Daniel Titus-Glover

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Daniel Nii Kwartei Titus Glover
MP
Deputy Minister for Transport
Bere
March 2017 – January 2021
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
OdikanfoJoyce Bawah Mogtari
Member of Ghana Parilament
for Tema East Constituency
Bere
January 2013 – January 2021
OdikanfoSamuel Evans Ashong Narh
AnanmusiniIsaac Ashai Odamtten
Ne ho asɛm
Awo bere28 August 1966 (1966-08-28) (age 57)
Asere-Ga Mashie, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
Warwick University

Daniel Nii Kwartei Titus Glover (wɔwoo no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so Aduonu nwɔtwe, afe Apem Ahankron ne Aduosiq-nsia -1966) yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ Tema Apueiɛ mansin no mmarahyɛbadwani. Ɔyɛ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) no mu ni. Ɔsan yɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ akwantuo ho nsɛm so wɔ Ghana no Abadiakyire.[1][2][3]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Daniel Nii Kwartei Titus Glover (wɔwoo no 28 Ɔbɛnem 1966) yɛ Ghana amamyɔni na ɔyɛ Tema Apueiɛ amansin no Mmarahyɛbadwani . Ɔyɛ New Patriotic Party no mu ni na ɔno ne

ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ akwantuo so wɔ Ghana.


Wɔwoo Glover wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so Aduonu nwɔtwe, afe Apem Ahankron ne Aduosiq-nsia -1996) wɔ Asere-Ga Mashie a ɛwɔ Nkran punpuni mantam no mu.[4]


Glover kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ N'asete ntoasoɔ sukuu a ɛwɔ Nungua 'Nungua Presbyterian Secondary School' no mu wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔwɔtwe -baako (1981). Ɔsuaa adeɛ na ɔnyaa ne ( ordinary level certificate) wɔ (Presbyterian Boy’s Senior High School), Legon wɔ afe Apem Ahankron ne Aduɔwɔtwe -mmienu (1982) afe Apem Ahankron ne Aduɔwɔtwe -nsia (1986) ntam. Ɔtoaa so wɔ Accra Academy kokoam firi afe Apem Ahankron Aduɔwɔtwe -nson (1987) de kɔsi afe Apem, Ahankron ne Aduɔwɔtwe -nwɔtwe (1988). Onyaa ne (Advanced Level Certificate). Glover wɔ abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Warwick Sukuupɔn, Coventry. Ɔsan nso wɔ adansedi krataa a ɛkyerɛ sɛ wakɔ sukuupɔn wɔ Ruskin College, Oxford, ne abɔdij krataa wɔ adwumayɛ ho adesua mu firii University of Cape Coast.[5]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔyɛ Miracle Life Gospel Asɔre no mu ni. Ɔwaree na ɔwɔ mma nan.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Glover yɛ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (NPP) no mu ni. Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne mmienu (2012) mu no, ɔdii nkonim wɔ Tema Apueeɛ nkondwa so wɔ NPP tekiti so wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu.[7]

Ɔsii akan wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu 2020 , Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwani New Patriotic Party tekiti so .[8] na ɔhweree n’akongua maa nea ɔne no reko wɔ National Democratic Congress (Ghana) no, Isaac Ashai Odamtten

Adwumayɛ[sesa]

Ɔyɛ adwuma sɛ nnipa adwumayɛfoɔ sohwɛfoɔ ma Ken City Media Ltd.[9]

Ɔyɛ adwuma sohwɛfoɔ/HR adwumayɛfoɔ.[10]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Samuel Obour (15 March 2017), Here are all the 50 deputy ministers that Akufo-Addo has just appointed (in English), retrieved 3 October 2023
  2. Kojo Akoto Boateng (15 March 2017), Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state (in American English), retrieved 3 October 2023
  3. Akufo-Addo picks deputy ministers (in English), 20 February 2017, retrieved 3 October 2023
  4. Parliament of Ghana, retrieved 3 October 2023
  5. Parliament of Ghana, retrieved 3 October 2023
  6. MPs (in American English), retrieved 3 October 2023
  7. MPs (in American English), retrieved 3 October 2023
  8. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 3 October 2023
  9. MPs (in American English), retrieved 3 October 2023
  10. MPs (in American English), retrieved 3 October 2023