Cled Mawuko Kwasi Sowu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Cled Mawuko Kwasi Sowu
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ
Anlo mpɛsoa so
Bere
7 Ɔpɛpɔn 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Anlo mpɛsoa so
Ne ho asɛm
Awo bere
Cled Mawuko Kwasi Sowu

15 Oforisuo 1905
Volta Region Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress(NDC)
N'adwumaAmanyɔni

Cled Mawuko Kwasi SowuGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Anlo abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Firaw Mantam.

Ne mmofraberem[sesa]

Wɔwoo Sowu wɔ Tegbi a ɛwɔ Ghana Firaw Mantam.[1] Wɔwoo no 15 Oforisuo 1905.[1] Ɔfiri Tegbi a ɛben Keta a wɔ firaw mantam mu, Ɔkɔɔ sukuu wɔ Mfantsipim sukuu a ɛwɔ Mfimfini mantan Cape Coast.[2][3] Squadron kandini Sowu gyee nteteeɛ firii Royal Air Force asrafoɔ hɔ wɔ 1958 ɔno ne Ghanani a ɔdikan hure firii soro bɛsii fam. Ɔfaa no sɛ ɔsrani wɔ afe 1961 na ɔgyee no tumm wɔ Ɔpɛnimaa 4, 1962. Ɔkɔɔ nahomegeɛ mu wɔ Ɛbɔ 18, 1973.

[4]

Nwumasua[sesa]

Ɔkɔɔ suapɔn wɔ London ɛhɔ na ɔnyaa ne bakyela degree. Ɔfiri hɔ na ɔkɔɔ Granfield kolege a ɛyɛ Aeronautics ne Harvard suapɔn kɔ yɛɛ ne maseta.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛtoo aba maa Sowu kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ National Democratic Congress(NDC) din mu. Wɔpaw no de ma Anlo abatoɔ mpesua wɔ Ɔpɛnimaa 1996 Ghana abatoɔ mu. Onyaa 36,479 mma efi mma a wɔtoo nyinaa mu. Eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduowɔtwe nsɔn (87.40%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Clemence Kwami Abotsi, Felix Yao Tettey ne Napoleon Agobada. Wonyaa mma 630 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduonu mmienu (1.50%), mma 537 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm dunsɔn (1.30%) ne hwee. Wɔgyinaa wɔ Indepenent candidate, New Patriotic Party(NPP) ne independent candidate ananmu.[6]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Sowu yɛ Kristoni.[1]

Ne wuo

Ɔwuu wɔ Ɔpɛnmaa 4, 2010, wɔ ne fie a ɛwɔ East Legon, Nkran.[7] Ɔnyaa mfeɛ 78.[4]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanamps.com/mp/mawuko-sowu-kwasi-cled/
  2. "Sowu To Be Burnt". www.ghanaweb.com (in English). Retrieved 2020-05-16.
  3. "Clend Sowu is dead – Today Newspaper" (in American English). Retrieved 2021-01-12.
  4. 4.0 4.1 "Clend Sowu Laid To Rest". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-05-16.
  5. Ghana Parliamentary Register 1992-1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 369.
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/volta/188/
  7. "Squadron Leader Clend Sowu is dead". MyJoyOnline.com (in American English). 2010-12-04. Retrieved 2020-05-16.