Adamu Daramani

Ɛfi Wikipedia

Adamu Daramani Sakande ( wɔwoo no 6 May 1962 – 22 September 2020) na ɔyɛ Ghana amanyɔni ne mmarahyɛbadwamfie a ɛtɔ so num wɔ Ghana adehyeman amammuo a ɛtɔ so nan no mu nipa a Ɔtenaa mmarahyɛbadwam maa Bawku Central mpɛsoa, wɔ Upper East mantam mu wɔ Ghana.[1]

Hon.
Adamu Daramani Sakande
Member of Ghana Parliament for Bawku Central Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
OdikanfoMahama Ayariga
AnanmusiniMahama Ayariga
Ne ho asɛm
Awo bere(1962-05-06)6 May 1962
Bawku, Upper East Region Ghana)
Owu bere22 September 2020(2020-09-22) (aged 58)[2]
London, United Kingdom
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔPortsmouth University
N'adwumaPolitician
N'adwumaManager

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Adamu wɔ Kontonimaa bosome 6,1962, wɔ Bawku a ɛwɔ Upper East Mantam mu wɔ Ghana.[3] Ɔkɔɔ Portsmouth University, NHS-UK na ɔsuaa studied Counter Fraud ne Security Management Service Accredited SMS wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu(2003).

Amanyɔsɛm[sesa]

Adamu baa mmarahyɛbadwafie berɛ a Ɔpɛnimma bosome no abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe(2008) Ghana man nyina abatoɔ mu wɔ Ɔsono amanyɔkuo(New Patriotic Party, NPP) din mu sɛ Mmarahyɛbadwani ma Bawku Central Mpɛsoa a Upper East Mantam mu. Ɛwɔ abatoɔ no mu no, ɔnyaa mma mpem aduonu, ɔha ne aduonum-nson(20,157) wɔ mma dodoɔ mpem aduasa nson, ahason ne dunkron(37,719) ɛbaaeɛ no nyinaa mu a ne mma ɔnyaaeɛ no yɛ mma dodoɔ no mu ɔha nkyɛmu aduonum mmiɛnsa ne akyirepɔ nan(53.4%). Ɔsomm wɔ mmarahyɛbadwafie ɔfa baako pɛ.[4]

Adwuma[sesa]

Adamu ne NHS Primary Case Trust, London yɛɛ adwuma. Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Bawku Central mpɛsoa a ɛwɔ Upper East Mantam mu wɔ Ghana.

Asɛnnie ne afiasenna[sesa]

Wobuu Adamu fɔ sɛ odii atoro adanse na ɔyɛɛ atoro. Enti wɔde no too afiase mfe abien bere koro mu wɔ nsɛm no nyinaa ho. Wɔkyerɛe sɛ, ansa na afe 2008 abatoɔ no reba no, ɔkaa atoro asɛm bi wɔ akwammisa krataa bi a ɔde kɔmaa sɛ wɔmfa ne din nhyɛ abatoɔfoɔ din mu na akyiri yi ɔkɔɔ n’anim kɔtoo aba wɔ December 2008 amansan abatoɔ no mu berɛ a na onni hokwan sɛ ɔyɛ saa. Anantwinini tɔnfo bi kae sɛ Daramani kura Britania ne Burkinabe akwantu tumi krataa.[5][6][7] Ne mmaranimfo no de asɛm no kɔdan asɛnnibea no sɛ wɔntew atemmu no mu den so esiane Adamu akwahosan ho haw ahorow bi nti.[8]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=130
  2. "Adamu Sakande is dead". Ghana Web. Retrieved 23 September 2020.
  3. Odekro | What has your MP done for you?, retrieved 2023-10-05
  4. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Bawku Central Constituency, retrieved 2023-10-05
  5. MP found guilty of forgery, jailed for two years (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. Bawku Central MP Adamu Sakande convicted; jailed two years (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. https://www.modernghana.com/amp/news/408719/this-is-the-result-of-politics-8230says-adamu-html
  8. Bawku Central MP Adamu Sakande convicted; jailed two years (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)