Benita Sena Okity-Duah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Benita Sena Okity-Duah(wɔwoo no Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so du nkron wɔ afe apem ahankron ne aduoson nsia) yɛ Ghana adepamfoɔ, amanyɔni ne ɛnkane mmarahyɛbedwani ma Ledzokuku mpɛsoa wɔ Nkran pupuni mantam.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Wɔwoo no wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so du nkron wɔ afe apem ahankron ne aduoson nsia wɔ Anloga a ɛwɔ Fram mantam wɔ Ghana.[2] Ɔnyaa "Miss Ghana Pageant" wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson berɛ a na ɔyɛ ɔsuani a wadi mfeɛ aduonu.[3] Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Achimota sukuu wɔ Nkran. Ɛno akyire no akɔsua adepam wɔ "London School of Fashion" mfeɛ nan.[1]

Nnwuma.[sesa]

Ɔsane baa Ghana mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa, ɛfiri hɔ no ɔbɔɔ no ho mmɔden wɔ Ghana adepamfoɔ dwumayɛkuo no mu.[4]

Amanyɔsɛm.[sesa]

Benita de ne diberɛ a na ɔkura sɛ "Women's Organizer" ma kyineɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" ma Ledzokuku mpɛsoa a ɛwɔ Nkran pupuni mantam too hɔ. Ɔkɔgyinaa hɔ maa n'amanyɔkuo berɛ a na wɔrebɛtɔ aba ɛna ɔmaa saa berɛ mmarahyɛbedwani Nii Nortey Dua a na ɔwɔ so dii ntwo ɛna ɔgyinaa hɔ maa kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" wɔ ne mpɛsoa so. Ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu abatoɔ na ɔyɛɛ anamsini maa nnipa a ɛwɔ Ledzokuku a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam.[1] Biom, ɔsom sɛ ɔsoafoɔ abɛdiakyire a ɔhwɛ mmaa ne mmarima, mmɔfra ne asetena mu banbɔ nsɛm so wɔ Ghana firi Oforinsuo bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa de kɔsi Ayɛwohomummɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu.[5] Na ɔsane yɛɛ ɔsoafoɔ abɛdiakyire a ɔhwɛ nsuomunam ne mpataa so wɔ Ghana.[6] Benita dii ntwo maa Dr. Benard Okoe-Boye a na ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" bɛfaa akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mmarahyɛbedwa abatoɔ no mu.[7]

N'abrabɔ.[sesa]

Benita waree Steve Okity-Duah. Na ankasa a yɛde too no berɛ a yɛwoo no ne Benita Golomeke, ɔnyaa wɔ"Embassy pleasure Ma Ghana" wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson abasobɔdeɛ. Ɔyɛ Okristoni sane nso yɛ ekuoba wɔ " The church of christ of Latter-day saints".[8]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Benita Sena Okity-Duah Goes To Parliament…First Ever Miss Ghana Beauty Queen To Enter Parliament". www.ghanacelebrities.com. Ghana Celebrities. 14 December 2012. Retrieved 30 July 2016
  2. Vieta, Kojo T., 1962- (2013). Know your MPs in the 6th Parliament : (2013-2017). Accra: Flagbearers Publishers. ISBN 978-9988-1-8039-3. OCLC 869428481.
  3. Photos: Miss Ghana 1997 Benita Sena Okity-Duah at 2013 Ghana Movie Awards!". www.ghanagist.com. Ghanagist.com. Retrieved 30 July 2016.
  4. Vieta, Kojo T., 1962- (2013). Know your MPs in the 6th Parliament : (2013-2017). Accra: Flagbearers Publishers. ISBN 978-9988-1-8039-3. OCLC 869428481.
  5. Parliament approves nomination of 35 deputy ministers-designate". www.myjoyonline.com. Multimedia Group. 29 April 2013. Archived from the original on 27 August 2016. Retrieved 16 August 2016.
  6. "Ministerial reshuffle: Nii Lantey Vanderpuye out?". www.myjoyonline.com. Multimedia Group. 2 June 2014. Archived from the original on 22 August 2016. Retrieved 16 August 2016.
  7. "Miss Ghana Loses Ledzokuku Seat - Daily Guide Africa". dailyguideafrica.com. 9 December 2016. Retrieved 25 February 2017
  8. "Ghana MPs - MP Details - Okity-Dua, Sena Benita". ghanamps.com. Retrieved 25 January 2020.

[1]

  1. Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :0