Isaac K. Abban

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Isaac Kobina Abban
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameIsaac Sesa
date of birth1933 Sesa
date of death21 Oforisuo 2001 Sesa
place of deathNkran Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationlawyer, Ɔtɛnmuafo Sesa
position heldChief Justice of Ghana, Justice of the Supreme Court of Ghana Sesa
educated atUniversity of Nottingham Sesa

Isaac Kobina Donkor Abban JSC (1933 – 21 April 2001) ma ɔyɛ Ghana ɔtemmuafoɔ panyin wɔ afe apem ahankron ne aduokron num ne mfe mpem mmienu ne baako (1995 and 2001) ntam. Ɔno ne onipa a ɔtɔ so nkron a ɔdii saa dibea yi firi berɛ a Ghana bɛyɛɛ ɔman a ɛde ne ho.[1]

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Abban wɔ afe apem ahankron ne aduasa mmiɛnsa (1933) mu wɔ Agona Nkum a ɛwɔ mfinimfin mantam mu. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Mfantsipim Sukuu mu firi afe afe apem ahankron ne aduanan nnwɔtwe (1948) kɔsi afe apem.ahankron ne aduonum baako (1951) mu. Ɔfirii hɔ kɔɔ United Kingdom kɔsuaa mmara wɔ Nottingham Suapɔn mu.[2]

Adwuma[sesa]

Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Engiresifo asoeɛ wɔ Ayɛwohomumu bosom da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem ahankron ne aduonum nnwɔtwe (24 June 1958) mu. Ɔsan baa Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduonum nkron (1959) na ɔde ne ho kɔhyɛɛ ankorankoro adwuma mu kosii sɛ wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Asɛnnibea Kunini no mu wɔ Kotonimaa bosom no mu wɔ afe apem ahankron ne aduoson (May 1970) mu.[2]

Aban kɔmmisa[sesa]

Wɔfrɛɛ ɔtemmufoɔ Abban kɔɔ Ghana mmaranimfoɔ adwuma mu wɔ Oforisuo bosom da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne aduonum nkron (18 April 1959) mu. Bere a na ɔyɛ Asɛnnibea Kunini temmuafoɔ no, wɔpaw no sɛ abatoɔ sohwɛfoɔ na ɔhwɛɛ ‘Union Government (UNIGOV)’ abatoɔ nsɛm so wɔ Ɔbɛnem bosom da a ɛtɔ so aduasa afe apem ahankron ne aduoson nnwɔtwe (30 March 1978) mu wɔ Supreme Military Council (SMC) aberɛ so.[3]

Wɔ bere bi mu a na ɔmanfoɔ no pɛsɛ wɔpaw no no, ɔde ne ho kɔsie efiri sɛ na osuro sɛ asraafo mpanyimfoɔ no bɛgye ne nkwa.[3] Ɛfiri sɛ ɔsɔre tiaa mmɔdenbɔ a na asraafoɔ SMC aban no reyɛ sɛ wɔbɛsɛe UNIGOV amanfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn no.[4] Ɔtemmufoɔ Kinsgley Nyinah a ɔdii n’adeɛ no na ɔhwɛɛ afe afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979) abatoɔ no a ɛmaa Dr Limann dii nkonim bɛyɛɛ Ghana ɔmampanyin.

Ɔtemmuafoɔ Panin[sesa]

Ɔfii hɔ kɔɔ Seychelles baabi a ɔsom sɛ Ɔtemmuafoɔ panyin firi apem ahankron ne aduokron (1990) kosi afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) mu.[4] Bere a ɔsan kɔɔ Ghana no, ɔsan kɔkaa Ghana Atemmuo dwumadibea no ho na wɔpaw no sɛ ɔnkɔ Ghana Asɛnnibea Kunini no mu. Wɔ Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so aduonu mmienu afe apem ahankron ne aduokron num (February 22, 1995) mu no, Ɔmampanyin Jerry Rawlings paw no sɛ Ɔtemmufoɔ Panyin.[4]

Owuo[sesa]

Na ɛsɛ sɛ ɔtemmuafoɔ Abban kɔ ahomegyeɛ mu wɔ Kotonimaa da a adi kan wɔ afe mpem mmienu ne baako (May 1, 2001) mu ɛnam akwahosan bi nti.[5] Owui nna kakra ansa na ɛno reba wɔ Ɔforisuo da a ɛtɔ so aduonu baako afe mpem mmienu ne baako (21 April 2001) mu wɔ Nkran, Ghana, bere a na wadi mfe aduosia nson (67).[4][6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "List of Chief Justices". Official Website. Judicial Service of Ghana. Archived from the original on 3 April 2007. Retrieved 13 April 2007
  2. 2.0 2.1 "The Weekly Review, Issues 125-137". Stellascope Ltd. 1977: 22.
  3. 3.0 3.1 "History of Ghana – Post Independence Ghana". 50th Independence Anniversary Celebration of Ghana. Ghana government. Archived from the original on 28 September 2007. Retrieved 13 April 2007. In furtherance of the UNIGOV policy, a referendum was held on 30 March 1978 to ascertain the wishes of Ghanaians on the issue. Halfway through the referendum, the Electoral Commissioner, Mr. Justice Isaac Kobina Abban, a judge of the High Court, had to give up his job, flee into hiding apparently to save his life.''
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 "Ghanaian Chief Justice is dead". africast.com. Archived from the original on 28 September 2007. Retrieved 13 April 2007.
  5. "Chief Justice Retires". General News of Tuesday, 10 April 2001. Ghana Home Page. Retrieved 17 April 2007.
  6. "Chief Justice Abban Is Dead". General News of Sunday, 22 April 2001. Ghana Home Page. 22 April 2001. Retrieved 13 April 2007.