Angélique Kidjo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Angélique Kidjo
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipBenin, France Sesa
name in native languageAngélique Kidjo Sesa
birth nameAngélique Kpasseloko Hinto Hounsinou Kandjo Manta Zogbin Kidjo Sesa
given nameAngélique Sesa
family nameKidjo Sesa
pseudonymCarmen Kidjo Sesa
date of birth14 Kitawonsa 1960 Sesa
place of birthOuidah Sesa
maamɛYvonne Kidjo Sesa
spouseJean Hébrail Sesa
childNaïma Hebrail Kidjo Sesa
native languageYoruba, Fon Sesa
employerUNICEF Sesa
position heldUNICEF Goodwill Ambassador Sesa
residenceNew York Sesa
work period (start)1982 Sesa
eye colorbrown Sesa
hair colorblack hair Sesa
participant inWorld Economic Forum Annual Meeting 2015, World Economic Forum Annual Meeting 2020 Sesa
instrumentvoice Sesa
discographyAngélique Kidjo discography Sesa
named afterBatonga Foundation Sesa
genrejazz, zouk, gospel music, music of Latin America, world music Sesa
record labelIsland Records Sesa
nominated forGrammy Award for Best Contemporary World Music Album, Grammy Award for Best Contemporary World Music Album, Grammy Award for Best Global Music Album, Grammy Award for Best Global Music Album, Grammy Award for Best Music Video Sesa
official websitehttp://www.kidjo.com Sesa
copyright representativeSACEM Sesa
copyright status as a creatorworks protected by copyrights Sesa
personal pronounL484 Sesa

Angélique Kpasseloko Hinto Hounsinou Kandjo Manta Zogbin Kidjo,[1][2][3] wowɔɔ no wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so dunan afe apem ahankron ne aduosia (July 14, 1960)[4][5][6], edin a nnipa dodoɔ no ara de nim no ne Angélique Kidjo, ɔyɛ Beninese-Franse nnwontoni-nnwom kyerɛwfo, siniyifo, ne ɔdeyɛfo a wagye din wɔ ne nnwom ahorow ne mfonin nnwom ahorow a afa adebɔ ho. Wɔwoo Kidjo to abusua bi a wɔyɛ mfoniniyɛfoɔ na wɔsan nso yɛ agorɔdifoɔ. Na ne papa yɛ nnwontoni, na ne maame nso yɛ adwuma sɛ obia ɔkyerɛ asa ho nnwom ne agorɔhwɛfo.[7] Kidjo anya Grammy abasobɔdeɛ anum. Ɔgyee ‘Polar Music Prize’ wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa 2023 mu.[8]

Wɔ afe mpem mmienu ne nson (2007) mu no, akenkan nhoma a ɛyɛ ‘Time’ no frɛɛ no ​​"Africa's premier diva."[9] Ɔdii dwumadie bi wɔ Tokyo afe mpem mmienu ne aduonu (2020) Olympic agodie a wabuei ano wɔ Kitawonsa bosome ne da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa, afe mpem mmienu ne aduonu baako (July 23, 2021).[10]Ɛbɔ bosome ne da a ɛtɔ so dunum, afe mpem mmienu ne aduonu baako (September 15, 2021) mu no, Time de no kaa nnipa ɔha (100) a wɔwɔ wiase yi mu a wagye din no ho.[11]

Ne album Logozo a ɛtɔɔ so aduasa nson (37) wɔ asaw nnwom nhoma akɛseɛ a ɛkɔɔ so wɔ saa berɛ no so, Vice akenkan nhoma a Thump wɛbsaet boaboaa ano no.[12]

Kidjo ka kasa ahodoɔ nnum: Fon, Franse, Yorùbá, Gen (Mina), ne Borɔfo.[13] Ɔto dwom wɔ ne nyinaa mu, na ɔsan nso wɔ ɔno ankasa ne kasa a ɔka, ebi ne nsɛmfua a ɛboa no ma no nya nnwom atifi asɛm bi te sɛ "Batonga".   Kidjo taa de Benin atetesɛm Zilin nne ne bocalese di dwuma.

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Kidjo wɔ Ouidah, Franse Dahomey, baabi a mprempren yi wɔfrɛ hɔ Benin no.[14] Ne papa firi Fon cman a ɛwɔ Ouidah mu na ne maame fi Yoruba a ɛwɔ Nigeria. Ɔnyinii a na ɔtiee Yoruba ne Beninfo amammerɛ nnwom, Miriam Makeba, Hugh Masekela, James Brown, Manu Dibango, Otis Redding, Jimi Hendrix, Fela Kuti, Stevie Wonder, Osibisa, ne Santana.

