Austin Akufo Gamey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Austin Akufo Gamey
Deputy Minister for Employment and Labor Relations
Bere
1992–1996
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Member of Parliament
for North Tongu
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
OdikanfoJonathan K. Dowokpor
AnanmusiniJoe Gidisu
Ne ho asɛm
Awo bere26 October 1949 (1949-10-26) (age 74)
Volo North Tongu constituency
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniGladys Gamey
Mma7
Sukuu a w'akɔFourah Bay College
N'adwumaMediator

Austin Akufo Gamey (wɔwoo no Ahinime 26,1949) yɛ Ghana manyɔni. Ɔyɛ obi a w'aben wɔ adwumawura ne odwumayeni ho nsɛmsɛm mu nso.[1] Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma North Tongu mpasua a ɛwɔ Firaw mantam a ɛwɔ Ghana firi afe 1992 kosi afe 2001. Wɔ Jerry John Rawlings ammamuo no mu no, wɔpaw no sɛ mansoafo a ɔhwɛ adwumasɛm ne asetra mu yiyedie so.[2] Seesei ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ adwumasɛm mu ne Alternative Dispute Resolution mu wɔ Ghana.[3]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Wɔwoo Gamey wɔ Ahinime 26,1949, wɔ Volo, kuro bi a ɛwɔ Salem mpɔtam wɔ North Tongu. North Tongu wɔ Firaw Mantam a ɛwɔ Ghana.[4] N'awofoɔ ne Owura Emmanuel T.T Avorvuttor ne Lucia Aya Avorvuttor a wɔn nyinaa akɔ wɔn kra akyi. Na ne maame yɛ kuani ne dwadini. Edin a wɔde maa Austin Gamey wɔ ne mmɔfrase ne Augustine Akufo Gameduabao na akiri yi wotwaa so yɛɛ no Austin Gamey. Bere a ɔrenyin no, na wɔfrɛ no Gamey wɔ baabi a na wɔte no. Ɔtɔ n'awofoɔ mma so nnum.

Ne nhomasua ho nsɛm[sesa]

Ofirii sukuu ase wɔ Evangelical Presbyterian Primary School na ɔtoaa so wɔ Local Authority Middle School a ɛwɔ Volo mpɔtam wɔ North Tongu. Berɛ a owiee mfitiaseɛ sukuu no, West African Examination Council (WAEC) twaa abasobɔ krataa a na ɛbɛkyerɛ sɛ wawie sukuu no mu. Ɛno akyiri no, otu kɔtenaa Ashaiman a ɛwɔ Greater Accra Mantɔw mu wɔ afe 1967 mu. Ɔsan firii Ashaiman kɔtenaa Tema wɔ afe 1968. Na ɔde ne ho hyɛ agodie mu paa na ɛno boa maa no nyaa kwan wɔ Akodzo Middle School a ɛwɔ Tema denam ne kyerɛkyerɛni panyin a na ɔwɔ ne sukuu dada no mu no so.

Wɔ afe 1968 mu no, Gamey wiee Middle School na onyaa n'abasobɔdiɛ. Esian sɛ na ɔbɔ mmɔden wɔ mmirikatuo mu nti na wɔtaa frɛ no ''Akodzo Miller''.

Firi afe 1970 kosi afe 1971 no,na ɔyɛ adwuma de tua ne skuul ho ka wɔ Accra Polytechnic a seesei wɔfrɛ no Accra Technical University no berɛ a na ɔkɔ skuul wɔ hɔ no. [5]Otu kɔɔ Adabraka wɔ saa berɛ no ara mu. Wɔ afe 1976 mu no, onyaa kwan kɔɔ Sierra Leone kosuaa Advanced Industrial Relations.

Ɔsan toaa n'adesua no so wɔ Institute of Labour Studies a ɛwɔ Geneva ne Turin Center. Firi afe 19997 kosi afe 1998 no, ɔkɔɔ sukuu wɔ suapɔn ahodoɔ pii wɔ United States of America ne Canada. Saa berɛ yi mu na onyaa abasobɔ krataa wɔ Preventive and Professional Coaching in Mediation mu firii Mediation Training Institute wɔ United States of America.

N'adwumasɛm[sesa]

Firi afe 1985 kosi 1986 no, ɔyɛɛ adwuma sɛ industrial relations officer wɔ Tema. Afei wɔyɛɛ no executive manager wɔ Mankoadze Fisheries a ɛwɔ Tema wɔ firi afe 1987 kosi afe 1992. Na ɔyɛ panyin a ɔda Institute of Human Resource and Management Practitioners a ɛwɔ Ghana ano firi afe 1998 kosi afe 2003. Firi afe 2004 kosi afe 2006 no, na ɔyɛ Presidential Commissioner wɔ 'pensions' so.[6]

Wɔ afe 2020 mu no, ɔtee 'Gamey and Gamey Academy of Mediation' .[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 1992 mu no,woyii no sɛ mmarahyɛbadwani ma North Tongu mpasua no. Ogyinaa North Tongu abatoɔ mpasua no ananmu wɔ mmarahyɛbadwa a edi kan wɔ adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu. Ɔsan dii nkunim wɔ aba a wɔtoo wɔ 1996 abatoɔ no mu.[8] Eyi kyerɛ sɛ ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani mpɛn mmienu wɔ Rawlings ammamuo no ase.

N'abrabɔ[sesa]

Austin yere ne Gladys Gamey a ɔyɛ kyerɛkyerɛni. Ne mma yɛ nson; mmaa mmienu ne mmarima nnum. Ɔyɛ Kristoni ne Ɔsɔfo wɔ Token Tabernacle.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://adrdaily.com/austin-akufo-gamey-a-legend-in-adr-professional-practice/
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/ndc_ministers.php
  3. https://www.myjoyonline.com/mediation-group-make-gamey-consultant/
  4. https://www.moti.gov.gh/1d1f/district.php?district=North%20Tongu%20District&rId=9
  5. https://adrdaily.com/austin-akufo-gamey-a-legend-in-adr-professional-practice/
  6. https://adrdaily.com/austin-akufo-gamey-a-legend-in-adr-professional-practice/
  7. Archive copy, archived from the original on 2023-05-17, retrieved 2022-04-21{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  8. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/volta/206/