Juliana Azumah-Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Juliana Jocelyn Azumah-Mensah (wɔwoo no 15 June 1950) yɛ Ghana amanyɔni ne ɔyarehwɛfoɔ . Ná ɔyɛ Ɔsoafo a ɔhwɛ Mmea ne Mmofra Nsɛm So . Ɔsan yɛ mmrahyɛbagua ni a ɔhwɛ Ho Apuei amansin so .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Juliana Azumah-Mensah wɔ Koforidua, Ghana Apuei Fam Mantam ahenkurow mu. Wɔ 1956 ne 1964 ntam no, ɔkɔɔ Roma Katolek Mfitiase ne Mpɔtam Hɔ Mfinimfini Sukuu a ɛwɔ Agortime-Kpetoe wɔ Volta Mantam mu no . Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ OLA Girls Senior High School (Ho) wɔ Ho, Volta Mantam no ahenkuro, faako a ɔnyaa GCE Ordinary Level wɔ 1969 mu.

Ɔkɔɔ United Kingdom faako a ɔtetee ne ho wɔ Ipswich East Anglia School of Nursing wɔ Ipswich, Suffolk . Ɔfatae wɔ August 1973 mu sɛ Ɔman no Ayarehwɛfo a Wɔakyerɛw Wɔn Din . Afe biako akyi no, ɔtetee ne ho wɔ Awogye ho wɔ Saint Peter Ayaresabea a ɛwɔ Chertsey wɔ Surrey, na owiee sukuu wɔ August 1975 mu sɛ Ɔman Awogyefo a Wɔagye Din .

Ɔde ne din kɔhyɛɛ Birmingham Sukuupɔn mu kɔyɛɛ adesua akyi adesua, na ɛmaa onyaa MSc wɔ Akwahosan Ho Nsɛm ne Adwumayɛ mu wɔ October 1997.

Adwuma[sesa]

Azumah-Mensah fii ase yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo panyin wɔ Ministry of Finance and Economic Planning wɔ afe 1969 mu. Ofii hɔ kɔyɛɛ adesua foforo wɔ UK wɔ afe biako akyi. Afei ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔyarehwɛfo ne awogyefo wɔ ayaresabea ahorow mu wɔ UK .

Otu kɔɔ Saudi Arabia, faako a ɔyɛɛ adwuma wɔ King Abdulaziz Sukuupɔn Ayaresabea wɔ 1978 ne 1984 ntam hɔ. Ɔsan kɔɔ UK, na ɔyɛɛ adwuma wɔ Mayday Sukuupɔn Ayaresabea wɔ afe 1984 ne 1987 ntam hɔ

Ɔsan baa Ghana wɔ afe 1988 mu na ɔyɛɛ adwuma mfeɛ mmienu sɛ Principal Nurse wɔ Ho Diocese. Wɔ afe 2001 ne 2005 ntam no, ɔne Katolekfo Akwahosan Dwumadibea yɛɛ adwuma. Na ɔde no akɔtena Ho, faako a ɔsom sɛ Ɔkyerɛwfo Panyin/Akwahosan Dwumadibea sohwɛfo wɔ Ho Asɔre no mu ne Ɔmantam no sohwɛfo a ɔhwɛ nkitahodi so.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Juliana Azumah-Mensah sɛ mmrahyɛbaguani maa Ho Apueeɛ Mantam no wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ afe 2004 mmrahyɛbagua abatoɔ mu na ɔdii n’akongua wɔ Ɔpɛpɔn 2005 . Ɔkɔɔ so kuraa n'akongua so wɔ afe 2008 abatow no mu .

Ɔmanpanyin John Atta Mills na odii kan paw no sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ nsrahwɛ so wɔ afe 2009. Wɔde no kɔɔ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Mmea ne Mmofra Nsɛm so wɔ Ɔbɛnem 2010, kɔsii afe 2012.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baanu. Ɔfiri Agortime-Kpetoe a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.

Hwɛ nso[sesa]

  • Mills aban asomfo din a wɔahyehyɛ
  • Ho East (Ghana mmrahyɛbagua no mantam) .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]