Mmerɛ a ɔnya mfeɛ nsia no, na Kidjo ne ne maame na ɛyɛ adwuma wɔ agorɔhwɛfo kuw no mu, na ɛmaa no nyaa anisɔ de maa amammerɛ nnwom ne asaw.[15] Ɔfiri ase too nnwom wɔ ne sukuu nnwontoc kuw, Les Sphinx mu, na ɔnyaa nkonimdie sɛ ɔbabun ɛnam deɛ osua no wɔ Miriam Makeba nnwom "Les Trois Z," a na wɔto no wɔ ɔman kasafidie so no so. Kidjo ne Kameroonni nnwomtuni panin Ekambi Brilliant ne ne nuabarima Oscar na ɛtintim Pretty nnwom guu adeɛ so. Ɔyɛɛ nnwom "Ninive," "Gbe Agossi", ne ayɛyɛdeɛ de ma nnwontoni Bella Bellow, ne hwɛsofoc no mu baako. Sɛdeɛ abɔm no dii yie no maa no tumi tutu akwan kɔɔ Abibirim atɔe fam nyinaa. Amammuo mu ntawantawa a ɛkɔɔ so wɔ Benin no amma wantumi anyɛ mfoniniyɛfo a ɔde ne ho wɔ n’ankasa ne man mu na ɛmaa no tu kɔɔ Paris wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa (1983) mu.

Paris[sesa]

Ɛsian amammuo mu ntawantawa nti, na ɛsɛ sɛ Kidjo firi ne kurom na ɔtu kɔ Paris wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980) no mu.[16] Mfitiase no, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ mmaranimfo a ɔhwɛ nnipa fahodie nanso awieɛ no ɔsuaa nnwomtoɔ. Bere a na ɔreyɛ daa daa nnwuma ahorow de tua ne adesua ho ka no, Kidjo suaa nnwom wɔ CIM, jazz sukuu a agye din wɔ Paris,[17] faako a ɔhyiaa nnwontofoɔ ne nnwontoni Jean Hebrail, a na ɔne no ahyehyɛ ne nnwom dodoɔ no ara ɛne deɛ ɔwaree no wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nson (1987) no mu.[18]

Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ nnwontoni a ɔboa mpɔtam nnwontofoɔ kuw ahorow no. Wɔ afe apem ahankron ne aduowctwe num (1985) mu no, ɔbɛyɛɛ Jasper van 't Hof Euro-African jazz/rock nnwontofoɔ kuo Pili Pili no nnwontoni. Pili Pili stadio abɔm mmiɛnsa na ɛdi: Jakko (1987), Be In Two Minds (1988, Marlon Klein na ɔyɛɛ) ne Hotel Babo (1990) akyi.

Ɛduru afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980) no awieɛ no, na wabɛyɛ nipa titiriw a na wagye din wɔ nnwomtoɔ mu wɔ Paris na ɔtintim solo abɔm a wɔfrɛ no Parakou maa Open Jazz Label.

Abɔm[sesa]

Parakou

Kidjo amanaman nnwom a jdi kan yj Parakou, a ɔdiikan paa ho ntoma wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron (1989) mu no yɛ mfitiaseɛ a ɔne nea ɔyɛ ne nnwom hyehyɛfoɔ Hébrail yɛɛ baako na ɔde Jasper van’t Hof nso baa mu bi.


Logozo

Wɔkyereɛ ne nnwom nhoma a ɛdi kan a ɔyɛ maa Island no firi aseɛ wɔ Miami ne Paris mu na sankubɔ ngyegyejɛ afidie a Joe Galdo na ɔyɛej ​​na ɔde Branford Marsalis ne Manu DiBango nso too saxophone so. Woyii no ɛdi wɔ wiase nyinaa mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako (1991) mu na ɛduruu ammansan dawurubɔ nnowma nhyehyeɛ a ɛdi kan no so. Wɔyii mfonin nnwom ahorow a ɛfa nnwom "We We" ne "Batonga" ho adi na Kidjo tumi kɔɔ wiase akwantuo a ɛdi kan no, ɔpuiee wɔ afahyɛ ahodoɔ pii ase na ɔyɛɛ titiri wɔ Olympia Hall wɔ Paris wɔ Ahinime bosome no mu ne da a ɛtɔ so aduasa baako, afe apem ahankron ne aduokron mmienu (31, 1992). Logozo na ɛtɔ so aduasa nson (37) wɔ asaw akukudam abɔm wc mmerɛ nyinara mu a Thump wɛbsaet na ɛboaboaa ano.


