Freda Akosua Prempeh

Ɛfi Wikipedia
Freda Akosua Prempeh
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageFreda Akosua Prempeh, Freda Akosua Oheneafrewo Prempeh Sesa
given nameFreda Sesa
family namePrempeh Sesa
date of birth23 Ɔpɛpɔn 1966 Sesa
place of birthDuayaw Nkwanta Sesa
native languageAkan Sesa
languages spoken, written or signedAkan, English Sesa
occupationAmanyɔni, marketer Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Assembly Member, Minister of State for Works and Housing Sesa
work locationSunyani Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian parliamentary election, 2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Freda Akosua Oheneafrewo Prempeh (yɛ woo no 23 Opepon, 1966) yɛ Ghana amanyɔni na ɔsan yɛ New Patriotic Party (NPP) ni. Ɔyɛ mmarahyɛbaguani ma Tanɔ Atifi abatoɔ Mpasuaso wɔ Ahafo Mantam mu wɔ Ghana.[1][2] Mpreprei, ɔyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Adansi. Ɔdi kan yɛ Ɔsoafoɔ abediakyere ma Gender, Children and Social Protection. ɔsan yɛɛ "Assembly Woman" efiri 2002 kɔsi 2010 ma Lakoo Electoral Area wɔ La-Dadekotopo Abatoɔ mpesoaso wɔ Nkran Mantam mu.

Ɛwɔ 2017, yɛyii no sɛ ɔtitireni ma 11 kuobaatan a ɔmo bɛhwɛ sɛ Ghana bɛyɛ 2018 African Women Cup of Nations.[3][4][5][6][7]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Yɛ woo no 23 Opepon, 1966 wɔ Nkran wɔ adehyie abusua. Na ɔyɛ akora ɔtɔ mmiesa wo ne nua no mu. Na wofoɔ yɛ Ohenenana Akwasi Agyeman Dua-Prempeh a na ɔfi Asante Adehyɛ Abusua ne maame, Nana Amma Serwaa, Kontihemaa a ɔfiri Duayaw Nkwanta (dodow no frɛ no Georgina Ansah).

Freda hyɛ mfiri aseɛ sukuu wɔ University Primary School, Kumasi na ɔtua so kɔ yaa Ordinary(O) level wɔ Technology Secondary School (sesia yɛfrɛ no KNUST Senior High School) wɔ Kumasi, Ghana, ɔsan tua so yaa ne Advanced level Certificate (A level) wɔ Accra Workers College, Accra, Ghana. Ɔsan tua so kɔ Ghana Institute of Journalism, ɛhɔ na ɔyaa Diploma wɔ Public Relations ne Advertising. Ɔsan yaa Certified Public Accountant ɛfiri Ghana Institute of Management and Public Administration wɔ 1998. Wo san kura Certificate ne Advanced Certificate wɔ Marketing, DipM, MCIM, Chartered Marketer Professional Postgraduate Diploma in Marketing, ɛfiri Chartered Institute of Marketing wɔ United Kingdom. Ɔyaa (Business Administration), Human Resource Management Option Ɛfiri University of Ghana wɔ 2006.[8] Ɔsan sua ade yaa MA Comms, Media ne Public Relations ɛfiri University of Leicester wɔ UK ɛna ne PhD wɔ Business Administration ɛfiri Ghana Technology University College.[9]

Ankorankoro asetra[sesa]

Freda Akosua Prempeh ɛfiri Duayaw Nkwanta, ɛyɛ kuropɔn ma Tano North Mmarahyɛbagua a ɛwɔ Ahafo Region, Ghana. Ɔyɛ Kristoni w'awre a ɔwɔ abaamoa baako.

Ɛka kakra neka Freda firi atiasefoɔ asaase yi so, ɛbere nsuo brane bi to ɛwɔ 3 Ayewohomommo 2015 nsuo ne agya tɔ wɔ circle wɔ Accra.[10]

Ansa na Freda ɛkɔ gyina sɛ mmarahyɛbaguani wɔ 2013, na ɔyɛ Manageress wɔ Point Four Hotel a wɔ Sunyani ɔsan ne Ghana Prision Service nfie bɛyɛ 10. Ɔsan pɛ agrode nna ɔsan gye mma di.

