Abena Osei Asare

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Abena Osei-Asare
Mmrahyɛbadwani ɛma
Atiwa East Mpɛsoa
Mprenpren
Bere
2012
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere16 January 1979
Ne man GHAGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAccountant and financial officer

Abena Osei- AsareGhana amanyɔni, na mprempren yi yɛ mmrahyɛbadwani ma Atiwa Apuei Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Apueɛ MantamGhana.[1][2][3][4]

W'aware na ɔwɔ mma baasa (3); mmarimaa baanu ne abeawa bi.[5]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Abena Osei-Asare kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Wesley Girls High School a ɛwɔ Cape Coast (firi 1995-97), ɔtoaso wɔaban suapɔn, University of Ghana, kɔ suaa adeɛ faa sika ne asase nsɛm ho. ɔka kuo a wɔfrɛ no ACCA no ho, na ɔwɔ abodin krataa wɔ nkitahodie nsɛm ho, a efiri ACI (Sikasɛm Dwadifoɔ Kuo).

Akyiri yi onyaa ne ntoaso sukuu wɔ Ghana Suapɔn mu, baabi a osuaa Sikasɛm ne Asase Ho Adesua. Ɔwɔ B.A. (Hons.) wɔ Economics with Geography mu wɔ Ghana Suapɔn mu na wanya Msc. Nkɔsoɔ Sikasɛm a ɛfiri Ghana Suapɔn Adwumayɛ Sukuu mu.

Ɔbɛyɛɛ Association of Chartered Certified Accountants (UK) no muni wɔ afe 2009 mu na akyiri yi ɔbɛyɛɛ yɔnko wɔ afe 2014. Afei nso, ne membership trɛw kɔ Institute of Chartered Accountants (ICA) Ghana.[5]

Ɔsan nso wɔ adansedi krataa wɔ Dealing mu fi ACI (Financial Markets Association).[6][7]

Adwuma[sesa]

Abena Osei-Asare nyaa ne abodin krataa (first degree) a ɛdi kan akyi no, ɔyɛɛ ne ɔman som (national service) wɔ Ɔmampanin no Dwumadie Titiriw a ɛfa Ntama ne Ntadeɛ ho (President's Special Initiative on Textiles and Garments) wɔ Ɔmampanin John Agyekum Kufuor ase.[5]

Ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfoɔ boafoɔ (assistant director) wɔ Nneɛma a Wɔde Yɛ Adwuma ne Sikasɛm (Facilities and Finance) mu maa New York Suapɔn (New York University) a ɛwɔ Ghana wɔ (afe 2004 ne afe 2007) ntam.

Ɔtoaa n’adwuma so wɔ Absa Sikakorabea (Barclays Bank) saa bere no na Barclays Sikakorabea (Barclays Bank) wɔ Ghana, ɔsom sɛ adetɔfo kuw kannifo wɔ adetɔnbea dwumadibea (customer team leader in the retail department) efi afe 2007 kosi afe 2009 ne aguadifo ma Sikakorabea Dwumadibea (dealer for the Treasury Department) efi afe 2009 kosi afe 2012.

Wɔ afe 2000 mu no ɔbɛyɛɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no muni na ɛyɛ saa amammui kuw yi tekiti so na ɔsii akan sɛ ɔyɛ Mmarahyɛbadwani wɔ saa bere no mu Mmrahyɛbadwam mpɛsoa foforo a wɔayɛ no Atiwa Apuei a ɛwɔ Apuei Mantam mu wɔ afe 2012 mmarahyɛ badwa abatow no mu.[8][9]

Amanyɔsɛm[sesa]

Abena sii akan na odii nkonim wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) mmarahyɛ badwa no mu wɔ Atiwa Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Apuei Fam mantam mu wɔ afe 2012. Ɔsan dii nkonim bio wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔne obi foforo a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifo a ɔne Asante Foster a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no sii akan.

Abena dii nkonim wɔ abatow no mu denam amba 17,399 a onyae wɔ nnipa 22,486 a wɔtow no mu, a egyina hɔ ma abatow a ɛfata nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 77.81%.[10][11][12]

Sɛɛ Mmarahyɛbadwani no, ɔde ne ho hyɛɛ mmarahyɛ badwa no adwuma mu denneennen sɛ Atiwa Apuei famfo ananmusifo. Ɔsomm wɔ Sikasɛm Boayikuo (Finance Committee), Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo (Public Accounts Committee), ne Adwumayɛ (Employment) ne Asetena mu Yiedie (Social Welfare) ne Ɔman Nnwuma Boayikuo (State Enterprises Committee) mu wɔ Mmarahyɛ Badwa no mu na wadi dwuma titiriw wɔ mmara ne apam ahodoɔ a ɔhyɛeɛ ne afei nso nsɛmbisa a ɔbisabisaa wɔn a wɔhwɛ sikasɛm so wɔ Afe afe Sikakorabea Panyin Amanneɛbɔ (Annual Auditor General's Report) no mu. Bio nso na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa Ɔsom Boayikuw a Agye Din (Prestigious Parliamentary Service Board - PSB) no muni.

