
  8. "100 days of NPP 'unimpressive' – Minority". Citi 97.3 FM – Relevant Radio. Always (in American English). 2017-04-18. Retrieved 2020-08-02.
  9. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2020-07-07.
  10. "Ghana MPs – MP Details – Avedzi, Klutse James (Dr)". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-07-07.
  11. "Dzifa Gomashie Mourns With The Avedzi Family". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-08-02.