George Mpambi Dagmanyi

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
George Mpambi Dagmanyi
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Bimbila
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bereBimbila, Northern Region, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoPeople`s National Convention
N'adwumaPolitician

George Mpambi DagmanyiGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Bimbilla abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.

Ne mmofraberem[sesa]

Wɔwoo Dagmanyi wɔ Bimbilla a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛtoo aba maa Dagmanyi kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ People's National Convention(PNC) din mu. Ɔno pɛ na yɛtoo aba maa no wɔ PNC din mu wɔ saa abatow no mu[2][3] Wɔpaw no de ma Bimbilla abatoɔ mpesua wɔ Ɔpɛnimaa 1996 Ghana abatoɔ mu. Onyaa 13796 mma efi 31169 mma a wɔtoo nyinaa mu; eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduasa mmienu (32.1%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Aliu Aduna Mahama, Mohammed Ibn Chambas ne Justice K. Grundow. Wonyaa mma 9467 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduonu mmienu (22.1%), mma 7488 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm dunsɔn (17.4%), mma 418 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm biako (1.0%). Wɔgyinaa wɔ Convention People's Party(CPP), National Democratic Congress(NDC) ne National Congress Party(NCP).[4]

Mohammed Ibn Chambas tuu no wɔ 2000 Ghana abatoɔ mu.[5]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Dagmanyi yɛ Kristoni.[1]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://ghanamps.com/mp/dagmanyi-mpambi-george/
  2. http://archive.ipu.org/parline-e/reports/arc/2123_96.htm
  3. https://www.primidi.com/mps_elected_in_the_ghanaian_parliamentary_election_1996/list_of_mps_elected_in_the_general_election/northern_region_-_23_seats
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/northern/138/
  5. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/northern/138/