Gheysika Adombire Agambila

Ɛfi Wikipedia
Gheysika Adombire Agambila
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth20. century Sesa
place of birthBolgatanga Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, writer Sesa

Gheysika Agambila yɛ amanyɔni wɔ ɔman Ghana mu. ɔfiri kuro a yɛfrɛ no sɛ Bolgatanga Atifi Apuieɛ mantam no mu wɔ Ghana. ɔyɛɛ ayɛsɛm a wɔato din Journey[1], Emigrant ne mmɔfra nwoma Solma[2] ne Abɔdeɛ mu anansesɛm twerɛfoɔ[3]. Ɔsan nso twerɛɛ agorɔ mmiensa: Bolga Ɔbɔdamfoɔ, Afipamfoɔ ne Oh God, Ma Me Nkwa Foforo.[4]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Ɔbenfoɔ Gheysika Adombire Agambila suaa adeɛ wɔ Navrongo ne Achimota Ntoasoɔ Sukuu mu. Afei ɔtoaa n’adesua so wɔ USA wɔ Brandeis Sukuupɔn (B.A.), Rochester Sukuupɔn, (M.B.A.) ne New York Sukuupɔn (Ph.D.). Berɛ a ɔde mfeɛ pii yɛɛ adwuma wɔ USA no, ɔsan kɔɔ Ghana.

N'abrabɔ[sesa]

Dr Agambila ayɛ Ɔmanpanyin Abadiakyire wɔ Ghana aban mu a ɔsom wɔ Sikasɛm ne Sikasɛm Nhyehyɛe, Hyɛn Gyinabea ne Keteke, ne Nyansahu ne Nnoɔma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Dwumadibea[5]. Na ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Ghana Suapɔn Adwumayɛ Sukuu mu ne Ɔman Sikasɛm ho Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Panyin wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA), na ɔyɛɛ adwuma wɔ sikasɛm ho afotuo adwuma mu wɔ Seirra Leone ne National Development Planning Commsion of Ghana. Na ɔyɛ Ghana Amanyɔ Mmara Nhwehwɛmu a Wɔde Di Dwuma abadwakuo no mu ni. Ɔsan nso ayɛ Ghana Atwerɛfoɔ Fekuw (GAW) no Sikakorabea ne Titenani Abadiakyire.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Gheysika A. Agambila – Booknook.store (in American English), retrieved 2023-11-26
  2. Book Reading with G.A. Agambila, Author of Journey, a Novel, retrieved 2023-11-26
  3. Ann Morgan, Gheysika Adombire Agambila (in English), retrieved 2023-11-26
  4. G. A. Agambila is author for May 2021 | Writers Project of Ghana, retrieved 2023-11-26
  5. Environment dear to Government- Minister (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-11-26 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)