Charles Ageve

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Charles Agbeve
MP
Member of the Ghana Parliament
for Agotime-Ziope Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoJuliana Azumah-Mensah
Ɛdɔm keseɛ16,484[1]
Ne ho asɛm
Awo bereJuly 21, 1970 (1970-07-21) (age 53)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Charles Akwesi Agbeve (wɔwoo no 21 Ɔpɛpɔn 1970) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe a ɛwɔ Ghana adehyeman a Ɛto so nan no mu ni a ɔgyina Agotime-Ziope Mansin ananmu wɔ Volta Mantam mu wɔ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC tekiti so.[2][3][4]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Charles Agbeve wɔ Ziope Honugo wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Charles Agbeve twaa ne Common Entrance Examination wɔ afe 1982 mu a ɛmaa ɔtumi nyaa ne Ordinary Level wɔ afe 1987 mu ne Advanced Level wɔ afe 1989. Afei ɔkɔɔ so nyaa ne Bachelor of Science(Bsc) ne Maths Diploma In Education wɔ afe 1995 mu wɔ University of Cape Coast. Charles Agbeve kɔɔ so nyaa ne Master of Business Administration – Finance Option (Akwahosan Insurance) wɔ afe 2002 mu wɔ Ghana Suapɔn, Legon – Ghana. Charles Agbeve nso nyaa ne Master of Arts (Sikasɛm Nhyehyɛeɛ Ho Dwumadie) firi afe 2017–2018.[5][6]

Adwuma[sesa]

Charles Agbeve yɛɛ Nkontaabu ne Nyansahu Ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Ghanatta Senior High School. Charles Agbeve nso ayɛ adwuma sɛ Adwadie sohwɛfoɔ wɔ Ghana Alumnium Products Limited. Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam /Kuropɔn sohwɛfoɔ wɔ Ɔman Akwahosan Insurance Authority, Ho Municipal Office firi afe 2009 kɔsi afe 2016. Mprempren Charles Agbeve reyɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwani (MP) ama Agotime-Ziope Mansin firi afe 2021 kɔsi afe 2025.[7]

Amammuo asetena[sesa]

Wɔ afe 2015 mu no, Charles Agbeve sii akan na ɔdii nkonim wɔ NDC mmarahyɛ badwa primaries mu maa Agotime-Ziope abatoɔ mpesua no wɔ Volta mantam no mu wɔ Ghana. Charles Agbeve nso dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa atenaeɛ wɔ ne mansin mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛka Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no ho. Ɔsan dii nkonim bio de abatoɔ no mu mma 19143 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (87.80%)[13] wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti a wɔde bɛka Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nwɔtwe (8) a ɛyɛ mprempren Mmarahyɛ Badwa no seesei kɔsi afe 2025 no so.[8][9]

Wɔ afe 2019 mu no, ɔne Mmarahyɛ Badwa no mufoɔ foforɔ kɔsraa Tepa, kɔsrasra Kumawu Sekeyere Mansini Ayaresabea a wɔagyaa hɔ ne Fomena Mansini Ayaresabea no de baa awieeɛ sɛ ɛsɛ sɛ Aban no hwɛ akwahosan asoɛeɛ so.[10]

Abadwakuo ahodoɔ[sesa]

Charles Agbeve yɛ Aban Awerɛhyem Badwakuo ne Akwahosan Badwakuo a ɛwɔ Mmarahyɛ Badwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Adehyeman a Ɛto so nan no muni.[11][12]

Akyinnyegyeɛ ne mmara mu asɛm[sesa]

MP Charles Agbeve hyɛɛ IGP George Dampare sɛ ɔnhwehwɛ asɛm bi a wɔsusu sɛ ɛyɛ polisifoɔ atirimɔdensɛm a ɛmaa ɔbarima bi a wadi mfeɛ aduasa wuiɛ.[13] Wɔkaa saa asɛm yi bere a owufoɔ Felix azibodzi abusua no ka sɛ, wɔkyeree no sɛ ɔka kar a wɔkyeree ho asɛm bi ho wɔ Ho, bere a wɔdaadaa no kɔɔ nhwehwɛmu nsɛm bi mu akyi.

Ankorankoro asetena[sesa]

Charles Agbeve yɛ Kristoni.[14][15]

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Parliamentary Results for Agotime-ziope". www.ghanaweb.com. Retrieved 11 January 2021.
  2. Charles Agbeve, Biography, retrieved 2023-10-02
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  5. Charles Agbeve, Biography, retrieved 2023-10-02
  6. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  7. Agbeve, Akwasi Charles (in American English), retrieved 2023-10-02
  8. Agbeve, Akwasi Charles (in American English), retrieved 2023-10-05
  9. Coverghana.com.gh (2020-12-17), Election 2020: Breakdown of parliamentary seats won by NDC (in American English), retrieved 2023-10-05
  10. BusinessGhana, retrieved 2023-10-05
  11. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-05
  12. GNA (2023-02-28), NDC Primaries: Incumbent MP Charles Agbeve goes unopposed (in American English), retrieved 2023-10-05
  13. Ho: Agotime-Ziope MP calls on IGP to probe suspected police murder of his constituent (in American English), 2023-08-24, retrieved 2023-10-05
  14. Agbeve, Akwasi Charles (in American English), retrieved 2023-10-05
  15. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-05