Jump to content

Kojo Antwi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kojo Antwi, a yɛsane nso frɛ no “Mr. Music man” yɛ Ghana “Afro pop”, “highlife”, “reggae” dwomtoni a ɔsan nso yɛ kane “Ghana Music Rights Organization” (GHAMRO) titenani. Wɔwoo  Julius Kojo Antwi too anuanom du mmiɛnsa mu[1].

N'abrabɔ Ahyɛaseɛ Ne Nnwomasua

[sesa]

Ɔyinii  wɔ Nkran brɔno a wɔfrɛ no Darkoman. Ɔwɔ nnwom ahodoɔ aduonu mmienu(22). Kojo Antwi nnwom mu baako a ɛbɛgyee din wɔ Ghana ha yɛ “Tom and Jerry”.

Kojo Antwi wiee sukuu no ɔde ne ho kɔbɔɔ  adwomtofoɔ kuo bi a wɔfrɛ wɔn “Boomtalents”[2][3].

N'adwumayɛ

[sesa]

Akyire no ɔbɛyɛɛ “Classique Vibes” a kane no na wɔfrɛ no “Classique Handles” no mu kandifoɔ. Ɛwiee akyire no, Kojo Antwi tee ne ho. Ne dwom a ɔdii kan toeɛ  ne “All I need is you” a ɔyii no adi wɔ afe 1986 mu no bɛyɛɛ dwom a ɛbɛgyee din yie pa ara wɔ Ghana. Ne dwomtoɔ mu no, ɔde Ghanafoɔ highlife, Congolese Soukous, Caribbean lovers rock, African lovers soul ne R&B na ɛdi afra[4].  Ɔno ne Ghana dwomtoni a ɔdii kan paw no sɛ ɔmmɛgye amanɔne adwomtofoɔ abasobɔdeɛ  a wɔfrɛ no BET Awards.

Ɔto dwom pii wɔ Ghana kasa titire Twi mu. Wɔ afe mpenu ne du nwɔtwe bosome a ɛtɔ so nsia mu no, ɔkɔɔ aporɔbɔ wɔ “America”.

Ɔyɛ dwomtoni a ɔtae kasa fa akwantuo, owuo ne abrabɔ ho nanso ne nnwom bebree no ara kasa fa “ɔdɔ” ho. Ɔwɔ ɔkwan a ɔfa so de kasakoa ne mfonini a ɛmu da hɔ di dwuma de da atenka a tumi wɔ mu adi. Sɛ ɛbia ɔreto ɔdɔ ne baakoyɛ  ho dwom a, ne nsɛm no mu wɔ tumi a ɛka n'atiefoɔ akoma[5].

Ɔdɔ ho nnwom a wato no bi ne; Afrafrantɔ, Mmirika, Menya ntaban, Mfa me nkɔ hɔ, Hini me, Dadie anoma ne deɛ ɛkeka ho.

N'abasobɔdeɛ a wagye no bi ne, West Africa Tourism Award, All Africa Music Awards, Kora Award ne Our Music Award.

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kojo Antwi, Biography (in English), retrieved 2025-08-26
  2. Kojo Antwi, Biography (in English), retrieved 2025-08-26
  3. Kojo Antwi on Apple Music (in American English), retrieved 2025-08-26
  4. Kwadwo Antwi, Melpomeni Fani, Tobias Heye, Guillaume Nicolas, Christof Rottenburger, Felix Kaul, Elmar Merkle, Christoph J. Zech, Daniel Boll, Deborah R. Vogt, Beat Gloor, Emanuel Christ, Damian Wild (2018-12-01), "Comparison of glucagon-like peptide-1 receptor (GLP-1R) PET/CT, SPECT/CT and 3T MRI for the localisation of occult insulinomas: evaluation of diagnostic accuracy in a prospective crossover imaging study", European Journal of Nuclear Medicine and Molecular Imaging (in English), vol. 45, no. 13, pp. 2318–2327, doi:10.1007/s00259-018-4101-5, ISSN 1619-7089, retrieved 2025-08-26{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Kojo Antwi on Apple Music (in American English), retrieved 2025-08-26