Freddie W.A. Blay

Ɛfi Wikipedia


Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Freddie W.A. Blay
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameFrederick Sesa
family nameBlay Sesa
date of birth1942 Sesa
spouseGina Blay Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, lawyer Sesa
position heldMember of the 4th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, Ghana School of Law, Akuafo Hall Sesa
member of political partyCPP Sesa
religion or worldviewEastern Orthodoxy Sesa

Frederick Worsemao Armah Blay dodoɔ no ara frɛ no Freddie Blay yɛ lɔyani Ghanani amanyɔni a na ɔka mmarahyɛbadwa ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nnan wɔ Ghana Adehyeman nnan mu a na ɔgyina hɔ ma Ellembelle abatoɔ mpasua a ɛwɔ Apueɛ mantam ( Western Region) mu a ɛwɔ Ghana.[1]

Adwuma[sesa]

Wɔ paw Blay sɛ ɔtitenani ma adwumakuo 'Ghana National Petroleum Corporation '(GNPC).[2] Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako mu no, 2021, Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo sane paw no bio sɛ ɔtitenani ma amanyɔkuo korɔ no ara bio.[3]

Seisei ɔno ne mpanin pa ara Ɔsane 'Blay and Associates' alɔyafoɔ no ano. Ɔsane yɛ ɔtitenani ne ɔbi a ɔwɔkyɛfa kɛseɛ wɔ nnwumakuo 'Western Publications Limited, publishers of the Daily Guide newspaper, the flagship of the Group, Business Guide, News-One and Young Blazers' no.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Blay yɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ghana . Ɔsomm sɛ mmarahyɛbadwa Kyeame abadiekyire a ɔdi kan wɔ Ghana mmrahyɛbadwa ɛtɔ so nnan no mu.[4] Wɔtuu no akonwa so wɔ Ghanafoɔ abatoɔ a wɔtoo no wɔ Ɔpɛnimaa da ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu bere a Owura Armah Kofi Buah ɔgyina ma National Democratic Congress amanyɔkuo no nyaa akonwa no. Na ɔka Convention People's Party amanyɔkuo no ho, nanso ɔgyaeɛ bɛkaa New Patriotic Party amanyɔkuo no ho bere a Convention People's party amanyɔkuo mma no kasa tia no sɛ wammɔ ntoa amma amanyɔkuo no frankaatumi Owura Paa Kwesi Nduom, na mmom ɔde ne ho taa New Patriotic Party frankaatuni Nana Akufo-Addo akyire.[5] Freddie Blay kɔɔ Adisadel College ntoasoɔ sukuu.[6]

Afe 1996, 2000 ne 2004 Abatoɔ

Wɔtoo aba yii Blay sɛ mmrahyɛbadwani de ma Ellembelle abatoɔ mpasua a ɛwɔ Apueɛ mantam mu (Western region ) wɔ Ghana wɔ afe apem ahenkron aduokron -nsia(1996), mfeɛ mpem mmienu ( 2000,) ne mfeɛ mpem mmienu ne nnan( 2004 ) Ghanafoɔ nyinaa abatoɔ no mu.[7] Ɔgyinaa hɔ maa ne mpasua so wɔ mmrahyɛbadwa ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nnan wɔ Ghana Adehyeman nnan mu.[8] Ɔgyinaa wɔ Convention Peoples' Party amanyɔkuo no din mu, saa bere no na amanyɔkuo no ne New patriotic Party amanyɔkuo no retwe kora. Ɛno nti wangyina wɔ NPP din mu wɔ Ellembelle abatoɔ mpasua so.Ɛwɔ mmrahyɛbadwafie wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia no, Dɔmkumaa a na New Patriotic Party na ɔda ano no, yii no sɛ mmrahyɛbadwa kyeame abadiekyire a ɔtɔ so mmienu bere a National Democratic Congress amanyɔni Ken Dzirasah na ne ɔyɛ mmarahyɛbadwa Kyeame a ɛdi kan.

Bere New Patriotic Party nyaa mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no, Blay bɛyɛɛ Mmrahyɛbadwa Kyeame abadiekyire a ɛdi kan na Dzirasah yɛ deɛ ɔtɔ so mmienu. Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu no, NDC amanyɔkuo no de Ala Adjetey a na ɔyɛ kane Mmrahyɛbadwa Kyeame no kɔɔ bio tiaa Dɔmkɛseɛ NPP ni Ebenezer Sekyi-Hughs. Yei maa no yɛɛ den maa Dzirasah ne NDC amanyɔkuo no. Mmrahyɛbadwa Kyeame a ɛtɔ so mmienu akonwa no kɔ maa NPP ni Alhaji Alhassan.

Wɔtoo aba no maa deɛ ɛdi kan wɔ afe apem ahenkron aduokron - nsia abatoɔ no mu bere a Ɔnyaa mma no, mpem du-baako, ahensia aduoson nnan (11,674 votes ) firii mma Mpem aduonu nnum ne aduokron nkron (25,099 valid votes cast ) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduasa akyire po aduonu (30.20%) na deɛ ne no repere akonwa no Awuraa Constance Nyamikey-Quaicoe ɔgyina ma National Democratic Party no nso nyaa mma no mpem du- baako ahensia aduosia - mmiɛnsa (11,663 votes) ɛna Abdul Karim Pennah ɔgyina ma PNC no nso nyaa mma apem ahenson aduosia mmienu (1,762 votes).[9] Wɔtoo aba yii Blay wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan abatoɔ no mu bere a Ɔnyaa mma no mpem du - nwɔtwe, ahenan aduonu -nwɔtwe (18,428 votes ) firii mma mpem aduasa nnan ahenkron aduosia - nkron (34,969 total valid votes cast. ) Yei kyerɛ ɔha mu abupɛn aduonum mmienu akyire po nson (52.7% of the total valid votes cast). Wɔyii no gyaa Shaibu Chie Issaka na,ɔgyina hɔ ma People's National Convention, Kaku Korsah na,ɔgyina ma National Democratic Congress ne Kyiamah Kaku a na ɔgyina hɔ sɛ kontokorɔ. Wɔnom nyaa mma no Ahasa aduowɔtwe nwɔtwe (388 votes,) mpem du- baako Ahasa aduonu mmienu (11,322 votes ) ne ahenkron ne mmienu (902 votes) sɛdeɛ wɔ din didisoɔ no. Wɔtoo aba maa Blay wɔ Convention People's Party amanyɔkuo no din mu.[10]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register (2004-2008
  2. https://citifmonline.com/2017/05/freddie-blay-named-gnpc-board-chairman/
  3. Nana Addo appoints Freddie Blay (in English), retrieved 2022-09-11
  4. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2022-09-11
  5. https://www.modernghana.com/news/338020/1/nana-addo-appoints-freddie-blay.html
  6. Freddie Blay beats Stephen Ntim to win NPP chairmanship race (in British English), retrieved 2022-09-11
  7. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Ellem belle Constituency, retrieved 2022-09-11
  8. "Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament", The Office of Parliament, pp. p. 235, 2004 {{citation}}: |pages= has extra text (help)
  9. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Ellem belle Constituency, retrieved 2022-09-11
  10. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Ellem belle Constituency, retrieved 2022-09-11