Ayé

Wɔpaa abɔm Ayé ho adi wɔ afe apem ahankro ne aduokron nnan (1994) mu, David Z na ɔyɛɛeɛ ​​wɔ Prince’s Paisley Park beaeɛ a ɛwɔ Minneapolis na Will Mowat nso na ɔyɛɛ no ​​wɔ Soul To Soul beaeɛ a ɛwɔ London. "Agolo" nso kaa ho bi, a ɛmu sene no Michel Meyer na ɔhwɛ dii ho dwuma nna ɛmaa ho ​​kwan mma Kidjo nyaa Grammy abasobɔdeɛ a ɛdi kan.


Fifa

Kidjo ne Jean Hebrail tuu kwan kɔɔ Benin nyinaa wɔ afe apem ahankron ne aduokron num (1995) mu kɔkyeree atetesɛm nnwom a ɛbɛyɛ nea wɔde bɛyɛ Fifa abɔm no nnyinaso. Carlos Santana yii n'anim wɔ "Naima" so, asɛm bi a Kidjo kyerɛw de maa ne ba baa. Nnwom "Wombo Lombo" ne ne sene a Michel Meyer dii ho dwuma no ​​boa mma no dii nkonim kɛse wɔ abibirem yi mu nyinaa wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu. Wɔyɛɛ: Benin, Paris (Guillaume Tell), London, Los Angeles, Sausalito Plant (Carlos Santana).


Oremi

Peter Mokran ne Jean Hebrail na wɔyɛeɛ, na wɔbɔɔ no wɔ New York, Oremi yɛ nnwom a wɔaboaboa ano a wɔde abibifoɔ ne abibifoɔ-amɛrikafo na ɛyɛeɛ. Cassandra Wilson, Branford Marsalis, Kelly Price ne Kenny Kirkland ne Kidjo ka bɔmu yɛɛ adwuma yi. Nnwom a wɔde buei ano no yɛ Jimi Hendrix "Voodoo Child".

Batonga Fapem

Wɔ afe mpem mmienu ne nsia (2006) mu no, Kidjo hyehyɛɛ Batonga Foundation a na ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma mmayewa a wɔrekɔ wɔn  mpanin mfeɛ so a wɔwɔ Afrika Sahara anafo fam no sɛwcbɛhyɛ wɔn den na wɔama wɔn nkyerɛkyerɛ nso so. Batonga botae ne sɛ ɔbɛkɔ "akɔ akyiri asen ɔkwan a wɔabɔ so no" a wɔn anisoadeɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ mmabaa na wɔde nimdeɛ ne nsano nnwuma a wohia ama wɔn na ama watumi atena ase a ahoɔden wɔm, na wɔade wɔn ho wɔ sikasɛm mu nso. Batonga kwan a wɔfa so de data di dwuma no ma wotumi de wɔn ani si mmaayewa a ɛyɛ den sɛ wobedu wɔn nkyɛn no so, fa wɔn kɔɔ Mmabaa Kuw ahorow no mu, ma wonya baabi a ahobammɔ wɔ a wobetumi asua ade, ahyiam, abɔ wɔn ho ban, na wɔatu mpɔn wɔ wɔn asetena mu. Ɛwɔ wei mu no, Batonga da so ara di n’adwuma titiriw no— sɛ ɔbɛhyerɛn hann bi wɔ mmaayewa a wobu wɔn ani gu wɔn so kɛseɛ wɔ Francophone West Africa no so na wama wɔn tumi ma wɔayɛ nsakraeɛ wɔ wɔn mpɔtam ne wɔn ankasa asetena mu.

Abakwasɛm[sesa]

Bere a Kidjo renyin no, na ɔyɛ abaayewa a na ɔte Benin a ɔnyaa nhomasua wɔ hɔ. Ɔyɛɛ asɛmfua "Batonga" sɛ mmuae a wɔde anigye ka de tia wɔn a wɔka kyerɛɛ no sɛ mmaa ɛmfata sɛ wɔbɛkɔ sukuu no. Akyiri no, ɔde ‘wor’ na ɛbaae na ɛbɛyɛ nnwom a agye din mma Grammy nnwontofoɔ/nnwom kyerɛwfoc a wagye din ɛne n'adwumakuo a ɛhwehwɛ mfaso no.

