WƆN A WƆGYEE ƆMAN GHANA SII HƆ DA (FOUNDERS DAY)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wɔn a wɔgyee ɔman Ghana sii hɔ da (Founders' Day) yɛ ɔman no nnapɔnna bi a yɛyi asi hɔ a yɛde kae nnoɔma pa a nnipa atitire bi a wɔdii dwuma a ɛsom bo maa ɔman Ghana ne titire ne "Big Six"[1]a wɔko gyee ɔman Ghana mfahodie sii hɔ.[2] Kane no, na edin a wɔde frɛ saa day yi ( The Founders' day) ne "Founder's Day" a na atwerɛ"S" no ba ɔdedeɛ nsɛnkyerɛne '' '' no akyi a na asekyerɛ ne sɛ ɛyɛ da wɔde di nipa baako bi a ɔdii akotene wɔ Ghana mfahodie gye mu na ɔyɛ Dr. Kwame Nkrumah.[3] Kwame Nkrumah yɛ Ghana manpanini na ɔdi kan, na na ɔka nnipa yɛfrɛ wɔn "Big Six" no ho. Yɛwoo no Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako, nti na wɔdi kane ''Founder's Day'' Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako afe biara de kae n'adwuma den a ɔyɛeɛ wɔ Ghana mfahodie gyee mu berɛ a aborofo (British Colony)[4] no bɛdii nnɛ Ghana so no. Nnipa num a wɔka "Big Six'' no ho ne: Edward Akufo-Addo, Joseph Boakye Danquah, Emmanuel Obetsebi-Lamptey, William Ofori Atta, ne Ebenezer Ako-Adjei. Berɛ a nnɛ ɔman Ghana manpanini Akufo Addo bɛyɛɛ ɔmanpanini no, ɔhunuu no sɛ ɛwɔ sɛ yɛde anideɛ soronko bi nso ma nnipa num na wɔka ''Big Six'' no ho a wɔfaa ateetee mu ɛnam mfahodie a na wɔrepre ama ɔman Ghana no. Wɔsesaa Founder's Day no bɛyɛɛ no Founders' Day. Asekyerɛ ne sɛ abɛyɛ dodoɔ kabea a nnipa num no ka ho.[5]

Abakɔsɛm[sesa]

The Founders' Day ( deɛ na wɔtwerɛ no Founder's Day) yɛ nnapɔnna bi a yɛde no Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe baira mu wɔ Ghana de kae da a wowoo Ghana manpanini a odi kan,[6] Osagyefo Dr. Kwame Nkrumah ne adwuama den a nnipa akokodurufoɔ ''Big Six'' yɛɛyɛ de gyee mfahodie maa Ghana. Ɔmampanini Nana Addo Dankwa Akufo-Addo[7] bɛyɛɛ ɔmampanini no, ɔyɛɛ sɛ ɔde Big Six nnipa num no a aka no bɛka Founders' Day nnapɔnna die no ho, nti ɔda saa tirimupɔ yi adi wɔ mmarahyɛbadwafie[8]Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so nan(4) na ɛbɛyɛ saa dapɔnna yi da a wɔbɛ di no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ da wɔde di ankorɛankorɛ bi a wɔboa ma Ghana nyaa mfahodie da.[9] Ɔmampanini Nana Addo Dankwa Akufo-Addo san de too dwa sɛ Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako(21) no bɛyɛ da yɛde bɛkae Kwame Nkrumah awoda a yɛfrɛ no 'Kwame Nkrumah Memorial Day'.[10] Saa agyinatuo yi bɛtee ''Founders' Day'' a ɛyɛ da yɛde kae ''Big Six'' no firii Osagye Dr. Kwame Nkrumah's Memorial Day da no mu a ɛno nso yɛ da a yɛde kae Ghana mampanini a odi kan ne ɛko pa a ɔko de gyee mfahodie maa Ghana.

Ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunkron(2019) mu no, saa nnapɔnna yi nsesamu no baa mmara mu na Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so nan(4) bɛyɛɛ ''Founders' Day''[11] a ɛne da wɔde tee Ghana amanyɔkuo a adi kan - United Gold Coast Convention (UGCC) a wɔtee no wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson mu(1947) sɛ, sɛ yɛfa no bosome ne da mu a.[12][13] Founders' Day bɛyɛɛ da a yɛde kae ''Big Six'' a wɔdii Ghana anim wɔ yɛn mfahodie gye mu na Kwame Nkrumah Memorial Day[14] nso bɛyɛɛ da a yɛde kae Osagyefo Dr. Kwame Nkrumah awoda ne kuo a wɔgyee Ghana mfahodie mu sɛ wɔn panini.[15]

Da no so mfasoɔ[sesa]

Founder's Day yɛ da a Ghanafoɔ nya akwanya de dwene dwene atuhoakyɛ dwuma a yɛn mpanimfoɔ yɛɛyɛ ne ko a wɔko de gyee mfahodie maa ɔman Ghana.[16] Wɔ san so di dwuma ahodoɔ a ɛbɛhyɛ ɔman mma no nkuran ama wagye ɔman Ghana atum sɛ ɔman a wɔfiri mu.[17] Ɛsan so hyɛ ɔman mma nkuran sɛ wɔbɛyɛ adwuma den ama ɔman no atu mpɔn sɛdeɛ mpanimfoɔ a edii kan no yɛɛyɛ no.[18]

Dapɔnna no ntawantawa bi[sesa]

National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo ne Convention People's Party's (CPP) yɛɛ sɛ anka wɔnnye saa nnapɔnna yi nsesamu no ntum ɛfiri sɛ na wɔhunu no sɛ ɛnyɛ adea yɛde gyina hɔ kae abakɔsɛm bi na Akufo-Addo aban na wɔpɛ sɛ wɔsesa ɔman no abakɔsɛm twerɛ no foforɔ.

Deɛ NDC foɔ no kyerɛ ne sɛ, Akufo-Addo na ɔpɛ sɛ ɔma ne wɔfa JB Danquah a na ɔyɛ United Gold Coast Convention (UGCC)amanyɔkuo no mu panini anideɛ bi, na amanyɔkuo no yɛ amanyɔkuo a Kwame Nkrumah firii mu kɔtee CPP ɛnam so maa no dii nkunim wɔ abatoɔ wɔtoo yɛ no mu maa no bɛyɛɛ Aban nnwumakuo mu panini ne Ghana mampanini a odi kan.[19]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://serval.unil.ch/resource/serval:BIB_A3A1C1F5427B.P001/REF.pdf
  2. https://www.officeholidays.com/holidays/ghana/founders-day
  3. https://doi.org/10.1093%2Fww%2F9780199540884.013.u158013
  4. https://doi.org/10.1017%2Fs0376892900010729
  5. https://doi.org/10.4324%2F9781315213668-4
  6. https://publicholidays.africa/ghana/kwame-nkrumah-memorial-day/
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/ISBN_(identifier)
  8. https://dailyguidenetwork.com/283102-2/
  9. https://doi.org/10.1093%2Foso%2F9780190864798.003.0013
  10. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-renaming-of-Founder-s-Day-will-be-short-lived-CPP-582139
  11. http://citifmonline.com/2017/09/founders-day-to-be-aug-4-sept-21-to-honour-nkrumahs-memory/
  12. https://www.graphic.com.gh/news/politics/nkrumah-alone-did-not-compose-ghana-s-independence-prof-oquaye.html
  13. https://www.officeholidays.com/holidays/ghana/founders-day
  14. https://publicholidays.africa/ghana/kwame-nkrumah-memorial-day/
  15. https://doi.org/10.2307%2Fj.ctv125jqp2.65
  16. https://doi.org/10.1093%2Fww%2F9780199540884.013.u12734
  17. https://doi.org/10.1353%2Fghs.2015.0006
  18. https://doi.org/10.2307%2Fj.ctt32b306.18
  19. https://citinewsroom.com/2019/08/ndc-will-reverse-4th-august-founders-day-celebration-otukonor/