Dominic Azimbe Azumah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Dominic Azumah
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Garu – Tempane
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
OdikanfoNew
AnanmusiniJoseph Kojo Akudibilah
Bere
7 January 2005 – 6 January 2017
OdikanfoJoseph Kojo Akudibilah
AnanmusiniAkuka Albert Alalzuuga
Ne ho asɛm
Awo bere10 January 1950 (1950-01-10) (age 74)
Garu
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔInstitute of Local Government Studies
N'adwumaAccountant

Dominic Azimbe Azumah About this soundsɛnea yɛbɔ "Dominic Azimbe Azumah"  (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 1, 1950) yɛ Ghana manyɔni a na ɔka Ghana mmarahyɛbedwa a edi kan, nea ɛtɔ so mmienu, nea ɛtɔ so nnan, nea ɛtɔ nnum ne nea ɛtɔ so nsia no ho.Na ɔyɛ ananmusini ma Garu-Tempane Abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atifi-Atɔɛ Mantam wɔ National Democratic Congress amanyɔkuo no din mu.[1][2][3]

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Azumah wɔ Ɔpɛpɔn 1,1950. Ofiri Garu a ɛwɔ Atifi-Atɔɛ Mantam wɔ ɔman Ghana mu.[1] Onyaa n'abasobɔdeɛ krataa wɔ Local Government Administration mu wɔ Institute of Local Government Studies a ɛyɛ suapɔn wɔ Ghana.[1]

Adwuma[sesa]

Azumah yɛ nkontaabufoɔ.

Amanyɔsɛm[sesa]

Azumah yɛ National Democratic Congress amanyɔkuo no muni. Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbedwani bere a edi kan wɔ Ɔpɛpɔn, 1993. Woyii no bere a wɔtoo Ghana 1992 Mmarahyɛbedwafoɔ Abatoɔ no.[1] Ɔkɔɔ so ara yɛɛ mmarahyɛbedwanii kosii sɛ wɔtoo aba maa Owura Akuka Albert Alalzuuga sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ saa Abatoɔ Mpɛsoa no so. Wɔ afe 2004 abatoɔ mmere no mu no, ɔsan gyinaa sɛ mmarahyɛbedwanii ma n'abatoɔ mpɛsoa no. Saa bere yi wɔpaw no, na ɔbɛkaa mmarahyɛbadwafoɔ a wɔwɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mu wɔ Ɔpɛpɔn 2005.[1] Ɔkɔɔ so ara tenaa mmarahyɛbedwafie kosii Ɔpɛpɔn 6,2017 na Owura Akuka Albert a ɔno nso yɛ National Democratic Congress amanyɔkuo no ho no bɛtoaa n'adwuma no so.

Wɔpaw Owura Azumah sɛ 'Minister of State' wɔ Ɔmanpanyin Atta Mills amamuo ase wɔ afe 2012 mu.[2]

Abato[sesa]

Wɔ 1992 Ghana Mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimma 29, 1992 no mu no, woyii Owura Azumah kaa mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a no ho.Eyi maa no bɛkaa mmarahyɛbedwafie a edi kan wɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan a wɔhyɛɛ aseɛ Ɔpɛpɔn 7,1993 no ho.

Wɔ aba a wɔtoo no afe 2000 mu no, Azumah dii nkoguo maa diberɛ no firii ne nsa. Ɔsan nyaa diberɛ no bere a wɔtoo afe 2004 Mmarahyɛbedwafoɔ aba no na ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbedwani maa Garu-Tempane Abatoɔ Mpɛsoa no. Na ɔka National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no ho.[4] Wɔ abatoɔ mpɛsoa dumiɛnsa(13) a ɛwɔ Apuei Atɔɛ Mantam a wɔtoo aba wɔ so no, National Democratic Congress amanyɔkuo no nyaa emu nkron(9) a na Garu-Tempane Abatoɔ mpɛsoa no ka ho.[5]

Wɔ 230 abatoɔ mpɛsoa a wɔtoo aba wɔ so no,National Democratic Congress amanyɔkuo no nyaa emu 94 na eyi maa wɔbɛyɛɛ kuo ketewa a na ɛwɔ mmarahyɛbedwafie.[6] Na aba dodoɔ a wɔtoo wɔ Azumah abatoɔ mpasua so no yɛ 34,020 na onyaa emu 18,705.[4] Na eyi yɛ aba a wɔtoe no nyinaa ɔha mu nkyemu aduonum- num(55). Wɔn a Azumah ne wɔn sii akan no ne Pullam William a na ɔyɛ People's National Convention amanyɔkuo no muni,Joseph Akudbillah a na ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no muni ne Anabah Joseph Benibah a na ɔyɛ Convention People's Party n muni. Pullam nyaa ɔha mu nkyem 5.5, Joseph nyaa ɔha mu nkyem 38.4 na Anabah nso nyaa ɔha mu nkyem 1.1 wɔ aba a wɔtoe no nyinaa mu.[4]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Azumah yɛ Kristoni(Catholic). W'aware wɔ mma nnan.[1]

Beae a minyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 https://ghanamps.com/mps/details.php/?id=100
  2. 2.0 2.1 https://www.modernghana.com/news/377166/i-dont-know-my-job-dominic-azumah-tells-vetting.html
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Former-MP-others-fight-Adongo-over-Bolgatanga-Central-seat-763305
  4. 4.0 4.1 4.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/uppereast/171/index.php
  5. https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/president/index.php