Afua Asantewaa

Ɛfi Wikipedia
Afua Asantewaa
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAfua, Asantewaa Sesa
date of birth1990, 11 Kotonimma 1990 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationjournalist Sesa
educated atGhana Institute of Journalism, Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu Sesa
notable worksinging Sesa

Afua Asantewaa Aduonum (wɔwoo Kotonima bosome ne da ɛtɔ so 11 wɔ afe 1990) a wonim no yiye sɛ Afua Asantewaa yɛ Ghanafoɔ nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ ne ɔduadwumfoɔ, a seesei ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ Guinness world record ho dawuro wɔ nnwonto a ɛware sen biara ho. [1][2][3][4] Ɔyɛ sɛnkyerɛwfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ Askof Productions Ltd so a ɛyɛ Ghana Outstanding Women Awards, Pose For Africa Models Reality Show, ne Miss Kidi Ghana. [5][6]

Mfiase asetra ne adwuma[sesa]

Afua Asantewaa Aduonum fii n'adwuma ase sɛ sɛnkyerɛwfo, na ɔyɛɛ adwuma maa Ghana nsɛm ho amanneɛbɔ adwumakuw bebree.

Ɔwaree Kofi Aduonum, a ɔyɛ agumadi sɛnkyerɛwfo.[7] Wɔwɔ mma baasa.[8]

Nnwom a ɛware sen biara mu kyerɛwtohɔ[sesa]

Wɔ Ɔpɛnimma bosome no mu wɔ afe 2023 mu no, Afua Asantewaa bɔɔ amanneɛ sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛto dwom a ɛware sen biara.[9][10][11]

Ofii ase too nnwom wɔ Ɔpɛnimma bosome ne da a ɛtɔ so 24 wɔ afe 2023, [12]

Wɔ Fida, Ɔpɛnimma bosome ne da a ɛtɔ so 29 wɔ afe 2023 mu no, Afua Asantewaa wiee mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛto dwom a ɛware sen biara wɔ marathon mu no. Ɔtoo dɔnhwerew 126 ne simma 52 boro nea na wadi kan ato saa dwom no wɔ afe 2012 mu no.[13][14][15]

Wɔreyɛ Guinness World Record Attempt no wɔ Akwaaba village bi a ɛwɔ Accra, Ghana mu.

Ghanafoɔ a wɔagye din bebree atu kwan a akyerɛ Afua Asantewaa sɛ wɔn anisɔ no na wɔda no ase.

Ɛfa Ghana nnwontofo te sɛ KiDi, Kuami Eugene, Kojo Antwi, Fancy Gadam, Sista Afia, Efya, Wendy Shay, Celestine Donkor, Obaapa Christ ne wɔn a wɔyɛ sini te sɛ Nana Ama McBrown, Salinko, Akrobeto, and Fella Makafui, ne amanyɔfo mpo (Ɔmampanyin Abadiakyiri Mahamudu Bawumia kɔ ho kɔ ɔboa wɔn).[16]

Sɛ yɛrekyerɛw saa asɛm yi (Ɔpɛnimma bosome ne da 29, 2:05 GMT) yi, Afua Asantewaa aboro nea obiara hwɛ kwan, ɔno ankasa de n'ani abere sɛ obedu nnɔnhwerew 120 na Sunil Waghmare de nnɔnhwerew 105 adi dwuma - Guinness World Record Holder ma Singathon - a odii saa dwuma yi wɔ 2012 mu. [17]



Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. AfricaNews (2023-12-27), Afua Asantewaa : the Ghanaian lady set to break Guinness world record (in English), retrieved 2023-12-28
  2. Afua Asantewaa Aduonum Guinness world record for longest singing marathon attempt draw crowd and support from Ghanaians, 2023-12-27, retrieved 2023-12-28
  3. Afua Asantewaa kicks off attempt to break Guinness World Record Sing-a-thon (in American English), 2023-12-24, retrieved 2023-12-28
  4. Georgina Awuni says (2023-12-24), Afua Asantewaa begins attempt to break Guinness World Record for longest Sing-a-thon (in American English), retrieved 2023-12-28
  5. Facts about Afua Asantewaa, the Ghanaian aiming to break Guinness World Record sing-a-thon (in English), 2023-12-27, retrieved 2023-12-28
  6. Prince Aning (2023-12-27), Details about Afua Asantewaa, the Ghanaian Pursuing a Guinness World Record in Singing Marathon (in American English), retrieved 2023-12-28
  7. Kofi Aduonum: Meet Afua Asantewaa’s husband who is a sports journalist (in English), 2023-12-27, retrieved 2023-12-29
  8. Nathaniel Crabbe (2023-12-28), “See how I'm smiling”: Afua unofficially breaks 105-hr sing-a-thon world record (in English), retrieved 2023-12-29
  9. Governor (2023-12-07), Afua Asantewaa is set to embark on 117 hours sing-a-thon (in American English), retrieved 2023-12-29
  10. Who is Afua Asantewaa Aduonum - The Ghanaian Standard (in British English), 2023-12-27, retrieved 2023-12-29
  11. Afua Asantewaa gets more support ahead of singing marathon world record attempt (in English), 2023-12-11, retrieved 2023-12-29
  12. GNA (2023-12-28), Afua Asantewaa Aduonum exceeds Guinness World Record for longest singing marathon (in American English), retrieved 2023-12-29
  13. GNA (2023-12-29), I want my sing-a-thon journey to inspire women, youth — Afua Asantewaa (in American English), retrieved 2023-12-29
  14. Dorcas Abedu-Kennedy (2023-12-29), Sing-a-thon: Afua Asantewaa ends Guinness World Record attempt (in American English), retrieved 2023-12-29
  15. Nessa Bless (2023-12-29), Proudly Ghanaian: Afua Asantewaa Aduonum Officially Ends Her Sing-a-thon At 126hrs And 52mins (in American English), retrieved 2023-12-29
  16. AfricaNews (2023-12-27), Afua Asantewaa : the Ghanaian lady set to break Guinness world record (in English), retrieved 2023-12-29
  17. playerlist - longest singing marathon