Alhassan Suhuyini

Ɛfi Wikipedia
Alhassan Sayibu Suhuyini
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
nicknameAsiizi power Sesa
date of birth12 Ɛbɔ 1979 Sesa
place of birthTamale Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, radio personality, school teacher Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Mmarahyɛbadwani Sesa
electoral districtTamale North Constituency Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewIslam Sesa
locationAtifi Mantam (Ghana) Sesa
legislative bodySagnarigu Municipal District Sesa

Alhassan Sayibu Suhuyini (wɔwoo no 12 Ɛbɔ 1979) yɛ Ghana broadcast nsɛm ho amanneɛbɔfo ne ɔmanyɛfo. Ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛbadwani no muni. Mprempren ɔyɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwani a Ɛto so Ason a egyina Tamale North ananmu no muni.

Nwomasua[sesa]

Alhassan Suhuyini kɔɔ Ghana Ntoaso Sukuu a seesei ɛyɛ Ghana Senior High School (Tamale), GHANASCO wɔ Tamale. Ɔwɔ B.Sc. Ɔman Adwumayɛ ne M.Sc. Nkɔsoɔ sohwɛ a ɛfiri Ghana Asoɛeɛ a ɛhwɛ adwumayɛ ne ɔman adwumayɛ so.

Adwuma[sesa]

N’adwuma sɛ radio so ɔkasafoɔ no hyɛɛ aseɛ wɔ Diamond FM a ɛwɔ Tamale ansa na ɔretu akɔ Ghana ahenkuro mu. Ɔyɛɛ adwuma bere tiaa bi wɔ Citi FM ne Metro TV wɔ Nkran ansa na ɔne Radio Gold retra. Radio atiefoɔ a wɔwɔ Ghana na wɔpaw no sɛ Talk Show Host of the year wɔ afe 2011, 2012 ne 2013 mu wɔ Ghana Radio ne Television Personality Awards mu. Wɔ afe 2013 mu no, South Korea aban paw no na ɛboaa no sɛ ɔnkɔkyinkyin South Korea sɛ ne Next Generational Leaders from Africa nhyehyɛe no fa. Na ɔyɛ ɔnanmusifoɔ wɔ afe 2014 Amanaman Ntam Nsrahwɛfoɔ Akannifoɔ Dwumadie, United States Ɔman Dwumadibea a ɛhwɛ adwumayɛfoɔ a wɔsesa wɔn ho wɔn ho nhyehyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Radio Gold a ɛwɔ Nkran, faako a na ɔyɛ dwumadibea no dwumadi atitiriw abien ho ɔkwankyerɛfo no; anɔpa dwumadi a wɔfrɛ no "Gold Power Drive" ne dapɛn awiei asetra-sikasɛm ne amammuisɛm mu nsɛm a ɛrekɔ so mprempren - Alhaji ne Alhaji nkɔmmɔbɔ dwumadi.

Amanyɔsɛm Mu Adwuma[sesa]

Ɔmampanyin John Dramani Mahama na ɔpaw no wɔ afe 2013 mu sɛ Ghana Civil Aviation Authority (GCAA) board member. Ɛde besi afe 2014 no na ɔyɛ Nkitahodi sohwɛfo ma Ɔman Hajj Bagua (Ghana). Odii nkonim wɔ Tamale North nkongua no so denam National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2016 Amansan abatoɔ mu sɛ ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwa no muni. Odii nkonim wɔ atenaeɛ no mu denam abatoɔ 21,280 a ɔnyaeɛ a ɛgyina hɔ ma dodoɔ no nyinaa mu 67.79% so.

BEAEɛ MENYAA MMOA FIRII[sesa]

1.http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=5378

2.http://www.ifex.org/ghana/2009/07/15/radio_journalists_harassed/

https://web.archive.org/web/20140407073737/http://www.news1ghana.com/?p=18979

4.http://www.ghananewsagency.org/social/more-ghanaian-hajj-pilgrims-return--66597

5.http://www.ghananewsagency.org/social/hajj-committee-airlifts-1-900-pilgrims-to-saudi-arabia-65323http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/northern/tamale_north/index.php

6.

7.http://www.spyghana.com/alhassan-suhuyini-weds-hamdia/