Wɔ afe mpem mmienu ne nsia (2006) mu no, Kidjo hyehyɛɛ Batonga Foundation a na ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma mmayewa a wɔrekɔ wɔn mpanin mfeɛ so a wɔwɔ Afrika Sahara anafo fam no sɛ wɔbɛhyɛ wɔn den na wɔama wɔn nkyerɛkyerɛ nso so. Ɛfiri saa berɛ no, Batonga ama mmaayewa a wɔwɔ abibirem aman num (Mali, Benin, Sierra Leone, Ethiopia, ne Cameroon) anya mfe mpem num (5,000) nhomasua ɛnam sika a wɔde maa wɔn ne mmoa a wɔde maa wɔn no, ama asuafoɔ mfeɛ mpem nwɔtwe, ahason ne aduonu nson (8,727) anya abura ne agyanan bea wɔ sukuu ahorow nson (7) mu wɔ Benin, mpɔtam a wɔdi hia sene biribi biara de TOMS mpaboa na ɛnante kɔ sukuu. Wɔ afe mpem mmienu ne dunum de afe mpem mmienu ne dunsia (2015 ne

2016) mu no, wɔ akwankyerɛ a ɛfiri amanaman ntam adwini kuo a wɔahyɛ da ayɛ wɔ nnipa dodoɔ ho bagua no ase no, Batonga hyɛɛ aseɛ twee ne ho firii nwomasua abasobɔdeɛ ne nhomasua a ɛfata nhyehyɛeɛ a ɛtaa gyaw amandi a wɔn ho taa ka mu no ho. Batonga firii aseɛ de n’adwene sii nhomasua nhyehyɛe foforo a wɔayɛ ama mmabaa ne mmabunu dodoɔ no ara so.

Batonga ahokafo a wɔda nsow bi ne:

• Aflatoun

• African Well Fund

• Bloomberg Philanthropies

• Exxon Mobil

• GreatNonprofits

• Mastercard Foundation

• Peace Corps

• Population Council

• Sigrid Rausing Trust

• TOMS

• USAID

N'abrabɔ[sesa]

Kidjo waree Franseni nnwontoni ne nnwonyɛfoɔ Jean Hébrail wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nson (1987) mu. Wɔwoo wɔn ba baa Naima wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) mu.

Ne nnwom no bi[sesa]

Kidjo nso kyerɛ nnwom maa sini ahodoɔ, kasa mfonin so dwumadi ne nsɛm a wɔakyerɛw, ne deɛ ɛka ho:

  • Ace Ventura: When Nature Calls
  • Bimboland
  • Blood Diamond
  • Caro Diario by Nanni Moretti
  • Changing Times by André Téchiné
  • Krippendorf's Tribe
  • Le Code A Changé by Danielle Thompson
  • The Lion King 2
  • My Favourite Season by André Téchiné
  • Pray the Devil Back To Hell
  • Sahara
  • Six Feet Under
  • Streetfighter
  • The Air Up There
  • The Truth About Charlie
  • The Wild Thornberrys Movie
  • Who Does She Think She Is
  • Without a Trace
  • The Woman King

Kasamfonin so dwumadie[sesa]

• Later with Jools Holland

• Late Show with David Letterman in 2007

• The Tonight Show with Jay Leno in 2007

• NOW with Bill Moyers in 2002[89]

• Politically Incorrect with Bill Maher in 2003[90]

• CBS Early Show in 2007[91]

• Austin City Limits in 2015

• David Frost bisabisaa no nsɛm de maa Al Jazeera wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) ɛna Christiane Amanpour nso bisabisaa no nsɛm maa CNN wɔ afe mpem mmienu ne nkron, mfe mpem mmienu ne dummienu ne mfe mpem mmienu ne dunan

(2009, 2012 and 2014) no mu.

Na ɔyɛ Tavis Smiley dwumadie a ɛkɔ so wɔ PBS wɔ Ɔbenem bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) ne Ɔgyefoɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne dunan (2014) ɛna "Late Night" ne Jimmy Fallon nso yɛeɛ wɔ Kitawonsa bosome no mu afe mpem mmienu ne du (2010) mu.

