Edward Osei-Kwaku

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Onionyamfoɔ
Edward Osei-Kwaku
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Asokwa West
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 1997 – Ɔpɛpɔn 6, 2005
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAngelina Osei-Kwaku
MmaAlison Osei-Kwaku, Eva Ando Poku, Irene Amankrah, John(Edward) Osei-Kwaku, Laydi Antwi
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaLɔyani

Edward Osei-KwakuGhana mmarani ne amanyɔnni. Na ɔsom sɛ asoeɛ a wɔhwɛ amanpaninfoɔ nsɛm so abadiekyiri, san so yɛ asoeɛ wɔhwɛ mmabunu ne akorɔdie nsɛm so berɛ a na Kufour wɔ aban mu no. Ɔsan nso som sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Asokwa Atɔeɛ mpasua firii Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997) de kɔsi Ɔpɛpɔn bosom da ɛtɔ so nsia wɔ afe mpem mmienu ne num (2005).[1]

Ne nnwomasua[sesa]

Na Osei-Kwaku yɛ adesuani wɔ Adisadel Kɔlegye (Cape Coast) na ofirii hɔ no ɔnyaa abodin krataa ɛwɔ mmara mu wɔ University of Ghana.[1]

N'adwuma[sesa]

Na ɔwɔ amanyɔsem mu no, na Osei-Kwaku san yɛ adwuma sɛ mmarani ma Afriyie asoeɛ.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Osei-Kwaku yɛ kuoba de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP), ɔsom sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Asokwa Atɔeɛ mpasua no firii Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson de kɔsi Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ nsia, afe mpem mmienu ne hum (7 January 1997 - 6 January 2005). Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ no, ɔnyaa mma mpem aduanan mmienu, ahanson ne aduasa nan (42,734) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum mmienu akyiri pɔ nson (52.7%) nna mfe mpem mmienu Ghanaman nyinaa abatoɔ no ɔnyaa mma mpem aduanan nwɔtwe,[3] ahanson ne aduasa nwɔtwe (48,738) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson nan akyiri pɔ num (74.5%).[4] Berɛ a Kufour aban wɔ so no, wɔyii no sɛ asoeɛ a wɔhwɛ aban nsɛm so abadiekyiri na ɔsan nso kɔyɛɛ asoeɛ wɔhwɛ mmabunu ne agorɔkansie nsɛm soɔ. Berɛ a na ɔyɛ panin a ɔhwɛ mmabunu ne agorɔkasie nsɛm so no, ɔhwɛɛ sɛ ɔbɛboa ama Ghana akɔ mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) CAN akorɔkansie no bi. Ɔsan nso boa ma wɔyɛɛ Ghana akorɔpaman titiri no yie, Nkran akorɔpaman (Accra Sport Stadium) so ne Kumasi akorɔpaman so (Baba Yara Stadium).[1]

N'abrabɔ[sesa]

Na Oseu-Kwaku yɛ Kristoni san so yɛ kuoba wɔ St Cyprian Anglican asɔre wɔ Ghana. Owuu wɔ Benada Ɛbɔ bosom da a ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ afe mpem mmienu ne num mu (13 September 2005).[1]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Tribute to Honorable Edward Osei-Kwaku". www.ghanaweb.com. 24 September 2005. Retrieved 29 August 2020.
  2. "Ghana Telephone Directory : Osei Kwaku Edward, Kumasi". www.ghanaweb.com. Retrieved 29 August 2020.
  3. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results – Asokwa West Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 29 August 2020.
  4. FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results – Asokwa West Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 29 August 2020.