Ebenezer Ako-Adjei

Ɛfi Wikipedia

Dr. Ebenezer Ako Adjei (firi Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so dunson wɔ afe apem ahankron ne dunsia(1916) mu de kɔ si Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so dunan wɔ mfeɛ mpem mmienu(2000) na ɔyɛ Ghanani, amanyɔni, mmaranimni, ne nsɛmtwerɛni. Ɔka wɔn a wɔtee United Gold Coast Convention(UGCC) amanyɔkuo ho, amanyɔkuo a adii kan baa Ghana(kane Gold Coast). Sɛ nnipa a ɔka ɔman Ghana teɛ ho no, na ɔka UGCC mpanimfoɔ wɔkyee wɔn too afiase berɛ a na ɔman Ghana ɛpire pɛ mfahodie afiri Britainfoɔ no nsam, kuo a na wagye din yie pa ara wɔfrɛ no The Big Six.