Christian Egba

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox Fußballspieler Christian Ayew Egba Ghana bɔɔlɔbɔni a wɔwoo no Kotonimma da a ɛtɔ so aduonu-nson, afe apen ahankron aduonwɔtwe nsia (27/25/1986) wɔ Kumasi, Ghana.[1]

N'abrabɔ[sesa]

Ɔbɔɔ Ghana bɔɔlɔbɔ kuo a ne din de Nania FC a ɛwɔ Legon, Accra-Ghana kɔsi afe 2007. Baabi ɔsii nakan wɔ afe 2008 deɛ antɔ dwa. Ɔsii akan maa Osotspa-Saraburi FC[2] a ɛwɔ Thailand Ɛfiri afe 2009 kɔsi 2010. afe 2010 mpaemu no ɔfirii Osotspa-Saraburi FC kɔsii akan maa Singhtarua FC a ɛwɔ Bangkok wɔ berɛ na saa bɔɔlɔbɔ kuo mmienu ani nhyia koraa. Ɔtɔɔ so kɔɔ Navy FC wɔ afe 2011 mu nso kɔsii akan kakra. Ɔfirii hɔ kɔɔ Philippines kɔdɔm Kaya FC-Iloilo[3] a ɛwɔ Ilolo wɔ berɛ a Navy FC firii akansie kuo a na ɛwɔ soro no mu kɔɔ deɛ ɛtɔ so mmienu no mu no. Wɔ Kaya FC no wɔn bɔɔ wɔn ho mmɔden dii nkonim gyee national cup agokaknsie no sii wɔn nan so.[4] Ɛfiri Ɔpɛpɔn da ɛdi kan wɔ afe apem ahanu ne du-nsia (1/01/2016) no, Christian mfaa ne ho mmɔɔ bɔɔlɔbɔ kuo biara ɛreyɛ akyerɛ sɛ be bɔɔlɔbɔ no reyɛ ba awieɛ.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Christian Ayew", Wikipedia (in German), 2022-10-21, retrieved 2023-11-27
  2. Christian Ayew :: Spieler-Profil :: fussballzz.de (in German), retrieved 2023-11-27
  3. Christian Egba (in English), retrieved 2023-11-27
  4. Christian Ayew - Spielerprofil | Transfermarkt, retrieved 2023-11-27