Ahmed Ibrahim (Ghanaian politician)

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Ahmed Ibrahim
Mprenpren
Bere
7 January 2009
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Member of the Ghana Parliament
for Banda Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere6 May 1974 (1974-05-06) (age 49)
Banda Ahenkro
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MmaOne
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaChief Executive Officer
CommitteesSpecial Budget Committee; Communications Committee; Local Government and Rural Development Committee; Business Committee

Ahmed IbrahimGhana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Aman a ɛtɔ so anan no muni a ogyina Banda Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) tekiti so.[1][2][3] Mprempren ɔyɛ Minority Chief Whip Abadiakyiri wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu.[4][5]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ibrahim wɔ Kotonimma bosome da a ɛtɔ so nsia (6) afe 1974, wɔ Banda Ahenkro wɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ibrahim suaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a onyaa abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm ne Nyansapɛ mu (bachelor's degree in Political Science and Philosophy) wɔ afe 2001 mu.[6]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Flamingo Publications (Ghana) Limited adwumayɛfoɔ panin (Chief Executive Officer - CEO.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ibrahim hyɛɛ n’amanyɔsɛm adwuma ase wɔ afe 2009 mu bere a wɔkae sɛ ɔno na odii nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow mu maa ne mansin no. Afei wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so anum (5th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) muni wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2009. Bere a Ibrahim wiee n’ahennie afe a ɛdi kan no, ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛpere ahennie foforɔ wɔ afe 2013 mu na ɔdii Joe Danquah so nkonim sɛ ɔbɛkora n’akongua so. Wɔ afe 2015 mu no ɔsii akan na odii nkonim wɔ NDC mmarahyɛ badwa primaries mu maa Banda Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ɔdii nkonim wɔ saa mmarahyɛ badwa atenaeɛ yi mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu denam abatoɔ 6,167 a onyaeɛ a ɛgyina hɔ ma 52.03% tiaa nea ɔne no reko no abatoɔ 5,660 a ɛgyina hɔ ma 47.76%.[7][8]

Boayikuw ahorow[sesa]

Ibrahim yɛ Budget Boayikuo Titiriw no muni; Nkitahodi Boayikuw (Communications Committee) no muni; ɔyɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw (Local Government and Rural Development Committee) no muni; na ɔyɛ Adwumayɛ/Edwadie Boayikuw (Business Committee) no muni.[6]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ibrahim yɛ Kristoni.[6] Waware na ɔwɔ abofra baako (1).[7]

Ntotoho[sesa]

  1. "Minority fumes over bill to put COCOBOD under Agric Ministry; says it is needless". The Chronicle Online (in American English). 2020-10-08. Archived from the original on 2021-01-14. Retrieved 2021-01-12.
  2. "Banda MP donates 12,000 blocks to four churches". The Chronicle Online (in American English). 2020-12-17. Archived from the original on 2021-01-31. Retrieved 2021-01-12.
  3. "E-levy not on Parliament's business statement for this week - Ahmed Ibrahim - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2022-01-25. Retrieved 2022-11-13.
  4. "Ahmed Ibrahim raises concerns over nomination of Justice Gaewu to Supreme Court bench". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2022-08-02. Retrieved 2022-11-13.
  5. Tornyi, Emmanuel (2022-09-30). "National Security warned Nana Addo against SIM card blockage – Ahmed Ibrahim". Pulse Ghana (in English). Retrieved 2022-11-13.
  6. 6.0 6.1 6.2 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-11-13.
  7. 7.0 7.1 7.2 "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-03-12.
  8. FM, Peace. "Parliament - Banda Constituency Election 2016 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-12-06.