Wɔ afe 2017 mu, bere a na Abena adi mfeɛ aduasa awɔtwe (38) no, na ɔyɛ ɔbaa kumaa a wɔayi no pɛn wɔ Sikasɛm ne Sikasɛm Nhyehyɛeɛ Dwumadibea (Ministry of Finance and Economic Planning) sɛ ɔsoafoɔ abadiakyiri (deputy minister).

Wɔ Sikasɛm Dwumadibea (Ministry of Finance) no, na ne nhyehyɛe no bi ne sɛ ɔbɛyɛ ntamgyinafo wɔ Ɔsom Dwumadibea no ne Mmarahyɛ Badwa no ntam wɔ boseabɔ ho apam, mmara ahorow ne Ɔman sikasɛm nhyehyɛe a wɔyɛ no afe biara mu. Sɛɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ sikasɛm so no, ɔno a ɔyɛ adwuma wɔ Sikasɛm soafoɔ no ase no boaa aban sikasɛm nhyehyɛe no ahosiesie ne ne di a ɛkɔ so yiye wɔ mfe anan (4) a atwam no mu. Ɔboaa kɛse ma osiesiee adwumayɛfo akuw ho nsɛm pii wɔ mfe anan (4) a edi kan a H.E. Nana Addo Dankwa Akufo-Addo.

Ɔsan nso agyina Ɔsoafoɔ no ananmu wɔ amanaman ntam nhyiamu ahodoɔ (various international conferences) a UN nhyiamu a ɛfa SDGs ne ILO a ɛfa adwumayɛfoɔ ho ka ho. Wɔ Adwumakuw Aban ho no, Ogyinaa Sikasɛm Dwumadibea ananmu sɛ Ɔkwankyerɛfo (Director) wɔ badwa ahorow a edidi so yi mu; ADB BANK, SSNIT, NHIA ne GIADEC.

N’abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Abena yɛ Kristoni a ɔkɔ asɔre wɔ Presbyterian asɔre mu. W'aware na ɔwɔ mma baasa (3). Ɔsan nso di NGO bi so, The Waterbrook Foundation a ɛde wɔn Nhomasua boa asuafoɔ a wɔn ho akokwa (brilliant) nanso wohia mmoa.

Ntotoho[sesa]

  1. Bampoe, Daniel (15 April 2015). "MP Abena Osei Asare Picks Nomination Forms". Modern Ghana. Retrieved 19 September 2016.
  2. "Election 2016: Know your female parliamentary candidates". Abongobi Media Services. 21 February 2016. Archived from the original on 10 May 2017. Retrieved 19 September 2016.
  3. "Atiwa MP advises constituents to safeguard government projects". myjoyonline. 4 February 2014. Archived from the original on 24 July 2019. Retrieved 19 September 2016.
  4. Akwetey-Okunor, Isaac. "Atiwa East MP Decries High Rate Of Pregnancy Among JHS Students". The Chronicle. Archived from the original on 3 July 2014. Retrieved 19 September 2016.
  5. 5.0 5.1 5.2 Interview with Abena Osei Asare, MP for Atiwa East | Face to Face (in English), retrieved 2021-03-24
  6. "Hon. Abena Osei Asare". Odekro. Odekro. Archived from the original on 20 September 2016. Retrieved 19 September 2016.
  7. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2020-12-07.
  8. Arku, Jasmine (11 June 2013). "Atiwa East MP determined to serve constituents". Graphic Online. Graphic Online. Retrieved 19 September 2016.
  9. "Member of Parliament Abena Osei-Asare (Mrs)". GhanaWeb. b. Archived from the original on 22 August 2017. Retrieved 19 September 2016.
  10. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Atiwa East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2019-03-14.
  11. "Ghana Election atiwa-east Constituency Results". www.graphic.com.gh. Retrieved 2019-03-14.
  12. "Parliamentary Results for Atiwa East". www.ghanaweb.com. Archived from the original on 2019-09-04. Retrieved 2019-03-14.

Nsɛm a ɛwɔ saa atwerɛwsɛm yi mu yɛ ketewa. Wobɛtumi di bi aka ho aboa Wikipedia.