Felix Twumasi-Appiah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Felix Twumasi-Appiah
Member of Parliament
for Member of Parliament for MP for Sene
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
AnanmusiniKwame Twumasi Ampofo
Member of Parliament for MP for Sene
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Member of Parliament for MP for Sene
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoYaw Nana Otto
Ne ho asɛm
Awo bere30 August 1968 (1968-08-30) (age 55)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma2
Sukuu a w'akɔInstitute of Maritime Studies, Havana, Cuba
N'adwumaManager/Administrator
CommitteesChairman – Communications committee;

Ranking Member Government Assurances committee; Member - Appointments committee; Member, Roads & Transport committee; Member - Defense & Interior committee; Member - Health committee

Business Committee of the House

Felix Twumasi-Appiah Wɔwoo no wɔ Ɔsanaa bosome no ne da a ɛtoso aduasa wɔ afe apem ahankron ne aduosia-nwɔtwe no mu.(30th August 1968) ƆyɛGhana amanyɔni na ɔsan nso yɛ adwuma sɛ adwuma mu ɔhwɛsofoɔ ne adwuma mu dwumadie hwɛsofoɔ panin.


Abrabɔ ahyɛaseɛ ne Sukuu[sesa]

Twumasi Appiah wɔn woo no ɔw kuro bi a yɛfrɛ no Wiase a ɛwɔ Sene mansini no mu Sene District wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region) a ɛwɔ Ghana. Ɔkɔɔ sukupɔn wɔ Institute of Maritime Studies a ɛwɔ Havanna wɔ Cuba man no mu a ɛhɔ na onyaa Bsc.(Hons) abɔdin krataa wɔ mmaninnsɛm anaasɛ obi fa kwammɔne so nya ne ho wɔ Maritime Akwantusɛm nnosoatwe ho nsɛm ( Bsc.(Hons) in Exploitation of Maritime Transpotation).[1]

Adwuma ne Abrabɔ[sesa]

Twumasi-Appiah yɛ adwuma mu ɔhwɛsofoɔ ne adwuma mu dwumadie hwɛsofoɔ panin. W'ayɛ adwuma sɛ deɛ ɛfa nnwumakuo ho futufoɔ ɔbenenfo wɔ dwumadie bi mu (Corperate Consultant) wɔ Ta&a sɛ adwuma no mu ɔbenefoɔ futufoɔ panin wɔ Medivac(Gh) Ltd adwumakuo no mu, sɛ ɔboafoɔ panin a ɔde sika ahyɛ afutufoɔ abenfoɔ adwumakuo Westgate Investment Ltd dwumakuo ɛne sɛ adwuma mu ɔhwɛsofoɔ panin a ɔhwɛ sɛ nneɛma a adwumakuo no bɛ nya de ade di dwuma no wɔn nsa bɛ ka wɔ ne korɔeɛ ne ne mmaeɛ mu no nyinaa so wɔ dwumakuo bi a yɛfrɛ wɔn sɛ Reha-Medical Supply.[1] Ansaana waei mo nyinaa bɛba no na w'adi nkae ayɛ adwuma sɛ ɔpaninpaa ɔda akwantuo ne nsrahwɛ adwumakuo (travel and tour establishment) a yɛfrɛ wɔn sɛ TranstourGH Ltd no titenafoɔ, sɛ nnoɔmatam a wɔde ɛhyɛn afa ne nnoɔma kuradan so hwɛsofoɔ panin de ma AFGO(K.I.A) ɛne sɛ dwumadie mu torofoɔ panin wɔ Ghana Suhyɛn Gyinabea Tumikurafoɔ adwumakuo (Ghana Port and Harbour Authority). Ɔtumi ka Brofo kasa ne Spanish kasa.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani (Member of Parliament) de ma Sene abatoɔ mpɛsoaso a akyire no wɔn sesaa no bɛyɛɛ no Sene Atoeɛ abatoɔ mpɛsoaso (Sene West) de firi ɛyɛ mfie mpem mmienu de bɛ si mfie mpem mmienu ne du-mmienu (2000-2012).[2][3][4] sɛ na ɔyɛ ɛkuoba de ma National Democratic Congress a ɛno ne (NDC).[5]amanyɔkuo no. Ɛnam ɛno nti yɛɛ Mmarahyɛbadwani de ma Sene abatoɔ mpɛsoa no so a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso num wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu (4th Republic of Ghana).[6][7]

