William Kwasi Sabi

Ɛfi Wikipedia
William Kwasi Sabi
Member of the Ghana Parliament
for Dormaa East Constituency
Ne ho asɛm
Awo bereAugust 23, 1966 (1966-08-23) (age 57)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

william Kwasi Sabi (wɔwoo no Ɔsanaa 23, 1966) yɛ Ghana amanyɔni ne Adehyeman a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni. Ɔgyina Dormaa Apueeɛ Mansin no ananmu a ɛwɔ Bono Ahafo Mantam no mu wɔ Ɔsono kokroko Ammanyɔkuo NPP tekiti so. [1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Sabi wɔ Ɔsanaa da a ɛtɔ so aduanu-mmeɛnsa, afe Apem, Ahankron ne Aduosia-Nsia mu. Ɔfiri Wamfie a ɛwɔ Bono mantam mu wɔ Ghana. Ɔwɔ Bachelor of Science abodin krataa wɔ Administration mu wɔ Ghana Legon Suapɔn no mu ne Master's wɔ Ɔmanfoɔ Akwahosan mu wɔ Cape Town Suapɔn mu.][2]

Adwuma[sesa]

Sabi hyɛɛ n’adwuma ase sɛ ayaresabea hwɛsofoɔ wɔ Catholic Health Service, Sunyani firi afe Apem Ahankron Aduɔkron-Nson (1997 )kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Mmeɛnsa 2003. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Catholic University College of Ghana firi afe 2005 kɔsi afe 2009. Wɔ afe 2008 mu no, ɔbɛyɛɛ adwumayɛ sohwɛfoɔ wɔ National Health Insurance Authority . Akyiri yi ɔyɛɛ adwuma sɛ adwumayɛ ho ɔfotufo wɔ MDF West Africa Limited.

Amanyɔsɛm[sesa]

Sabi sii akan wɔ Dormaa Apueeɛ mansini no mu wɔ Ɔsono kokroko Ammanyɔkuo NPP tekiti so wɔ afe 2012 amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɔnyaa mma no mu mpem du-mmeɛnsa, aha-nson ne du-mmienu (13,712 ) a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu mu ɔha nkyekyem aduonum-nsia ne akyiri pɔ Aduɔwɔtwe -non (56.87% )na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ a Ali Adjei Ibrahim, Felix Kumi Kwaku, Asante Oppong Alexander, ne Adoma Hayford ka ho no so nkonim. [3] Ɔyɛɛ Ɔsomfoɔ Abadiakyiri wɔ Ministry of Monitoring and Evaluation firi afe 2016 kɔsi afe 2020, na seesei, ɔyɛ Mfiridwuma ho Ɔfotufoɔ wɔ Monitoring and Evaluation Secretariat, Office of the President.[4]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Sabi yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ abɔfra baako.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  3. Parliamentary Results - Dormaa EastConstituency, retrieved 2023-10-02
  4. ghananewsagency.org, archived from the original on 2023-10-04, retrieved 2023-10-02