Alhassan Kobina Ghansah

Ɛfi Wikipedia
Alhassan Kobina Ghansah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageAlhassan Kobina Ghansah, Alhassan Kobina Ghansah Sesa
given nameAlhassane Sesa
family nameGhansah Sesa
date of birth29 Obubuo 1960 Sesa
place of birthBreman Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, manager Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atBreman Asikuma Senior High School Sesa
work locationAsikuma/Odoben/Brakwa District Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewIslam Sesa

Alhaji Alhassan Kobina Ghansah yɛ Ghana ɔmanyɛfo na ɔyɛ Breman Asikuma Senior High School sukuuni dedaw a ɔyɛ National Democratic Congress no muni . Ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Asikuma-Odoben-Brakwa (AOB) Mantam a ɛwɔ Mfinimfini mantam mu .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ghansah wɔ 29 November 1960 na ɔfiri Breman Bedum wɔ Central Region of Ghana. Ɔnyaa ne Masters abodin krataa wɔ Adwumayɛ ho nimdeɛ mu wɔ afe 2015.

Adwuma[sesa]

Na Ghansah yɛ Classic Rahman Enterprise no wura a ɔhwɛ so.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ghansah yɛ National Democratic Congress no muni.

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 abatoɔ mu no Ghansah gyinaa National Democratic Congress ananmu wɔ Asikuma-Odoben-Brakwa Constituency nanso ɔdii nkoguo wɔ New Patriotic Party ’s candidate Anthony Effah anim a na nsonsonoeɛ yɛ 430 abatoɔ. Wɔ saa abatoɔ no mu no ɔnyaa abatoɔ 23,330 a ɛgyina hɔ ma 49.20% na ɔsɔre tiaa Effah abatoɔ 23,760 a ɛgyina hɔ ma 50.11%.

Ghansah san de ne ho hyɛɛ mmarahyɛ baguani no akansi mu bio wɔ NDC primaries wɔ Asikuma-Odoben-Brakwa Constituency ansa na afe 2020 abatoɔ no reba. Ghansah dii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu sɛ ɔbɛgyina National Democratic Congress ananmu ama Asikuma-Odoben-Brakwa Mantam no ansa na afe 2020 abatoɔ no bɛba wɔ Oforisuo 2019 mu berɛ a ɔnyaa abatoɔ 886 de dii n’asɔretiafoɔ mmienu foforɔ Michael Harry Yamson ne Eric Kwesi Taylor a wɔnyaa abatoɔ 153 ne 42 no so nkonim abatow ahorow no sɛnea ɛte biara.

2020 abatoɔ[sesa]

Wɔ December 2020 mu no,Ghansah dii nkonim maa Asikuma-Odoben-Brakwat Constituency wɔ mmarahyɛ bagua abatow mu bere a ɔtoo abatow 28,175 a egyina hɔ ma 52.54% tiaa nea ɔne no reko koro pɛ, Emmanuel Domson Adjei a ofi New Patriotic Party a na ɔwɔ abatow 25,454 a egyina hɔ ma 47.46%.

Boayikuw ahorow[sesa]

Ghansah yɛ Budget Committee Titiriw no muni na ɔsan nso yɛ Environment, Science and Technology Committee no muni.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ghansah yɛ Muslimni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

1.https://www.graphic.com.gh/news/politics/six-in-hot-contest-at-asikuma-odoben-brakwa.html

2.https://bestnewsgh.com/pc-appiah-ofori-endorses-ndc-candidate-for-asikuma-odoben-brakwa/

3.https://sintimmedia.com/2020/03/28/hon-alhaji-ghansah-donates-medical-items-ppes-to-help-fight-covid-19-in-asikuma-odoben-brakwa-constituency/

4.https://newsghana.com.gh/alhaji-alhassan-kobina-ghansah-wins-parliamentary-election/

5.https://ghanamps.com/mp/alhassan-kobina-ghansah/

6.https://dailyguidenetwork.com/ndc-accepts-2022-budget/

7.https://citifmonline.com/2016/12/npp-floors-ndc-to-claim-majority-in-parliament/

8.https://dailyguidenetwork.com/merci-grazie-spasiba-central-region-kufuors-sublime-speech-anyidohos-hocus-pocus/

9.https://www.modernghana.com/ghanahome/ghanavotes/2016/result_constituency.asp?constituency_id=1137

10.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/parliament/central/asikuma_odoben_brakwa/

11.https://www.modernghana.com/news/952090/full-list-winners-losers-at-ndc-parliamentary.html

12.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Alhaji-Alhassan-Kobina-Ghansah-wins-Parliamentary-election-1129409

13.https://www.pulse.com.gh/news/politics/ndc-mp-alhaji-kobina-ghansah-pounds-fufu-photos/kqdx1b8

14.https://www.parliament.gh/mps?mp=33