Ama Benyiwa-Doe

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ama Benyiwa-Doe
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAma Sesa
date of birth1950 Sesa
date of death19 Ɛbɔ 2021 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the Pan-African Parliament, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 1st Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Ama Benyiwa-Doe About this soundsɛnea yɛbɔ "Ama Benyiwa-Doe"  yɛwoo no afe apem ahankron aduonum wɔ Gaana.[1] Ɔyɛ Gaana mmarahyɛbedwanii. Ɔsan so yɛɛ ɛnkani mfinfini mantam mu Ɔsoafoɔ.[2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Doe, wɔdi nkan frɛ no Comfort Saah, Ofri Gomoa Atoɔɛ wɔ mfinfini mantam.[3] Wɔyii  Doe to mmarahyɛbadwa a etɔ so mmiɛnsa wɔ kwasafoma a ɛtɔ so nan. Ɔte naa mmrahyɛbedwafie maa amanyɔkuo National Democratic Congress fri afe apem ahankron ne aduokron mmienu de Kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nan no  mu.[2][4][5]

Sukuu[sesa]

Doe Kɔ LA Middle Sukuu na ɔnyaa n'abodin nkrataa GCE Ordinary level.

Owie na ɔtoaa ne sukuu so wɔ nkran adwumakuo asuapɔn no mu ( Accra Workers College ) na ɔnyaa n'abodin nkrataa wɔ GCE Advance level )san toa ne sukuu so wɔ MI Kaliun na ɔnya ne sukuupɔn mu adesua ho krataa (Diploma)

Adwuma ne Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛdaa no adi sɛ ɔno na adi nkunim wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu . Gaana abatoɔ no mu wɔ a amanyɔkuo a yɛfrɛ no " National Democratic Congress" wɔ Gomoa atɔeɛ mpɛsoa so a ɛwɔ mfinimfin mantamu.

Afei so, yɛdaa no adi sɛ ɔno na wadi nkunim wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia abatoɔ mu a ɔnyaa mma mpem edu nson, ahanu ne nan wɔ abatoɔ mma dodo a ɛyɛ mpem aduasa mmiɛnsa, ahankron ne eduonum num no mu. Amanyɔkuo New Patriotic Party Joyce Aidoo nyaa mma mpem du, ahawɔtwe ne aduosia nsia, Samuel Atta-Eyison nyaa mma mpem nan, ɔhanwɔtwe ne eduonu nson, amanyɔkuo NCP Oduro Bad nso nyaa mma ɔhanson ne aduonum nwɔtwe.[6]

Wɔ afe  mpem mmienu, Ghana abatoɔ wɔ  Gomoa atoɔɛ mpɛsoa so nipa mpem eduonu nwɔtwe, ne aduowɔtwe nkron no too  aba no  Doe nyaa mu mpem edu mmienu, ahankron ne aduokron num a ɛyɛ ɔha nkyɛkyɛm eduonan nsia ne akyirepɔ aduonum.  NPP amanyokuo Benjamin kojo Acquah nyaa mma mpem du baako, ahanu ne eduonan nwɔtwe, CPP Kofi Essandoh nyaa mma mpem mmienu, ahanan ne aduosia nwɔtwe  ɛna NRP Muhammed Kassim nyaa mma apmem ahasa ne aduoson nwɔtwe.[7]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne edu mmienu  ɛnkani Mampanyin John Evans Atta Mills yii Doe sɛ Ɔsoafoɔ wɔ  mfimfin mantɔw mu.[8] Yɛ yii Doe sɛ ekuoba wɔ Council of state.[9][10][11]

Doe tena mmrahyɛbedwa mu fri afe apem ahankron ne aduokron mmienu de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nan mu. Gaana abato) afe mpem mmienu ne nan, Doe nyaa mma mpem du mmienu, ɔha ne aduosia num a ɛyɛ ɔha nkyɛkyɛm eduosa mmienu ne akyirepɔ aduonum, New Patriotic Party amanyɔkuo Joe Kingsley nyaa mma mpem eduonu mmiɛnsa, ahansia ne aduosia mmiɛnsa a ɛyɛ ɔha nkyɛkyɛm aduosia mmiɛnsa ne akyirepɔ eduonu, Convention People's Party Joseph Assan Racket nyaa mma ɔha nwɔtwe ne aduosia mmiɛnsa a ɛyɛ ɔha nkyɛkyɛm mmienu ne akyirepɔ mmiɛnsa, NRP Muhammed Mutawakil Kassim nyaa mma ahanum ne eduosa mmiɛnsa  na Great Consolidated Popular Party nyaa mma ahanu ne edu nsia a ɛyɛ ɔha nkyɛkyɛm ahunu ne akyirepɔ aduosia.[5][12][13] Doe dii ntwo wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan abatoɔ no mu. Ama fri mmrahyɛbedwafie na ɔyɛ National Democratic Congress amanyɔkuo no mmaa nyinaa mmoa ano  hwɛsofoɔ (Women Oganizer) ɔsan so ka Pan-African Parliament kuo nu ho.[2][14]

Beaɛ a menyaa mmoa firi yɛ.[sesa]

  1. https://www.myjoyonline.com/ama-benyiwa-doe-my-father-did-not-go-to-school/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/I-was-an-ordinary-member-in-NDC-Ama-Benyiwa-Doe-947257
  3. https://www.modernghana.com/news/202201/my-father-did-not-go-to-school-ama-benyiwa.html
  4. https://thepressradio.com/2020/05/08/allotey-jacobs-is-a-schemer-ama-benyiwa-doe/
  5. 5.0 5.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/NPP-used-moneycracy-to-chase-me-out-of-Parliament-Ama-Benyiwa-Doe-weeps-1001914
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/central/75/index.php
  7. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/central/75/index.php
  8. Archive copy, archived from the original on 2012-02-26, retrieved 2021-07-28{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. https://citinewsroom.com/2020/07/npp-acted-hypocritically-after-attah-mills-death-ama-benyiwa-doe/
  10. https://www.primenewsghana.com/general-news/ndc-abandon-ama-benyiwa-doe.html
  11. https://www.mynewsgh.com/ama-benyiwa-doe-scores-king-promise-akufo-addo-15/
  12. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/parliament/central/index.php
  13. Kwame Boafo-Arthur, Voting for Democracy in Ghana: Constituency studies, Freedom Publications, 2006
  14. https://www.pulse.com.gh/ece-frontpage/ama-benyiwa-doe-i-miss-active-politics-mahama-has-toned-me-down/t4ge278