Haruna Iddrisu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Haruna Iddrisu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameHaruna Sesa
family nameIddrisu Sesa
date of birth8 Ɛbɔ 1970 Sesa
place of birthTamale Sesa
native languageDagbani Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, lawyer, university teacher Sesa
employerGovernment of Ghana Sesa
educated atGhana School of Law, University of Ghana, Navrongo Senior High School Sesa
work locationNkran Sesa
work period (start)7 Ɔpɛpɔn 2013 Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewIslam Sesa
notable workminister of labor Sesa

Haruna Iddrisu (wɔwoo no 8 September 1970) yɛ Ghana mmaranimni ne amanyɔni a ɔyɛ mmrahyɛbagua a Ɛto so Ason a ɛwɔ Ghana Republic a Ɛto so Anan no muni a ogyina Tamale South ananmu.[1] Na ɔyɛ Minority Leader wɔ Ghana mmrahyɛbagua no mu ɛfiri Ɔpɛpɔn 2017[2][3][4][5] na Ato Forson na ɛbɛdi adeɛ.[6]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Haruna Iddrisu wɔ afe 1970 mu wɔ Tamale, Ghana. Iddrisu suaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1993 ne 1997 ntam hɔ baabi a ɔnyaa BA (Hons) wɔ Asetena Ho Adesua mu. Na ɔyɛ nnam wɔ asuafoɔ amammuisɛm mu na na ɔyɛ Ɔman Nkabom Kuo a ɛwɔ Ghana Sukuufoɔ Kuo no Titenani wɔ n’afe a ɛtwa toɔ no mu. Iddrisu nso yɛ mmaranimfoɔ na wayɛ Ghana Mmaranimfoɔ Kuo no muni firi afe 2002.

Amammui mu adwuma[sesa]

Bere a ɔyɛɛ sukuuni kannifo mfe pii wɔ ne sukuupɔn bere mu no, Iddrisu dan kɔɔ ɔman amammuisɛm titiriw mu na ɔsɔre bɛyɛɛ Ɔman Mmabun Nhyehyɛefo ma Ɔman Demokrasi Nhyiam no wɔ afe 2002.[7][8] Ɔdii saa dibea no mfeɛ 8 mpo berɛ a na ɔyɛ Nkitahodiɛ soafoɔ kɔsii sɛ ɔgyaee adwuma wɔ afe 2010 mu na wanhwehwɛ sɛ wɔbɛsan apaw no bio.

Sɛ mmrahyɛbaguani[sesa]

Ɔgyinaa MP ananmu wɔ afe 2004 mmrahyɛbagua abatoɔ mu wɔ Tamale South mantam[9] a na wɔhyehyɛɛ no foforɔ saa berɛ no. Iddrisu yɛɛ Ranking Member of the Parliamentary Select Committee on Communications na ɔsan nso yɛɛ Minority Spokesman on Communications wɔ Parliament a ɛtɔ so nnan no mu berɛ a National Democratic Congress ,n’apam no sɔre tia.

Ɔkuraa n’akongua wɔ afe 2008 mmrahyɛbagua abatoɔ no mu denam abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 78.2% a ɔnyaeɛ no so.[10] Ɔsan kuraa n’akongua so wɔ afe 2012 mmrahyɛbagua abatoɔ no mu denam abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 74.6% a ɔnyaeɛ no so.[11][12]

Ɛwom sɛ n’apam no dii nkogu wɔ Presidential Elections no mu deɛ, nanso Haruna kuraa n’akongua so wɔ afe 2016 Abatoɔ no mu na wɔpaw no sɛ ɔnni minority caucus no anim sɛ Minority Leader wɔ 7th Parliament of the 4th Republic wɔ Ghana.[13][14][15]

Haruna Iddrisu wɔ Ɔpɛpɔn 2020 mu, de CHPS compound bi maa Duunyin mpɔtam hɔfoɔ a wɔwɔ Ghana Atifi fam mantam mu sɛ wɔmfa akwahosan ho dwumadie mma ahiafoɔ a wɔwɔ mpɔtam hɔ.[16]

Sɛ ɔman soafo[sesa]

Ɔayɛ dibea ahodoɔ wɔ aban mu, a nea ɛka ho ne Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Nkitahodiɛ so wɔ Mills ne Mahama aban ase ne Ɔmanpanin a ɔhwɛ Aguadiɛ so wɔ afe 2013 ne 2014 ntam. Ɔmampanyin Mahama paw no sɛ Ɔmanpanyin Mahama paw no sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Adwumayɛ ne Adwumayɛfo Ntam Nkitahodi so wɔ July 2014.[17]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Muslimi warefoɔ, ɔwɔ mma 3 na ɔfiri Northern Region of Ghana.

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-06-09
  2. 10 things you didn’t know about new Minority Leader, Dr. Ato Forson (in American English), 2023-01-25, retrieved 2023-06-09
  3. SIM cards re-registration comment by Bawumia ill-informed, highly naive - Minority Leader - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-05-18, retrieved 2023-06-09
  4. Galamsey fight: Akufo-Addo's endorsement of burning excavators a breach of law - Haruna Iddrisu - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-05-28, retrieved 2023-06-09
  5. Peace FM Online, Speaker Not An MP, For What Reason Will Gov't Gag Him? - Egyapa Mercer Quizzes, retrieved 2023-06-09
  6. Daniel Kenu (2023-02-07), "When Ato Forson and new Minority leadership took charge and Haruna, Muntaka 'checked out' of Chamber", Graphic Online
  7. https://www.facebook.com/larte.david, https://www.facebook.com/larte.david (2020-07-26), Don’t leave out any Ghanaian stranded abroad – Haruna Iddrisu to government (in American English), retrieved 2023-06-10 {{citation}}: |last= has generic name (help); External link in |last= (help)
  8. Haruna Iddrisu, Biography, retrieved 2023-06-10
  9. Parliamentary Results Tamale South (Northern Region), retrieved 2023-06-10
  10. ITU Council 2009 - Biography of  Haruna Iddrisu, Chairman of Council 2009, Ghana's Minister of Communications, retrieved 2023-06-10 {{citation}}: no-break space character in |title= at position 33 (help)
  11. Parliamentary Results Tamale-South (Northern Region), retrieved 2023-06-10
  12. Parliamentary Results - Tamale SouthConstituency, retrieved 2023-06-10
  13. admin (2020-12-09), Haruna Iddrisu retains Tamale South seat (in English), retrieved 2023-06-10
  14. GTonline (2023-05-15), NDC parliamentary primaries: Winners, losers nationwide (in English), retrieved 2023-06-10
  15. Mohammed Awal (2023-01-24), NDC reshuffles Parliamentary leadership; Ato Forson replaces Haruna as Minority leader (in British English), retrieved 2023-06-10
  16. Haruna Iddrisu confident of victory after subjecting himself to vetting by the NDC - MyJoyOnline.com (in American English), 2023-04-03, retrieved 2023-06-10
  17. Youth Employment Agency, retrieved 2023-06-10