Amanyɔsɛm[sesa]

Freda ɛka New Patriotic Party (N.P.P.) ni. Ɔhyɛɛ amnyɔsɛm wɔ 2002 sɛ Assembly member wɔ Lakoo Electoral Area ɛwɔ La-Dadekotopo Constituency wɔ Nkran Mantam, bɛyɛ nfie 8. Ɔwɔ Ɔgyefoɔ, 2006, na ɔka kuobaatan National Reconciliation Commission sɛ Public Affairs Officer bɛyɛ bosome 9.

Mpreprei ɔyɛ mmarahyɛbaguani ma Tanɔ Atifi abatoɔ Mpasuaso wɔ Ahafo Mantam mu wɔ Ghana ɔka kuo a ɔmo hyɛ Mines ne Energy, Government Assurance Committee wɔ Mmarahyɛbagua mu. Ɔmanpanyin hyi no sɛ Ɔsoafoɔ abediakyere ma Gender, Children and Social Protection.[11]

Ɔgyina wɔ 2020 sɛ mmarahyɛbaguani wɔ Tanɔ Atifi abatoɔ Mpasuaso wɔ Ahafo Mantam mu wɔ Ghana ɛwɔ New Patriotic Party anan mu na ɔdi nkonim a ɔyaa 51%. Saa nkonim yi maa no yɛ mpre 3 a ɔkɔ mmarahyɛbagua sɛ mmarahyɛbaguani.

Akandi[sesa]

  • 2004–2008 Member, Governing Council, – Local Government Service Council
  • 2005–2008 Member – National Media Commission  
  • 2005–2008 Board Member – National Health Insurance Scheme, Kpeshie Sub- Metro, Accra                
  • 2002–2006 Chairperson, Development Sub-Committee  (Accra Metropolitan Assembly)
  • 2006–2008 Chairperson, Women & Children Sub-Committee (Accra Metropolitan Assembly)
  • 2006/2007 Founding Member and Vice President, Tertiary Students Academic Year Confederacy (TESCON), University of Ghana, Accra City Campus
  • 2008 Member, Communication Committee. New Patriotic Party, National Campaign Team
  • President and Founder, Women Supporters Union of Ghana

Kuo ɔkaho[sesa]

  • 31 October 2003 to date        Institute of Public Relations (IPR, Ghana) – Accredited Member.
  • October 2000 – October 2003 Institute of Public Relations (IPR) Ghana –  Associate Member
  • Ghana Journalists Association (GJA) – Affiliate Member

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. NPP Primaries: Hon. Freda Retains Tano North Constituency Seat (in English), 2015-06-15, retrieved 2023-05-20
  2. Freda Akosua Prempeh: A Ghanaian female politician and Member of Parliament for Tano North Constituency in the Brong-Ahafo Region, Ghana (1966-) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life, retrieved 2023-05-20
  3. Freda Akosua Oheneafrewo Prempeh, Biography, retrieved 2023-05-20
  4. Profile (in English), retrieved 2023-05-20
  5. Tano North MP Freda Prempeh sworn-in as AWCON LOC chair (in British English), 2017-09-28, retrieved 2023-05-20
  6. Ghana must bid to host AFCON 2019 – AWCON Chairperson says (in English), 2018-12-04, retrieved 2023-05-20
  7. Starrfm.com.gh (2018-01-18), We’re ready to host Women’s AFCON- Freda Prempeh | Starr Fm (in American English), retrieved 2023-05-20
  8. MPs (in American English), retrieved 2023-05-20
  9. Parliament of Ghana, retrieved 2023-05-20
  10. Parliament sheds tears over Circle disaster (in English), retrieved 2023-05-20
  11. List of Nominees for Ministers of State & Deputy Ministers (in British English), 2017-03-15, retrieved 2023-05-20