Anthony Kwami Adanuty

Ɛfi Wikipedia
Anthony Kwami Adanuty
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAnthony Sesa
date of birth11 Kotonimma 1940 Sesa
place of birthKpando Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationCatholic priest, Catholic bishop Sesa
position helddiocesan bishop Sesa
religion or worldviewCatholic Church Sesa
consecratorJozef Tomko, Francis Lodonu, Gregory E. Kpiebaya Sesa

Wɔwoo Ɔsɔfo Most Rev. Anthony Kwami AdanutyKɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so dubaako (11)[1], wɔ afe 1940 mu wɔ Kpando maa Owura John Komla Adanuty a ɔfire Kpando ne Mad. Monica Abla Agbezuge a ɔfire Anfoega na ɔkyerɛwee.[2] Ɔnyaa ne mfitiaseɛ adesua wɔ Kpando ne Anfoega, na ɔkɔɔ St. Theresa’s Minor Seminary wɔ Amisano, na afei ɔkɔɔ St. Peter’s Major Seminary, Cape Coast. Wɔhyɛɛ no sɔfo wɔ Kitawonsa bosome no da a ɛtɔ so aduasa bako (31), wɔ afe 1966 mu wɔ Kpando wɔ Keta-Ho Asɔredan a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu.

Nwomasua[sesa]

Wɔhyɛɛ no sɔfoɔ akyire berɛ tiaa bi no, wɔde no kɔɔ St. Mary’s Seminary Secondary School wɔ Lolobi sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na ɔkyerɛɛ adeɛ afe baako fire afe 1966 kɔ si 1967. Saa berɛ yi mu no na ɔyɛ Lolobi Ashambi Katolek Asɔre no sɔfoɔ boafoɔ nso.[3]

Wɔ afe 1967 kɔ si afe 1968 mu no, wɔgyee no kɔɔ Urbanian University of Rome sɛ ɔnkɔyɛ tumi krataa nhyehyɛe wɔ nyamekyerɛ mu. Na wɔ afe 1968 ne afe 1971 ntam hɔ no, ɔtoaa n’adesua so wɔ Pontifical Biblical Institute of Rome sɛ osuani wɔ nkyerɛase mu na ɔnyaa twerɛ Kronkron mu Tumi krataa.[3]

N'asɔfodwuma[sesa]

Ɛde bɛsi berɛ a wɔpaw no sɛ Ɔsɔfopɔn no, na Monsignor Anthony Adanuty a na ɔwɔ hɔ saa berɛ no yɛɛ adwuma wɔ Vatican sɛ ɔsraani panyin wɔ Asafo a Ɛhwɛ Nnipa Asɛmpa no So (Propaganda fide). Ná ɔhwɛ Afrika Apuei ne Kesee Fam nsasesin so, ne Nkramofoɔ fa a ɛwɔ Mission nsasesin mu no nso.[1]

Wɔpaw no sɛ Ɔsɔfopɔn wɔ Ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so dunkron (19), wɔ afe 1994 mu, wɔhyiraa no so sɛ Ɔsɔfopɔn wɔ Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe (28), wɔ afe 1995 na wɔde no sii ahenwua so sɛ Ɔsɔfopɔn a ɔdi kan wɔ katolek asɔre foforo a ɛwɔ Keta-Akatsi no mu wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so du (10), wɔ afe 1995. Wɔde Pope Nantwi sii ahenwua so sɛ ɔnkyerɛkyerɛ, sɛ ɔnni Aban na Wɔbɛyɛ Kronkron wɔ Keta-Akatsi Asɔredan mu.

Ghana Katolek Asɔfopɔn Nhyiam no, wɔ mfeɛ no mu no, de asɛyɛdeɛ ahodoɔ pii hyɛɛ ne nsa. Ɔsomm wɔ dibea ahodoɔ a ɛdidi so yi mu: Ɔyɛɛ Atemmu Nsɛm Ho Dwumadibea no Titenani, Asetena mu Nkitahodie Dwumadibea no Titenani, Standard Newspapers and Magazines Limited no Titenani, Asetena ne Sikasɛm Nkɔsoɔ Dwumadibea no Titenani ne Ghana Katolek Asɔfopɔn no Titenani Abadiakyiri Nhyiamudie.

Berɛ a ɔnyaa abɔdin ne mmara kwan so mfeɛ 75 no, ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopɔn Emeritus[4] a ɔdi kan wɔ Keta-Akatsi[5] Asɔredan mu wɔ afe 2016. mprempren ɔte Abor a ɛbɛn Akatsi.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Most Rev. Anthony K. Adanuty | Ghana Catholic Bishops' Conference (in American English), retrieved 2023-11-26
  2. Bishop Emeritus (in American English), retrieved 2023-11-26
  3. 3.0 3.1 Nextory, Ghana Anthony Kwami Adanuty – All Audiobooks & E-books (in English), retrieved 2023-11-26
  4. Bishop Anthony Kwami Adanuty [Catholic-Hierarchy], retrieved 2023-11-26
  5. Most Rev. Anthony Kwami Adanuty - News Watch Ghana (in American English), 2023-10-27, retrieved 2023-11-26