Jump to content

Emelia Brobbey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Emelia Brobbey (wɔwoo no ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu) yɛ Ghana sinitwanii, ɔyɛ adwuma wɔ tɛlɛvision so sane yɛ nnwontoni.[1][2] Ɔno na afe no mu nyinaa Wɔyii no sɛ sinitwafoɔ a ɔda nso wɔ sinitwafoɔ no nyinaa mu ɛna wɔsane yii no sɛ sinitwanii a ɔyɛ boafoɔ wɔ afe no mu wɔ "City People" anigyeɛ abasobɔdeɛ wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia mu.[2][3] Ɔnyaa Ghana sinitwanii a ɔyɛ adeɛ ne obia ɔpɛ nnipa asɛm wɔ "3G" abasobɔdeɛ wɔ New York wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunnwɔtwe.[4] Ɔnyaa mfeɛ mpem mmienu ne dunkron ɔbaa sinitwanii a ɔyɛ adeɛ wɔ ZAFAA wiase nyinaa abasya "African Film Academy Awards" na ɛde maa no wɔ badwam.[5]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne nnwomasua.

[sesa]

Wɔwoo Emelia Brobbey wɔ ɔpɛpɔn bosome a ɛto so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu ɛna ɔnyinii wɔ Akyem Swedru a ɛwɔ apuiɛ mantam wɔ Ghana. Ɔwiee Akyem Swedru ntoasoɔ sukuu ɛna ɔtoaso kɔɔ "Presbytarian Teachers Training College". Ɔnyaa akyerɛkyerɛfoɔ"certificate A" wɔde Emelia kɔtoo Obuasi sɛ ɔnkyerɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ.[6] Ɛno akyire no obi de no wuraa sinitwa mu. Ɔsan nso wɔ nsɛmtwerɛ dwuma nkrataa, nnwomasua nkrataa wɔ "Human Resourse Management ne ICM" nkrataa wɔ nsɛmtwerɛ dwuma mu.[7]

Nnwom.

[sesa]

Ɔde nwom"Fa me kɔ" baa abɔten mfeɛ mpem mmienu ne dunkron.[8] Nnipa pii tweetwee no wɔ nwom a ɔde baa abɔten ɛne ne ne a na ɛnnyɛ no ho.[9] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no ɔsane de nwom foforɔ baa abɔnten "Ɔdɔ electric".[10]

Nnoɔma a watumi anya.

[sesa]

Wɔ ɔbɛnem bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no, Wɔyii no sɛ ɔmmɛyɛ ntamgyinani mma "Covid-19 National Trust Fund".[11]

Sini a watwa.

[sesa]
  • Asantewaa
  • Asɛm Asa
  • Seed of Rejection
  • Kae
  • Nkonyaa
  • Pain of True Love
  • Medimafo Tease.
  • Mansa, the pretty crying baby
  • Games of the heart.
  • Kofi Sika

N'abrabɔ mu nsɛm.

[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mu no, Emelia waree Dr Kofi Adu Boateng a ɛno na ɔda "End Point Homeopathy Clinic" ano nanso awarefoɔ yi gyae awareɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu.[12][13][14] Seesei deɛ ɔkura mma mmienu a ɔnnwareeɛ. Ɔwoo ne ba barima a ɔdikan no berɛ a ɔwɔ sukuu mu regye nteteɛ abɛyɛ ɔkyerɛkyerɛni. Ɔwoo ne ba barima a ɛtɔ so mmienu wɔ berɛ a ɔwaree Dr Kofi na ɔwoo no Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so du mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa mu.[6][15]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.

[sesa]
  1. ↑ "Actress Emelia Brobbey celebrates birthday with adorable photo". www.ghanaweb.com. Retrieved 15 April 2019
  2. 1 2 "Emilia Brobbery to sue colleague actress for defamation". Ghana Web. 7 March 2019. Retrieved 17 April 2019.
  3. ↑ Kemi Afolabi, OC Ukeje, Adedimeji Laleef among winners". Entertainment. 26 July 2016. Retrieved 16 April2019
  4. ↑ "PHOTOS: Emelia Brobbey at 3G Awards 2018". PrimeNewsGhana. 14 November 2018. Retrieved 1 December2019
  5. ↑ "Emelia Brobbey wins Best Actor Female indigenous 2019 at ZAFAA Global Award". GhKings. 28 November 2019. Retrieved 1 December 2019.
  6. 1 2 Mwendwa, Venic (29 November 2020). "Emelia Brobbey biography: husband, wedding, children, house, movies, songs". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 19 May 2021.
  7. ↑ Actress Emelia Brobbey to put smiles on needy faces - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 16 April 2019.
  8. ↑ "Actress Emelia Brobbey's 'fame ko' song generates social media buzz". Graphic Online. Retrieved 25 January 2020
  9. ↑ Tabernacle, Mr (14 October 2020). "Don't listen to my music if you think it is bad – Emelia Brobbey". GhPage. Retrieved 3 May 2021.
  10. ↑ Emelia Brobbey features Wendy Shay in new song 'Odo Electric'". www.myjoyonline.com. Retrieved 25 January2020.
  11. ↑ "Nana Ama Mcbrown, Israel Laryea, Reggie Rockstone named as first batch of Covid-19 Trust Fund Ambassadors - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 30 March2021.
  12. ↑ Mwendwa, Venic (29 November 2020). "Emelia Brobbey biography: husband, uwedding, children, house, movies, songs". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 19 May 2021
  13. ↑ "Emelia Brobbey Profile, Married, Husband, Children, Other Facts". BuzzGhana - Famous People, Celebrity Bios, Updates and Trendy News. 31 January 2014. Retrieved 19 May2021
  14. ↑ "I am still single, I'm not married" -Emelia Brobbey (Video)". GhPage. 28 January 2019. Retrieved 19 May2021
  15. ↑ "Emelia Brobbey Profile, Married, Husband, Children, Other Facts". BuzzGhana - Famous People, Celebrity Bios, Updates and Trendy News. 31 January 2014. Retrieved 19 May2021.