Abatoɔ[sesa]

2000 Abatoɔ

Wɔ mfie mpem mmienu Twumasi-Appiah de nkunim wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a wɔn toɔ sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Sene abatoɔ mpɛsoa no so wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu a ɛwɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana). Ɔdii nkunim wɔ National Democratic Congress(NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so. Ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwam nkonwa nson (7) a wɔn nya de firii nkonwa aduonu-baako (21) a New Patroitic Party(NPP)amanyɔkuo no dii nkunim wɔ so no wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu ( Brong Ahafo Region).[8][9][10] Ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) a yɛ twa no tiawa no nyaa mmarahyɛbadwam nkonwa no ketoa anaa sɛ ɛmu kumaa a na ne dodoɔ nyinaa yɛ aduokron-mmienu (92) ɛno ne deɛ wɔn nyaaeɛ de firii mmarahyɛbadwam nkonwa no aha-mmienu(200) no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[8] Wɔ abatoɔ no mu no, onyaa mma no mu mpem du-nnan, aha-num ne aduosia-nson (14,567) de firii ɛyɛ mma no mu mpem aduonu-baako,aha-nan ne aduisia-num (21,465) na ɛyii no wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[11][12] Waei ne ɔha mu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ,ɔha nkyekyemu aduosia-nwɔtwe ne akyiripɔ baako (68.1%) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu. Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so, lsaac Sunkwa-Hyeaman a na ɔfiri New Patroitic Party(NPP) a wɔn twa no tiawa sɛ NPP amanyɔkuo no mu,Geofery Agbo a na ɔno nso firi National Reform Party a ɛno no ne NRP amanyɔkuo no, Abukasim Tahiru a ɔfiri Convention People's Party a ɛno nso ne CPP amanyɔkuo no. Deɛ edidisoɔ yi ne nea wɔn mu biara nyaaeɛ mpem nnum, ɔha ne aduo-num mmienu (5,152),apem, aha-mmienu ne aduanan-nwɔtwe (1,248) ɛne aha-nan ne aduonu-nwɔtwe (428) waei ne mma a wɔn nyaaeɛ wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu. Na waei ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ, ɔha nkyekyemu aduonu-nan ne akyiripɔ baako (24.1%), ɔha nkyekyemu num ne akyiripɔ nwɔtwe (5.8%) ɛne ɔha nkyekyemu mmienu ne akyiripɔ hwee (2.0%).[11][12]


2004 Abatoɔ

Twumasi-Appiah wɔn sanso too aba maa no wɔ ne mprenusoɔ sɛ Mmarahyɛbadwani de ma Sene abatoɔ mpɛsoaso, akyire no wɔn too hɔ din sɛ Sene Atoeɛ fam abatoɔ mpɛsoaso a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region of Ghana) wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana abatoɔ a Ɔman mu no nyinaa toɔ no mu.[13][14] Ogyina hɔ maa saa mpɛsoa no so wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nan no wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[13][14] Wɔn de mma no mu mpem aduonu, aha-nson ne aduoson-nnum (20,775) na ɛyii no na onyaa saa mma no de firii ɛyɛ mpem aduonu-nkron, aha-nwɔtwe ne aduokron-nan(29,894) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[13][14] Waei ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduosia-nkron ne akyiripɔ aduonum (69.50%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[13][14] Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Sunkwa-Hyeaman Isaac a ɔfiri New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no mu ɛne Yushahu Hallaru Alhaji Yussif a ɔfiri Convention People's Party(CPP) amanyɔkuo no mu.[13][14] Awaeinom nso nyaa mpem nwɔtwe,aha-aduosia ne aduanan (8,640) ɛne aha-nan ne aduoson-nkron (479) wɔ mma dodoɔ a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[13][14] Waei nso ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ, aduonu-nwɔtwe ne akyiripɔ aduokron (28.90%) ɛne ɔha nkyekyemu baako ne akyiripɔ aduosia (1.60%).[13][14] wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu. Twumasi-Appiah wɔn to aba maa no wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so.[13][14] Ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwam nkonwa no mu ɛdu (10) de firii aduonu-nan (24) a na ɛno ne mmarahyɛbadwam nkonwa dodoɔ wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu ( Brong Ahafo Region) wɔ Ghana ɔman mu no nyinaa abatoɔ no mu.[15][16] Wɔ ne nyinaa mu no National Democratic Congress (NDC) na ɛnyaa mmarahyɛbadwam nkonwa no mu ketewa anaa sɛ kumaa a ne dodoɔ yɛ aduokron-nan (94) de firii aha-mmienu ne aduasa (230) a ɛno ne mmarahyɛbadwam nkonwa dodoɔ no nyinaa wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[15]