Ɔdaa ne ho adi sɛ "Aunt Angelique" wɔ "Pink afahyɛ" soronko a ɛkɔɔ so wɔ Neo Yokio no wɔ afe mpem mmienu ne dunson (2017) no mu.

Abasobɔdeɛ ne agyedeɛ a wɔde ma[sesa]

Ɛbɔ boseme ne da a ɛtɔ so dunum, afe mpem mmienu ne aduonu baako (September 15, 2021) mu no, Time yii no kaa nnipa ɔha (100) a wɔfa wɔn no ho na wɔagye din wɔ wiase yi mu no. Wɔ afepem mmienu ne du (2010) mu no, BBC Focus a ɛwɔ abibibirem yi nnwoma magazime no de Kidjo kaa ne din a ɛfa abibirem asasepɔn no so nnipa aduonum (50) a wɔagye din sen biribi biara

no ho, na agyina akenkanfo abatow no so, na wɔ afe mpem.mmienu me aduonu (2020) mu no, na ɔka BBC mmaa ɔha (100) a wɔde wɔn din too dwa wɔ Obubuo bosome ne da a ɛtc so aduonu mmiɛnsa afe mpem mmienu ne aduonu (23 November 2020) no mu.

Wɔ afe mpem mmienu ne dubaako (2011) mu no, Guardian paw no sɛ ɔbaa a ɔdi kan wɔ mmaa ɔha 100 a wɔwɔ adwinnie, sene, nnwom ne ahosiesie adwuma no mu, Kidjo yɛ ɔbaa a ɔdi kan a Forbes nsɛmm nhoma de too gua sɛ ɔka nnipa titiriw aduana a wɔwɔ abibirem ha no ho.

Daadaa tɛlegrafi a ɛwɔ London no kaa ne ho asɛm sɛ "abibirem nnwom hemmaa a wonnye ho akyinnyeɛ" wɔ afe mpem mmienu ne dummienu (2012) Olympic agodie asubɔnten mu nnwom afahyɛ no ase. Wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɛtɔ so nsia, afe mpem mmienu ne dummiɛnsa (June 6, 2013) no, wɔpaw Kidjo sɛ Confédération Internationale des Sociétés d’Auteurs et Compositeurs (CISAC) no titrani abadiakyiri. Seesei ɔte New York Kuropɔn mu, [nea ɛnyɛ fibea titiriw a wohia] ɔyɛ obi a ɔdi dwuma wɔ New York Times adwuma mu. Kidjo anya abodin krataa afi Yale Sukuupɔn, Berklee Nnwom Sukuu, Middlebury Kɔlege ne UCLouvain. Kidjo nyaa afe mpem mmienu ne dunum (2015) crystal abasobɔdeɛ a Wiase Sikasɛm Nhyiamu a ɛwɔ Davos wɔ Switzerland de maa no no na ɔnya Ambassador of Conscience abasobɔdeɛ de firii amnesty International wɔ afe mpem mmienu ne dunsia (2016) no mu Ɔsan nso ka ɔyɛkyerɛ a ɛwɔ ɔman no tete nneɛma korabea "National Museum" a jwc abakɔsɛm a ɛfa abibirem amɛrika ho a wobuee ano wɔ Ɛbɔ bosome ne da ɛtɔ so aduonu nan, afe mpem mmienu ne dunsia (September 24, 2016) mu, wɔ ɔman dwadibea no ho. Abasobɔdeɛ ahodoɔ bi nso ne:

• Prix Découverte RFI SACEM (France, 1991)

• Octave RFI (France, 1992)

• Prix Afrique en Creation (France, 1992)

• Danish Music Awards: Best Female Singer (Denmark, 1995)

• Kora Music Awards: Best African Female artist (Africa, 1997)

• Mobo Awards for Best World Music Act (UK, 2002)

• Médaille De Vermeil De La Ville De Paris (France, 2004)

• Africa-Festival Award (Germany, 2006)

• SAFDA African Pride Award (South Africa, 2006)

• Antonio Carlos Jobim Award (Canada, 2007)

• Grammy Award for Best Contemporary World Music Album (USA, 2008)

• Go Global World Music Award (Denmark, 2008)

• Medal of the Presidency of the Italian Republic (Italy, 2008)

• Afropop Hall of Fame (USA, 2009)

• Premio Tenco Prize [it] for her entire singing career (Italy, 2009)

