Apoo Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Apoo Afahyɛ (About this soundsɛnea yɛbɔ "Apoo Afahyɛ" ) yɛ afahyɛ bia wɔdi no afe biara wɔ atɔeɛ mantam a ɛwɔ Ghana (ne titire Techiman ne Wenchi nkuro mu), mu a wɔde nnawɔtwe baako ne edie wɔ abosome Ɔbɛnem ne Oforisuo mu.[1] Neɛ nti a wɔdi afahyɛ no ne sɛ wɔde bɛte wɔn ho efiri asetena mu tumi bɔne biara ho, ne sɛ wɔde bɛka nnipakuo bi ne mmusua bi abɔm, na wɔdi amammerɛ dwumadie ahodoɔ beberee. Wɔnyaa asɛmfua 'poo' firii asɛmfua 'po' mu a ɛkyerɛ sɛ 'worepo biribi.'[2]

Abakɔsɛm[sesa]

Nsɛm bia yɛde yɛn ano aka afa saa amammerɛ yi ho kyerɛ sɛ, saa afahyɛ yi hyɛɛ ase wɔ Nana Kwakye Ameyaw ahennie mu; na ɔyɛ panini bia ɔka obi nka bie, nti na Techimanfoɔ no ntumi nna wɔ tirimupɔw bi adi wɔ berɛ a ɔhyɛ biara nni mu. Berɛ a na wɔntumi nnyina saa ɔhyɛ yi ano bio no, wɔkɔɔ wɔn abosom anim. Wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyi nna bi nto hɔ a wɔde bɛkɔ ɔhene no anim akɔda wɔn yaw ne titire nea ɛfa ɔhyɛ no ho ɛdi. Saa berɛ yi no wɔgye tumm sɛ wɔremmɔ obiara sumboɔ wɔ kasa bi ho ɛmfa ho ne wo debrɛ. Nnipa no bɛka sɛ 'merekɔpo me haw' a ɛkyerɛ sɛ merekɔka me boso asɛm, ɛnam wei so na wɔnyaa 'Apoo' afahyɛ no.[3]

Amammerɛ[sesa]

Wɔn a wɔdi Apoo afahyɛ wɔ gyedie bi sɛ wɔtumi daa wɔn yaw ne amaneɛ a na wɔrekɔm no adi no, wate kuromafoɔ no kra ho afiri mmusuo ho. Wɔ Apoo afahyɛ no ahoboaboa ne ɛhoteɛ dwumadie mu no, mmaa siesie wɔn fie ne akwan ahodoɔ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo biara nsane mma wɔn so bio. Akɔmfoɔ a ɛwɔ nkuro no mu nso bɛto santene na wɔn asɛe honhom bɔne biara wɔde esie wɔ kuro no mu; wɔfrɛ saa dwumadie yi sɛ 'Nnusintuo'[4]

Dwumadie a adi kan a ɛho hia yie ne 'Hereko' amammerɛ a ɛkyerɛ sɛ 'wɔregyegye ntowma fitaa'. Mmaa na ɛkɔfa saa nnɔteɛ yi firi Aponkosu asuo mu ba na wɔde siesie abosom fie ahodoɔ a ɛwɔ kuro no mu ansaana Apoo afahyɛ no ahyɛase. Akɔmfoɔ no nso de saa nnɔteɛ yi bi yɛyɛ wɔn ho berɛ wɔn ne wɔn abosom no redi nkitaho.

Wɔsi twene so dema nkurɔfoɔ hunu sɛ wɔahyɛ afahyɛ no ase. Nea ɔdi Apoo afahyɛ no santene anim ne Ɔman Kɔmfoɔ, kuro no mpanimfoɔ, ahene nketewa ne guasɛmfoɔ.[5] Wɔ Apoo afahyɛ no santene no mu no, wɔda wɔn yaw ɛdi na wɔbɔ wɔn a wɔyɔɔ nnoɔma bɔne nso akutia. Wɔnyi wɔn hene no mpo mfiri saa akutiabɔ yi mu. Saa berɛ yi na wɔtoto abusua nsɛm na wɔka nnipa nso bɔ mu.

Wɔ afahyɛ no mu no, wɔde santene a wɔtooeɛ no bɛkɔ Bonohene wawuo nna so, ɔyɛ ɔhene ma Bonofoɔ. Ɔman kɔmfoɔ ne aman mpanimfoɔ no bi bɛkɔ akɔtwa ne nna no ho ahyea na wɔn egu nsa ayi apaeɛ. Nnipa a wɔka santene no ho bɛtwene wɔn abɔnten kɔsi sɛ wɔbɛwie. 'Banmuhene', a ɔyɛ nnipa a ɔwɔ adehyeɛ amusieeɛ no yɛ 'ɛtɔ' na wɔde ma nananom nsamanfoɔ. Ahene nketewa no de nsa gu ahenennwa a banmuhene no srɛ nkɔsoɔ ne asomdwoeɛ firi nsamanfoɔ no hɔ. Wɔtwa odwan de ne mogya no gu adeɛ bi mu. Wɔde odwan no fa bi gu emusieeɛ hɔ na wɔde nkaaeɛ nso ama mfena a ɛwɔ ahemfie hɔ ma wɔn de ayɛ aduane ama mpanimfoɔ no. Wɔde ɛtɔ no bi ma kuromafoɔ no na wɔwiee a Akɔmfoɔ no bɔ twene sa na amamfoɔ no nso ato nnwom[6] wɔ emusieeɛ hɔ.

Nna a edi akyire no nkuro no nnipa di dwuama beberee firi anɔpa kɔsi anadwo. Mmusua ahodoɔ nso yɛyɛ nnuane ne wɔn abusuafoɔ di degye wɔn ani. Asa yɛ adeɛ bia ɛho hia wɔ Apoo afahyɛ no mu. Kuro no mu akɔmfoɔ siesie wɔn ho de sa. Binom so nam asa no so ne wɔn abosom twetwe nkɔmɔ.

Nnipa a ɛwɔ kuro no mu nso siesie wɔn ho sa gye wɔn ani yie.

Afahyɛ no awieeɛ no, kɔmfo panini di santene anim kɔ ahemfie na ɔka nsɛm bi wɔde wie afahyɛ no. Wɔfiri ahemfie hɔ a wɔde santene no kɔ asuo a ɛwɔ kuro no mu ho, a ɔkɔmfo baa ne kuro mpanimfoɔ no yɛ amammerɛ bi. Wɔde ntwoma fufuo, adwera leaves ne asuo no bi fra pete abosom fie hɔ. Nnipa no san ba nkuro no mu bɛto Apoo ho nnwom.[7]


Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://touringghana.com/brong-ahafo-region/
  2. https://web.archive.org/web/20210206031516/https://visitghana.com/attractions/apoo-festival-1/
  3. http://samuuelduodu.blogspot.com/2009/04/techiman-to-celebrate-apoo-in-style.html
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9964_1_0233_X
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9964_1_0233_X
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9964_1_0233_X
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9964_1_0233_X