Abdul Razaq Muhyiddin Hassan Tahir

Ɛfi Wikipedia
Abdul Razaq Muhyiddin Hassan Tahir
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth12 Ahinime 1936 Sesa
place of birthNkran Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationIslamicist Sesa

Abdul Razaq Muhyiddin Hassan Tahir (wɔwoo no Ɔkɔtɔberɛ 12, 1936), wɔ Nkran, yɛ Ghana Nkramosom ho nimdefoɔ ne Aban ntam nkitahodifo a wɔakɔ pɛnhyen.[1][2]

Nhomasua[sesa]

Owiee ntoaso sukuu wɔ Al-Azhar Asoɛe a ɛwɔ Cairo fi afe 1959 kosi 1962 na owiee BA (Hons) wɔ Arabic ne Islam Adesua mu wɔ Cairo Sukuupɔn Faculty of Darul-Ulum wɔ afe 1966 mu. Abdul nyaa Arabic kasa ne Islam adesua mu abodin krataa wɔ Dar ul-Ulum a ɛwɔ Al-Azhar Suapɔn mu wɔ Cairo wɔ afe 1966. Wɔ afe 1982 mu no, onyaaMaster’s abodin krataa wɔ Arabic kasa mu wɔ Bayero Sukuupɔn Kano a ɛwɔ Kano, Nigeria, na ɛno akyi no, wɔ 1984 mu no, onyaa ne Ph.D.[3]

Adwuma[sesa]

Efiri afe 1979 kosi afe 2000 no, Abdul yɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Cairo Sukuupɔn Asoɛe a Ɛhwɛ Afrika Adesua ne Nhwehwɛmu So. Saa bere yi mu a nso, ɔde ne ho hyɛɛ Radio Cairo amannɔne dwumadi mu sɛ kasamafo, nkyerɛkyerɛmufo, ne ɔbɔfo. Abdul kyerɛw nhoma ahorow a ɛfa akenkan ne akyerɛw ho wɔ Hausa kasa mu na ɔboaa nhomasua boayikuw ahorow. Ɔdii dwuma titire wɔ Islam nkyerɛkyerɛ a wɔde maa Ghana Nkramofoɔ no mu. Ɛde besi October 2001 no, na ɔyɛ ɔbenfo wɔ Al-Azhar Asoɛe a Ɛhwɛ Amannɔne Sukuufo So wɔ Cairo. Ɛno akyi no, ɛfiri Ɔkɔtɔberɛ 2001 kɔsi afe 2005 no, ɔyɛɛ Ghana Ɔnanmusifoɔ wɔ Riyadh, a wɔgyee no toom wɔ Doha a na ɔwɔ Riyadh.[2][3]

Beaɛ a menyaa mmoa fiiriɛ[sesa]

  1. New Ambassadors, retrieved 2023-11-27
  2. 2.0 2.1 The Republic of Ghana, 2016-06-15, archived from the original on 2016-06-15, retrieved 2023-11-27
  3. 3.0 3.1 Wayback Machine (PDF), archived from the original on 2016-06-17, retrieved 2023-11-27{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)