• Officier de l'Ordre des Arts et des Lettres (France, 2010)[115]

• Trophée Des Arts, FIAF French Institute, Alliance Française (New York, 2012)

Asaw/klab nnwom a wɔbɔ[sesa]

Kidjo nnwom a wafra mu a ɔne ɔyɛkyerɛfoɔ a wɔagye din Norman Cook ("We We") ne Tricky ("Agolo") ka ho na wɔyɛeɛ. Ne nnwom a ɔyɛe no pii adu asaw dawurubɔ/klab agodie nhyehyɛeɛ mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu no, Junior Vasquez afra nnwom a ɔyɛeɛ wɔ ne nwom "Wombo Lombo" mu no maa nwom no batɔɔ so dunsia (16). Wɔ afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu no, King Britt afra nnwom a ɔyɛeɛ wɔ ne dwom "Tumba" no boaa ma nwom no bɛtɔɔ so aduonu nsia (26). Mark Kinchen na ɔsan yɛɛ "Agolo" nnwom no foforɔ, Junior Vasquez nso yɛɛ "Shango" nnwom no foforɔ, na , Jez Colin nso yɛɛ "Conga Habanera" nwom no foforɔ. "Salala" a efi, Djin Djin, no, Junior Vasquez ne Radioactive Sandwich na wɔsan yɛɛ no foforɔ wɔ afe mpem mmienu ne nson (2007) no mu. Move On Up" no, Radioclit, kuw a wofi "Very Best" no na ɔsan yɛɛ no foforɔ.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Nigeria: Gifted Angelique Kidjo, On African Voices". AllAfrica. Archived from the original on October 20, 2012.
  2. "Africa | Time for Peace". Africatimeforpeace.com. Archived from the original on March 31, 2012. Retrieved April 3, 2012.
  3. "Albums by Angélique Kidjo". Rate Your Music. Retrieved April 3, 2012.
  4. Portwood, Jerry (March 20, 2020). "'In My Room' With Angelique Kidjo". Rolling Stone. Retrieved May 22, 2021.
  5. "Angelique Kidjo joins UNICEF's COVID-19 Vaccination Campaign". UNICEF. April 7, 2021. Archived from the original on December 21, 2021. Retrieved May 22, 2021.
  6. ""The Leaders of this World Stand by and Look at Us Dying"–Singer Angelique Kidjo Speaks Out on Climate Change". Democracy Now!. December 14, 2009. Retrieved May 22, 2021.
  7. "Angelique Kidjo | Biography, Albums, Music, & Facts | Britannica". Britannica.com. Retrieved March 27, 2022.
  8. Bresnahan, Samantha (March 28, 2023). "Angélique Kidjo becomes the third artist from Africa to be awarded prestigious music prize". CNN. Retrieved April 16, 2023.
  9. Perry, Alex (May 23, 2007). "Redemption Song". Time. Archived from the original on June 16, 2007.
  10. "John Legend, Keith Urban, Angélique Kidjo Lead 'Imagine' Performance at Tokyo Olympics Opening Ceremony". Rolling Stone. July 23, 2021.
  11. "The 100 Most Influential People of 2021: Angélique Kidjo". Time. September 15, 2021.
  12. "The 99 Greatest Dance Albums of All Time". Thump.vice.com. July 14, 2015. Retrieved May 16, 2016.
  13. "Angélique Kidjo – Bénin | cd mp3 concert biographie news | Afrisson". Afrisson.com (in French). Retrieved July 3, 2018.
  14. "Angélique Kidjo – Biographie, discographie et fiche artiste". RFI Musique (in French). March 3, 2011. Retrieved July 3, 2018.
  15. Weickgenant, Joel (March 29, 2008). "Kidjo's Music Crosses Borders, Boundaries". Savannah Morning News. NewsBank. p. 6E. Retrieved February 3, 2009.
  16. "Africa's Premier Diva - Angélique Kidjo | FunTimes Magazine". www.funtimesmagazine.com. Retrieved December 9, 2022.
  17. McDonnell, Evelyn (2018). Women Who Rock: Bessie to Beyonce. Girl Groups to Riot Grrrl. New York, NY: Black Dog & Leventhal Publishers. p. 243. ISBN 978-0-316-55887-7.
  18. "Jean Hébrail: Meet Angélique Kidjo's Husband". April 3, 2022. Retrieved December 9, 2022.