Alhassan Dubie Halutie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Alhassan Dubie Halutie
MP for Sissala East
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Evans Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere22 November 1947 (1947-11-22) (age 76)
Kong, Upper West Region Gold Coast (now Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaPolitician
N'adwumaNurse

Alhassan Dubie Halutie yɛ Ghana amannyɔni ne ɔyarehwɛfoɔ. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Sissala-East mansini a ɛwɔ Upper West mantam no mu wɔ Ghana.[1]

Mfitiase asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Halutie wɔ Obubuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahenkron aduanan -nson wɔ Kong wɔ Upper West RegionGhana na ɔfiri Tumu wɔ Upper West mantam no mu. Ɔkɔɔ Bolgatanga Ayarehwɛfoɔ Nteteeɛ Sukuu firi afe apem ahenkron aduosia - nnan kɔsi afe apem ahenkron aduosia nson mu. Na ɔkɔɔ toaso wɔ Koforidua Awogyefoɔ Nteteeɛ Sukuu firi afe apem ahenkron aduosia -nnwɔtwe kɔsi afe apem ahenkron aduosia nkron.[2]

Ɔsan nso yɛ Kintampo Nkuraase Ntetee Sukuu na ɔkɔɔ Abusua Nhyehyɛe Ntetee Sukuu a ɛwɔ Tamale.

Ɔyɛɛ adesua wɔ Women in Management Supervisory wɔ 'Ghana Institute of Management and Public Administration' (GIMPA) ne Community Interactive ne Country Planning adesua wɔ Tamale wɔ mfeɛ mpem mmienu mu.[3]

Adwuma[sesa]

Ná ɔyɛ ɔyarehwɛfoɔ wɔ n’adwuma mu. Ɔyɛ Tumu Ayaresabea Aduruyɛ Boafoɔ Panyin wɔ afe 1997 mu ne Tumu Ayaresabea Aduruyɛ Boafoɔ Panyin firi afe apem ahenkron aduokron - nsia kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nson mu.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Halutie wɔ afe apem ahenkronaduokron - nnan mu sɛ ananmusini maa Sissala Mansini Badwa no. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔpanyin a ɔhwɛ mansini no so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mfeɛ mpem mmienu ne baako ntam.[5]

Na ɔyɛ MmarahyɛbadwaniNational Democratic Congress (NDC) din mu wɔ Sissala East abatoɔ mpasua so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan abatoɔ no mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔmantam Mmea Nhyehyɛefoɔ Abadiakyiri a ɔdi kan wɔ National Democratic Congress mu wɔ Upper West mantam no mu, na wɔpaa no sɛ Mmarahyɛbadwani (NDC) maa Sissala Apuei Mantam.[1]

Ankoarankoro asetena[sesa]

Ɔyɛ Nkramoni na waware na ɔwɔ mma num.

  1. 1.0 1.1 Peace FM (2014-12-17), Parliament - Sissala East Constituency Election 2008 Results, retrieved 2023-10-01
  2. MPs (in American English), retrieved 2023-10-17
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-17
  4. Alhassan, Dubie Halutie (in American English), retrieved 2023-10-17
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-17