Bernice Adiku Heloo

Ɛfi Wikipedia

Bernice Adiku Heloo (wɔwoo no ɛbɔ bosome no da a ɛtɔ so 24, wɔ afe 1954)[1] yɛ Ghana amanyɔni ne kane mmarahyɛbadwani ma Honoe mpɛsoa no.[2]

Hon.
Dr. Bernice Adiku Heloo
Member of the Ghana Parliament
for Hohoe
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
AnanmusiniJohn Peter Amewu
Former Deputy Minister for Environment, Science and Technology and Innovation
Bere
2013–2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere
Bernice Adiku Heloo

24 September 1954 (1954-09-24) (age 69)
Hohoe, Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaDevelopment expert
CabinetMinister
CommitteesAppointments Committee

Abrabɔ Ahyɛase[sesa]

Wɔwoo Heloo wɔ Hohoe, Volta Mantam mu, a ne awofoɔ ne Rev. E. T. Adiku ne Comfort Adiku.

Nnwomasua[sesa]

Heloo kɔɔ Mawuli Sukuu ne OLA Mmabaa Ntoaso Sukuu, Ho. Ɔnyaa BA wɔ nyamesom adesua mu ne MPhil wɔ mpaninfoɔ nwomasua mu wɔ Ghana Suapɔn mu. Ɔsan nso nyaa M.Ed. wɔ mpanyimfo nhomasua mu no, akenkan ne akyerɛw ma nkuraase nkɔso fi Manchester Sukuupɔn mu. Ɔnyaa ne oduruyɛfoɔ abodin krataa wɔ amammuisɛm mu sikasɛm mu wɔ Switzerland Management Center Suapɔn mu.[3]

Adwuma[sesa]

Heloo yɛ Society For Women and AIDS in Africa no titrani a atwam ntɛm ara na ɔhyehyɛɛ Prolink, NGO bi a ɛwɔ Ghana. Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Hohoe mansisni.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwamni

Na Heloo yɛ nnipa kakraa bi wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia(6) no mu. Na ɔyɛ mmarahyɛbawani ma Hohoe, Volta Mantam firi Ɔbɛnem 7, 2013, de bɛsi nnɛ; eyi ne n’ahenni afe a ɛto so abien.[4] Sɛ mmarahyɛbawani a ɔhwɛ Hohoe Mantam so no, Heloo kasa tiaa Ghana ɔmanpanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo sɛ wanka Takoradi mmeawa a wɔkyeree wɔn sie no ho asɛm wɔ afe 2019 ɔman no tebea mu ɔkasa no mu.[5]

Soafoɔ Abadiakyiri

John Dramani Mahama na ɔpaw no wɔ mfeɛ 2013 mu sɛ ɔnyɛ soafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, nyansahu ne mfiridwuma ne nneɛma foforo so. Ɔsomm wɔ saa dwumadie no mu wɔ John Mahama nnisoɔ mu firi afe 2013 kɔsi afe 2017.[6][7][8]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Heloo yɛ kristoni na w'aware.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20161130223825/http://www.parliament.gh/parliamentarians/330
  2. Fred Quame Asare (2021-05-16), Former Hohoe MP and Pencils of Promise partner to give Gborxome M/A Basic School a 6-unit classroom block - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2023-10-12
  3. 3.0 3.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-12
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-12
  5. ghananewsagency.org, retrieved 2023-10-12
  6. https://www.graphic.com.gh/news/politics/ndc-advised-against-voting-skirt-and-blouse.html
  7. Ghana Deputy Minister highlights progress in PCB Project (in English), retrieved 2023-10-12
  8. The ICAITM 2016 conference kicks off (in British English), 2016-04-28, retrieved 2023-10-12