2008 Abatoɔ

Twumasi-Appiah Wɔn sanso too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani ne mpriensa soɔ a ɔgyina hɔ ma Sene abatoɔ mpɛsoa no so hɔ foɔ wɔ mfie mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ɔman Ghana abatoɔ a Ɔman mu no nyinaa toɔ no mu.[17][18] Ɔsanso gyina hɔ sɛ Mmarahyɛbadwani de maa saa mpɛsoa no so wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso num (5) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan (4) no mu.[17][18] Wɔn de mma mpem dummienu, aha-mmienu ne aduasa-mmienu (12,232) na yii no na onyaa waei de firii ɛyɛ mpem aduonu-num ahankron ne aduonu-nan (25,924 wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[17][18] Waei ne ɔha nkyekyemu susupɛn na ɛyɛ pɛ a ɛno ne ɔha nkyekyemu aduonum-nan ne akyiripɔ aduosia-nan (54.60%) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[17][18] Wɔn too aba maa no dii nkunim wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Mohammed Belinyi Abdulai a na ɔfiri New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no mu, Emmanuel Osei Ramson a na ɔfiri Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu, Opoku Senkyire Gabriel a na ɔno nso firi Democratic People's Party (DPP) ɛne Sumani Bapio Issahaku of the People's National Convention (PNC) amanyɔkuo no mu.[17][18] Deɛ ɛdidisoɔ yi ne mma a wɔn nyinaa nyaaeɛ mpem nkron, aha-nan ne aduanan (9,440), aha-nan ne aduoson (470), aha-mmiensa ne dunum (315) ɛne aha-mmiensa ne num (305) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[17][18] Waei ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ aduanan-baako ne akyiripɔ aduanan-nson ( 41.47%, ), ɔha nkyekyemu mmienu ne akyiripɔ nsia(2.06%, ), ɔha nkyekyemu baako ne akyiripɔ aduasa-nwɔtwe (1.38%) ɛne ɔha nkyekyemu baako ne akyiripɔ aduasa-nan (1.34%) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[17][18]Twumasi-Appiah wɔn sanso too aba maa no biom wɔ National Democratic Congress (NDC) tumi krataa so.[17][18] Ɛyɛ National Democratic Congress(NDC) amanyɔkuo no nyaa nkonwa nwɔtwe (8)na ɛde firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-nan (24) a na ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ saa afe no abatoɔ no mu.[13][14] Wɔ ne nyinaa mu no National Democratic Congress (NDC) na ɔnyaa mmarahyɛbadwam nkonwa dodoɔ a ɛno ne ɔha ne du-nan (114) de firii aha-mmienu ne aduasa (230) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoaso num wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[15](5th parliament of the 4th republic of Ghana)

Ankorankoreɛ Abrabɔ[sesa]

Twumasi-Appiah yɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma mmienu.[19] Ɔyɛ Kristoni na ɔne Owusɔre Tumi ne daa nkwa paanoo(Resurrection Power and Living Bread Christian Center) afakuo no na ɛsom. [19]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  2. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Sene West Constituency, retrieved 2022-09-15
  3. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Sene West Constituency, retrieved 2022-09-15
  4. "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  5. "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  6. Results Parliamentary Elections, retrieved 2022-09-15
  7. "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  8. 8.0 8.1 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-15
  9. "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  10. "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  11. 11.0 11.1 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  12. 12.0 12.1 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  13. 13.0 13.1 13.2 13.3 13.4 13.5 13.6 13.7 13.8 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  14. 14.0 14.1 14.2 14.3 14.4 14.5 14.6 14.7 14.8 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  15. 15.0 15.1 15.2 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  16. "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  17. 17.0 17.1 17.2 17.3 17.4 17.5 17.6 17.7 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  18. 18.0 18.1 18.2 18.3 18.4 18.5 18.6 18.7 "Felix Twumasi-Appiah", Wikipedia (in English), 2022-07-19, retrieved 2022-09-15
  19. 19.0 19.1 Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :7