Alex Kwaku Korankye

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Alex Kwaku Korankye
Member of Parliament for Asante Akim South Constituency
Bere
7 January 1996 – 6 January 2005
OdikanfoSamuel Ofosu-Mensah
AnanmusiniGifty Ohene-Konadu
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Alex Kwaku KorankyeGhana amanyɔni.[1] Ɔsom sɛ Ghana mmrahyɛbadwamuni maa Asante Akim South mpɛsua wɔ Asante Mantam a ɛwɔ Ghana.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Korankye ka New Patriotic Party kuw no ho.[1][2] Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwamuni wɔ afe 2000 mu.[2]

Abatow[sesa]

Korankye bɛyɛɛ mmrahyɛbadwamuni bere a edi kan wɔ Ghana 1996 abatow mu.[3] Ogyinaa maa New Patriotic Party.[3] Ɔde mma 18,646 na ɔde dii nkonim. Saa afe no mma a wɔtɔw wa mpɛsua no dodow yɛ 35,918. Aba a onyae no gyina hɔ ma mma no mu 43%.[3]

Wɔ afe 2000 mu no, Korankye san dii nkonim wɔ Ghana abatow mu.[4][5][6] Na ne mpɛsua ka mpɛsua a New Patriotic Party nyaa mmrahyɛbadwam nkogua wɔ mu.[4][5] New Patriotic Party nyaa nkongua 90 saa afe no.[4][5] Nkongua dodow a na ɛwɔ mmrahyɛbadwam saa afe no yɛ 200.[4][5][7] Ɔde mma 19,198 na ɔde dii nkonim saa afe no.[4][7] Mma dodow a wɔtoo wɔ saa mpɛsua no mu saa afe no yɛ 38,986.[4][7] N'aba no gyina hɔ ma mma a wɔtow no mu 57.1%.[4][7] Korankye dii Kwaku Kyeremanteng a ogyina maa National Democratic Congress, Jonathan Owusu a ogyina maa Convention People's Party, Emmanuel A. Boadi a ogyina maa People's National Convention ne Amponsah Wireko a ogyina maa New Reformed Party no so nkonim.[4][7] Eyi mo nyaa mma 13,892, 257, 172, ne 117.[4][5][7] Eyi gyina hɔ ma mma a wɔtow no mu 41.3%, 0.8%, 0.5% ne 0.3%.[4][5]

Beae a menyaa nsɛm no fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanamps.com/mps-by-year-group/?group=2463
  2. 2.0 2.1 https://web.archive.org/web/20200621050058/https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/members_parliament.php
  3. 3.0 3.1 3.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/ashanti/9/index.php
  4. 4.00 4.01 4.02 4.03 4.04 4.05 4.06 4.07 4.08 4.09 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/9/
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 5.5 Electoral Commission of Ghana. Parliamentary Result- Election 2000 (PDF). Accra: Electoral Commission of Ghana. 2007. p. 3.
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/index.php
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/index.php