Nana Ama McBrown

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Nana Ama McBrown
Awo bere
Felicity Ama Agyemang

15 August 1977 (1977-08-15) (age 46)
Ne manGhana Ghana
N'adwumaSinitwani, kasafoni dwumayɛni (TV presenter)
Years active1998 -
Nehokani
Maxwell Mawu Mensah
(m. 2016)

Felicity Ama Agyeman Ghanani baa a wɔwoo no Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so dunum, afe apem ahankron aduoson-nson mu.[1] Nnipa dodoɔ a nim no frɛ no Nana Ama Mcbrown. Ɔyɛ Ghana sinitwani, nnwom kyerɛfoɔ ne kasafoni dwumayɛni. Ɔsɔree da koro bi bɛyɛɛ nipa titiriw a ɛyɛ ne dibea a ɔdi no sini a wɔfrɛ no “Tentacles” no so. Akyiri mu no na ɔkwadɛree ne dibea no mu yie na ɔdii akyiri wɔ Akan kasa sini a wɔfrɛ no Asɔreba mu.

Abrabɔ Ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo Nana Ama wɔ Kumasi, Asante mantam mu wɔ Ghana, ɛyɛ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so dunum, afe apem ahankron aduoson-nson mu.[1] Ne maame Cecilia Agyenim Boateng, ne ne papa Kwabena Nkrumah gyaee awareɛ berɛ a na Nana Ama yɛ abofra.[2] Ne papa ka ‘nkyene gue’ (Ɔwuiɛ) ma nneɛma mu yɛɛ den a na ne maame a nso ntumi mmoa ɔno ne ne nua nsia no, Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kofi McBrown ne ne Sewaa, madam Betty Obiri Yeboah bɛfaa no ne ne nuanom nsia no kɔtenaa wɔn nkyɛn. Ɛnam saa no nti Nana Ama mmofra berɛ mu yɛɛ den maa no.[2]

Nana Ama ne ne nuanom nsia no nyinii wɔ Kwadaso, Asanteman mu (Kumasi), wɔn ne wɔn Sewaa ne wɔn Papa a ɔfaa wɔn tenaa ne nkyɛn no. Ɛde bɛsi nnɛ, ɔfrɛ ne Sewaa no sɛ ne maame ankasa, na waka ne nnaase akyerɛ ne sewaa no sɛ wama wɔn baabi pa atena anaasɛ asetena pa.[3]

Sukuu a Nana Ama kɔeɛ yɛ “St. Peter’s International Residential school, na ɔkɔɔ so ara kɔɔ Minnesota International ne Central International. Ɔtoaa so kɔɔ Kwadaso L.A. J.S.S, ɛno mu na wantumi antoa so antwerɛ ‘Basic Education Certificate Exams no bi.

Anisoadehunu[sesa]

McBrown de ne ho kɔ bɔɔ sinitwa ho. Odi dwumapa bi wɔ kasafidie so bere a ‘Miracle Film’ ɛfrɛ so ma wɔde no bɛbataa wɔn sɛ ɔno na ɔbɛsiesie wɔn a wɔrekɔtwa sini no ho ansa. Mmom wɔ sinitwa mu no, ɔbɔɔ ne ho mmɔden maa ne panyin, Samuel Nyamekye hu sɛ ɔyɛ adeɛ ne dibea mu. Afe mpem mienu ne baako mu no (2001), ne sini a edi kan no yɛ ‘That Day’, ɛno na ɛmaa n’anisoadehunu pue.[4]

N’akansie wɔ ‘That Day’ no mu bue apono ahorow ne dibea pii maa ede no kɔsi sini ‘Tentacles’ so.

Wɔ afe mpem mienu ne nson mu no, ɛyɛ sini, Asoreba a Agya Koo ne Mercy Aseidu wo mu no dane edin Nana Ama bɛyɛ edin obiara nim. Efiri hɔ no, ne mmɔdenbɔ ne ntɔkɔsoɔ no ama dodow naa agye ne sini ato mu.

N'abrabɔ[sesa]

Wɔ kaa Nana Ama ne Omar Sheriff Captain , Abrantie a ɔne no atwa sini dodow naa mmom no na dodow naa keka sɛ ɔne ne hyehyɛ hɔ nso Nana Ama se ɛni mu sa.

Nana Ama Mcbrown ne Ghana nwom to ni Okyeame Kwame pue, ɛyɛ afe mpem mienu ne nan mu. ɛyɛ saa afe no mu, nnipa dodow naa hunu wɔn mienu sɛ wotutu akwan pii wɔ Ghana wiase afanaa mu nyinaa enam Okyeame Kwame nwom a na ɔda n’adi akyerew nti.

Da a ɛtɔ so du num, Kitawonsa bosome mu ne afe mpem mienu ne nson, wɔsii Nana Ama Nkɔsuɔhemaa wɔ Assin-Basiako a ɛbɛn Assin-Fosu a ɛwɔ Assin Atifi mansini mu, a ɛwɔ Mfinimfini mantam, Ghana.[3]

Ɔware ɔbarima dedaw a na ɔne no hyehyɛ hɔ pɛn, a wɔfrɛ no Maxwell Manu Mensah ɛyɛ mfeɛ mpem mienu ne edu nsia mu. Nana Ama woo ne ba a odikan wɔ Canada, ɛyɛ Ɔbɛnim bosome, afe mpem mienu ne du nkron.[5][6]

Baabi a me nyaa mmoa firi yɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Nana Ama McBrown celebrates 41st birthday with stunning photos (ghanaweb.com)
  2. 2.0 2.1 Biography- Nana Ama McBrown (modernghana.com)
  3. 3.0 3.1 Nana Ama Mcbrown Biography: 10 Surprising Facts About Her (buzzghana.com)
  4. Top 10 Most Beautiful Ghanaian Actresses 2016 (africaranking.com)
  5. Nana Ama McBrown And Husband Welcome Bouncy Baby Girl | General Entertainment | Peacefmonline.com
  6. Nana Ama Mcbrown shows baby’s face for the first time as she celebrates her 1st anniversary (modernghana.com)