Gifty Ohene-Konadu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Gifty Ohene-Konadu (wɔwoo no 23 Ɔbɛnem 1957) yɛ ɔman adwumayɛni ne Ghana amanyɔni a ɔwɔ Republic of Ghana. Na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ogyina hɔ ma Asante-Akim Anafo mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana wɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 4 ne 5 a ɛwɔ Ghana Ɔmanpanyin a ɛto so 4 no mu. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .[1][2]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Gifty wɔ 23 Ɔbɛnem 1957. Ɔfiri Juaso, kuro bi a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Ɔyɛ Ghana Suapɔn no mu ade . Ɔwɔ abodin krataa wɔ asetra ho adesua mu wɔ sukuupɔn no mu. Gifty nso wɔ ofie sikasɛm ho adansedi krataa wɔ sukuupɔn koro no ara mu. Onyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ nkɔso ho adesua mu a na ne ho akokwaw wɔ ɔman nhyehyɛe ne adwumayɛ mu wɔ Asetra mu Adesua Asoɛe a ɛwɔ Netherlands no mu. Ɔsan nso nyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ mmarima ne mmea asomdwoe ne ahotɔ mu fii Kofi Annan Amanaman Ntam Asomdwoe Ntetee Asoɛe a ɛwɔ Accra Ghana.

Adwuma[sesa]

Gifty yɛ ɔfotufoɔ/nhwehwɛmufoɔ wɔ mmarima ne mmaa ne mpɔtam aban nsɛm ho ne ɔman adwumayɛfoɔ a ne ho akokwa. Ɔboaboaa ne suahu ano bere a na ɔreyɛ adwuma sɛ adwuma no sohwɛfo panyin mfe 18 wɔ Ɔman Bagua a Ɛhwɛ Mmea ne Nkɔso So (NCWD). Gifty ne Ministry of Women and Children’s Affairs yɛɛ adwuma sɛ nnwuma sohwɛfoɔ mfeɛ 2. Asoɛeɛ foforɔ a ɔne no yɛɛ adwuma no bi ne Ministry of Regional Cooperation ne NEPAD ne Office of the Head of Civil Service sɛ F&A kwankyerɛfoɔ ne HR kwankyerɛfoɔ.

Amanyɔsɛm[sesa]

Gifty yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua muni fi Ɔpɛpɔn 2005 bere a ɔdaa ne ho adi sɛ nkonimdifo wɔ amansan abatow mu wɔ December 2004.[3] Ɔperee ne ho dii nkonim ne mprenu so na odii nkonim wɔ afe 2008 Amansan Abatoɔ mu.[4] Na ɔyɛ Asante-Akim South mantam no MP.[3][4] Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbaguani maa saa mantam yi wɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan ne anum mu.[3][4][5] Na ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Aguadi ne Nnwuma so a ɔhwɛ Nnwuma nketewa ne akɛse so wɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 4 a ɛwɔ Ghana Ɔmanpanyin a ɛto so 4 no mu.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Gifty sɛ mmrahyɛbaguani mma Asante-Akim South mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[6] Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[6] Ná ne mantam no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 24,085 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 40,384 a ɛne abatow a ɛfata nyinaa mu 59.6% yɛ pɛ.[6] Wɔpaw no sen Forkuo De-Graft a ofi National Democratic Congress, George Agyepong a ofi Convention People’s Party ne Andrews Frimpong a ɔyɛ obi a ɔde ne ho.[6] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 30.6%, 1.2% ne 8.5%.[6]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[7] Ná ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatoɔ 23,838 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata 38,744 a wɔtoeɛ nyinaa mu a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 61.53% yɛ pɛ.[7] Wɔpaw no sen De-Graft Forkuo a ofi National Democratic Congress ne Quao Ebenezer a ofi Convention People’s Party mu .[7] Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 36.73% ne 2.74%.[7]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔdomfo yɛ Kristoni. Ɔne Seventh Day Adventistfo no bɔ fekuw. Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa.

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 119.
  2. Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 59.
  3. 3.0 3.1 3.2 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 119.
  4. 4.0 4.1 4.2 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 59.
  5. Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 119.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 119.
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 59.